Exodus 11:1-10

  • Ɔkae sɛ ɔhaw a ɛto so du bɛba (1-10)

    • Ɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ wommisa akyɛde (2)

11  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Aka ɔhaw baako a mede bɛba Farao ne Egypt so. Ɛno akyi ɔbɛma moafi ha akɔ.+ Ɔma mo kwan sɛ monkɔ a, obepiapia mo atiko mpo.+  Afei ka kyerɛ nkurɔfo no sɛ mmarima ne mmea nyinaa, obiara mmisa nea ɔte bɛn no no hɔ nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ.”+  Yehowa maa nkurɔfo no nyaa Egyptfo anim dom. Afei nso, Farao nkoa ne nkurɔfo no nyaa obu kɛse paa maa Mose wɔ Egypt asaase so.  Ɛnna Mose kae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛba abɛfa Egypt anadwo dasum,+  na abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so bewu,+ efi Farao a ɔte agua so abakan so kosi afenaa a ɔreyam ade wɔ ɔbo* so abakan so, ne ayɛmmoa biara abakan.+  Egypt asaase so nyinaa nkurɔfo besu denneennen. Biribi a ɛte saa nsii da, na ebi nso rensi bio.+  Na Israelni anaa n’ayɛmmoa de, ɔkraman mpo rempow no, na Yehowa de bɛkyerɛ mo sɛ nsonsonoe da Egyptfo ne Israelfo ntam.’+  Wo nkoa nyinaa nso bɛba abɛbɔ wɔn mu ase wɔ m’anim aka sɛ, ‘Wo ne wo nkurɔfo nyinaa nkɔ.’+ Ɛba saa a, afei mɛkɔ.” Ɛnna ɔde abufuw fii Farao anim kɔe.  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao rentie mo,+ na ɛno bɛma mayɛ anwonwade pii wɔ Egypt asaase so.”+ 10  Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao kwan ma opirim ne koma, enti wamma Israelfo no amfi n’asaase so ankɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “owiyammo.”