Deuteronomium 33:1-29
33 Ansa na nokware Nyankopɔn nipa Mose rebewu no, eyi ne nsɛm a ɔka de hyiraa Israelfo no.+
2 Ɔkae sɛ:
“Yehowa fi Sinai bae,+Na ofi Seir hyerɛn wɔn so.
Ɔhyerɛn fii Paran mmepɔw so,+Ná ahotefo mpempem pii ka ne ho,+Na n’asafodɔm wɔ ne nsa nifa so.+
3 Ɔdɔɔ ne man;+Wɔn akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam.+
Wɔbɛtenatenaa wo nan ase;+Wobetiee w’asɛm.+
4 (Mose maa yɛn ahyɛde,Mmara a ɛyɛ Yakob asafo no agyapade.)+
5 Ɔbɛyɛɛ ɔhene wɔ Yesurun*+Bere a ɔman no mpanyimfo+Ne Israel mmusuakuw nyinaa+ hyiae no.
6 Ma Ruben ntena ase, mma n’ase nnhyew,+Na mma ne fi mmarima so nntew.”+
7 Na ohyiraa Yuda sɛ:+
“O Yehowa, tie Yuda+ adesrɛ,Na san fa no bra ne nkurɔfo mu.
Ɔde ne nsa abɔ n’agyapade ho ban;*Boa no ma onni n’atamfo so nkonim.”+
8 Nea ɔka faa Lewi ho ni:+
“Wo* Tumim ne wo Urim+ no yɛ nea odi wo nokware no dea;+Ɔno na wosɔɔ no hwɛe wɔ Masa no.+
Wo ne no dii asi wɔ Meriba nsu no ho.+
9 Ɔno na ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne maame sɛ, ‘Minnim mo.’
Ne nuanom mpo ɔpoo wɔn,+Na ne mma nso, wankogyina wɔn afã.
Odii w’asɛm so,Na okuraa w’apam mu.+
10 Ma wɔmfa w’atemmusɛm nkyerɛkyerɛ Yakob+Na wɔnkyerɛ Israel wo Mmara.+
Ma wɔnhyew aduhuam mmɔ afɔre huamhuam mma wo,*+Na wɔmmɔ ɔhyew afɔre wɔ w’afɔremuka so.+
11 O Yehowa, hyira no ma onnya ahoɔden,Na ma w’ani nnye ne nsa ano adwuma ho.
Wɔn a wɔsɔre tia no no, bubu wɔn nan mu,*Sɛnea ɛbɛyɛ a n’atamfo rensɔre bio.”
12 Nea ɔka faa Benyamin ho ni:+
“Ma nea Yehowa dɔ no no ntena ne nkyɛn dwoodwoo;Ɔmmɔ ne ho ban da mu nyinaa,Na ɔmfa no nsi akɔnkɔn.”
13 Nea ɔka faa Yosef ho ni:+
“Yehowa nhyira n’asaase,+Na ɔmma no nneɛma pa a efi soro,Obosu, ne nsu a efi fam.+
14 Ɔmma no nneɛma pa a owia ma enyin,Na ɔmma no nnɔbae papa a bosome biara obetwa.+
15 Ɔmma no tete mmepɔw* so nneɛma a eye,+Ne nkoko a etim hɔ daa so nneɛma pa.
16 Ɔmma no asaase so nneɛma pa ne nneɛma a ayɛ mu ma nyinaa bi,+Na onnya nea oyii ne ho adi wɔ nwura* a ɛredɛw mu no+ anim dom.
Eyi nyinaa mmra Yosef so;Ɛmmra nea wɔpaw no fii ne nuanom mu no so.+
17 N’anuonyam te sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan,Na ne mmɛn yɛ ɛkoɔ* mmɛn.
Ɛno na ɔde bepiapia* aman,Na wɔn nyinaa akogu asaase ano.
Ɛno ne Efraim mpempem+Ne Manase mpempem.”
18 Nea ɔka faa Sebulon ho ni:+
“O Sebulon, ma w’ani nnye w’akwantu mu,Isakar nso, ma w’ani nnye wɔ wo ntamadan mu.+
19 Wɔbɛfrɛ nnipa akɔ bepɔw so.
Ɛhɔ na wɔbɛbɔ trenee afɔre.
Na wɔbɛtwe* ɛpo mu agyapade bebreeNe anwea mu ademude* a ahintaw.”
20 Nea ɔka faa Gad ho ni:+
“Nhyira nka nea ɔbɛtrɛw Gad ahye mu.+
Ɔda hɔ te sɛ gyata,Na basa ne eti na ɔrebɛtew afi so.
21 Ɔbɛpaw nea edi kan,+Ɛhɔ ne ne kyɛfa a mmarahyɛfo de maa no.+
Na ɔman no mpanyimfo behyia.
Ɔbɛda Yehowa trenee adi,Ne n’atemmusɛm a ɛfa Israel ho.”
22 Nea ɔka faa Dan ho ni:+
“Dan yɛ gyata ba.+
Obehuruw afi Basan.”+
23 Nea ɔka faa Naftali ho ni:+
“Yehowa adom abu so ama Naftali,Na ne nhyira ayɛ no ma.
Fa atɔe fam ne anaafo fam asaase di so.”
24 Nea ɔka faa Aser ho ni:+
“Wɔde mma ahyira Aser.
Ma ne nuanom nnye no ntom,Na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.*
25 Dade ne kɔbere na ɛbrambram w’aponkɛse akyi,+Na wo nkwa nna nyinaa wobɛtena ase dwoodwoo.
26 Obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun+ Nyankopɔn* no;+Ɔno na ɔfa wim bɛboa wo,Na ɔnam omununkum mu wɔ n’anuonyam mu.+
27 Onyankopɔn ne wo guankɔbea fi tete;+N’abasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo mu.+
Ɔbɛpam w’atamfo afi w’anim,+Na ɔbɛka sɛ, ‘Sɛe wɔn!’+
28 Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,Na Yakob abura bɛtena hɔ kommWɔ asaase a hwiit* ne bobesa foforo wɔ so so.+Obosu befi soro asosɔ ama no.+
29 O Israel, ma w’ani nnye!+
Hena na ɔte sɛ wo?+Ɔman a wɔwɔ Yehowa nkwagye,+Ɔno ne wo kyɛm a ɔbɔ wo ho ban+Ne wo sekan kɛse.
Enti w’atamfo ho bɛpopo w’anim+Na wo de, wubetiatia wɔn so.”*
Ase Hɔ Nsɛm
^ Ɛkyerɛ, “Nea Ɔteɛ.” Ɛyɛ abodin a wɔde maa Israel.
^ Anaa “Ɔde ne nsa ako ama n’agyapade.”
^ Asɛmfua “Wo” a ɛwɔ nkyekyɛm yi mu no gyina hɔ ma Onyankopɔn.
^ Nt., “wɔ wo hwene mu.”
^ Anaa “wɔn dwonku.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “apuei fam mmepɔw.”
^ Anaa “nkyɛkyerɛ.”
^ Anaa “wuram nantwi.”
^ Anaa “bɛpempem.”
^ Anaa “wobenum.”
^ Anaa “akorade.”
^ Anaa “ɔmfa ngo nhohoro ne nan ho.”
^ Anaa “Yesurun nokware Nyankopɔn.”
^ Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
^ Ebetumi nso akyerɛ, “wubetiatia wɔn mmepɔw ne wɔn nkoko so.”