Yeremia 9:1-26
9 O sɛ me ti yɛ nsu a,Sɛ m’ani yɛ nisu abura* a,+
Anka mesu awia ne anadwo,Me manfo a wɔakunkum wɔn no nti.
2 Sɛ mewɔ akwantufo tenabea wɔ sare so a,
Anka megyaw me man hɔ na mafi wɔn nkyɛn akɔ,Efisɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo,+Nkontompofo fekuw.
3 Wokuntun wɔn tɛkrɛma mu te sɛ agyan;Nokwaredi ayera; atorodi nko ara na ɛwɔ asaase no so.+
“Wɔkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu,Na wɔmfa me nyɛ hwee,”+ Yehowa asɛm ni.
4 “Obiara nhwɛ ne ho yiye wɔ ne yɔnko ho,Na wo nua mpo, mfa wo ho nto no so.
Efisɛ onua biara yi ne nua ma,+Na ɔyɔnko biara sɛe ne yɔnko din.+
5 Obiara sisi ne yɔnko,Na obiara nka nokware.
Wɔakyerɛ wɔn tɛkrɛma atorodi.+
Wɔyɛ bɔne de hyɛ wɔn ho brɛ.
6 Nnaadaa mu na wote.
Nnaadaa nti, wɔmpɛ sɛ wohu me,” Yehowa asɛm ni.
7 Ɛno nti, nea asafo Yehowa aka ni:
“Mɛnan wɔn, na mahwehwɛ wɔn mu.+Sɛ manyɛ me man babea saa a, dɛn bio na mɛyɛ no?
8 Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a edi awu; nnaadaasɛm na ɛka.
Onipa de n’ano ka asomdwoe asɛm kyerɛ ne yɔnko,Nanso ne mu de, ɔtetɛw no.”
9 “Nea wɔayɛ yi, ɛnsɛ sɛ mitua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm ni.
“Ɔman a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ meyɛ* wɔn bi tua ka anaa?+
10 Mesu mmepɔw no na mabɔ bena,Na mmoa adidibea a ɛbɛdan sare so nti, mɛto awerɛhow dwom,*Efisɛ wɔahyew ne nyinaa, na onipa biara ntwam wɔ hɔ,Na wɔnte nyɛmmoa nne wɔ hɔ.
Ewim nnomaa ne mmoa aguan; wɔn nyinaa kɔ.+
11 Mɛma Yerusalem adan abo asum hɔ,+ baabi a sakraman bɛtena,+Na mɛma Yuda nkurow adan amamfo a obiara nte mu.+
12 Hena na ɔyɛ onyansafo a ɔbɛte eyi ase?
Hena na Yehowa akasa akyerɛ no a ɔno nso de bɛto gua?
Adɛn nti na asaase no asɛe?
Adɛn nti na ahyew sɛ sare,A enti obiara mfa so bio yi?”
13 Yehowa yii ano sɛ: “Efisɛ me mmara* a mede maa wɔn no,* wɔtow kyenee baabi; wɔanni so, na wɔantie m’asɛm.
14 Mmom wɔyɛɛ asoɔden dii wɔn ankasa koma akyi,+ na wokodii Baal abosom akyi sɛnea wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.+
15 Ɛno nti, nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, mɛma ɔman yi adi awɔnwene, na mama wɔanom nsu a awuduru wom.+
16 Mɛbɔ wɔn ahwete aman a wɔne wɔn agyanom nyinaa nnim so no so,+ na mɛma sekan adi wɔn akyi akosi sɛ mekunkum wɔn nyinaa.’+
17 Nea asafo Yehowa aka ni,‘Munnwen nea ɛrekɔ so no ho.
Momfrɛfrɛ mmea a wotumi to awerɛhow nnwom* mmra,+Na monsoma nkɔfrɛ mmea a wonim su yiye mmra,
18 Na wɔnyɛ ntɛm mmesu mmɔ bena mma yɛn,Na nisu ntene mfa yɛn ani ase waawaa,Na nsu nsɔn mfi yɛn anisuatɛtɛw so.+
19 Na wɔte benabɔ wɔ Sion sɛ:+
“Hwɛ sɛnea wɔayɛ yɛn pasaa!
Hwɛ sɛnea yɛn anim agu ase pɔtɔɔ!
Efisɛ yɛagyaw asaase no hɔ, na wɔadwiriw yɛn afi agu.”+
20 Mmea, muntie Yehowa asɛm.
Momma n’anom asɛm nkɔ mo asom.
Monkyerɛ mo mma mmea benabɔ yi,Na obiara nkyerɛ ne yɔnko awerɛhow dwom* yi.+
21 Efisɛ owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu aba;Abɔ awura yɛn abankɛse muSɛ ɛrebɛsesaw yɛn mma afi mmorɔn so akɔ,Na afa yɛn mmerante afi mmɔnten so akɔ.’+
22 Ka sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni:
“Nnipa afunu begugu hɔ sɛ sumina* wɔ asaase ani,Ɛbɛyɛ sɛ hwiit* a atwafo atwa agu hɔ foforoA obiara nni hɔ a ɔbɛboaboa ano.”’”+
23 Nea Yehowa aka ni:
“Mma onyansafo mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho;+Mma ɔhoɔdenfo mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho;Na mma osikani mmfa n’ahonyade nnhoahoa ne ho.”+
24 “Mmom nea ɔhoahoa ne ho no, ɔmfa eyi nhoahoa ne ho:
Sɛ ɔwɔ me ho nhumu ne nimdeɛ,+Sɛ mene Yehowa, Nea ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asaase so no,+Efisɛ eyinom na m’ani gye ho,”+ Yehowa asɛm ni.
25 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na obiara a watwa twetia* nanso ontwaa twetia no, mebu no atɛn;+
26 Egyptfo+ ne Yudafo+ ne Edomfo+ ne Ammonfo+ ne Moabfo+ ne obiara a ɔte sare so+ a watwitwa n’asontɔrem nwi no, mebu wɔn nyinaa atɛn, efisɛ amanaman no nyinaa ntwaa twetia, na Israel fi nyinaa nso ntwaa wɔn koma twetia.”+

