Genesis 36:1-43

  • Esau asefo (1-30)

  • Edom ahemfo ne abusua mpanyimfo (31-43)

36  Esau anaa Edom+ ho nsɛm ni. 2  Esau waree Kaananfo mmea: Hitini Elon+ ba Ada;+ ne Anah ba Oholibama+ a ɔyɛ Hiwini Sibeon banana; 3  ne Ismael ba Basemat+ a ɔyɛ Nebaiot nuabea.+ 4  Na Esau ne Ada woo Elifas, na ɔne Basemat nso woo Reuel, 5  ɛnna ɔne Oholibama woo Yeus, Yalam, ne Kora.+ Eyinom ne mma mmarima a Esau woo wɔn wɔ Kaanan asaase so. 6  Afei Esau faa ne yerenom ne ne mma mmarima, ne mma mmea, nnipa* a wɔwɔ ne fi nyinaa, ne n’anantwi ne mmoa foforo, ne agyapade a wanya+ wɔ Kaanan nyinaa, na ofii ne nua Yakob nkyɛn kɔɔ asaase foforo so.+ 7  Nea ɛwom ne sɛ, na wɔn agyapade dɔɔso dodo sɛ wobetumi atena faako, na na asaase a wɔte so* no sua ma wɔn mmoa. 8  Enti Esau kɔtenaa Seir mmepɔw mu.+ Esau, ɔno ara ne Edom.+ 9  Edomfo a wɔtenaa Seir+ mmepɔw mu no, wɔn agya Esau ho nsɛm ni. 10  Esau mma mmarima no din ni: Esau yere Ada ba Elifas, ne ne yere Basemat ba Reuel.+ 11  Elifas mma ne Teman,+ Omar, Sefo, Gatam, ne Kenas.+ 12  Esau ba Elifas faa Timna sɛ ne mpena,* na akyiri yi Elifas ne no woo Amalek.+ Eyinom ne Esau yere Ada mma. 13  Reuel mma ni: Nahat, Sera, Samma, ne Misa. Eyinom ne Esau yere Basemat+ mma. 14  Esau yere Oholibama a ne papa de Anah, a ne banana de Sibeon no mma a ɔne Esau woe ni: Yeus, Yalam, ne Kora. 15  Eyinom ne Esau asefo a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo:+ Esau ba panyin Elifas mma ni: Abusuapanyin Teman, Abusuapanyin Omar, Abusuapanyin Sefo, Abusuapanyin Kenas,+ 16  Abusuapanyin Kora, Abusuapanyin Gatam, ne Abusuapanyin Amalek. Eyinom ne Elifas mma+ a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom asaase so. Eyinom nyinaa yɛ Ada mma. 17  Esau ba Reuel mma ni: Abusuapanyin Nahat, Abusuapanyin Sera, Abusuapanyin Samma, Abusuapanyin Misa. Eyinom ne Reuel mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom+ asaase so. Eyinom nyinaa yɛ Esau yere Basemat mma. 18  Esau yere Oholibama mma ni: Abusuapanyin Yeus, Abusuapanyin Yalam, ne Abusuapanyin Kora. Eyinom ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Anah ba no mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo. 19  Eyinom ne Esau mma ne abusua mpanyimfo. Ɔno ara ne Edom.+ 20  Horini Seir mma a wɔyɛ asaase no sofo ni:+ Lotan, Sobal, Sibeon, Anah,+ 21  Dison, Eser, ne Disan.+ Eyinom ne Horini Seir mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom. 22  Lotan mma ne Hori ne Hemam, na Lotan nuabea ne Timna.+ 23  Sobal mma ni: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo, ne Onam. 24  Sibeon+ mma ni: Aiya ne Anah. Anah yi na bere a ɔrehwɛ ne papa Sibeon mfurum no, ohuu nsuti a epuw nsuɔhyew wɔ sare so no. 25  Anah mma ni: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Anah babea. 26  Dison mma ni: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.+ 27  Eser mma ni: Bilhan, Saawan, ne Akan. 28  Disan mma ni: Us ne Aran.+ 29  Horifo abusua mpanyimfo ni: Abusuapanyin Lotan, Abusuapanyin Sobal, Abusuapanyin Sibeon, Abusuapanyin Anah, 30  Abusuapanyin Dison, Abusuapanyin Eser, ne Abusuapanyin Disan.+ Eyinom ne Horifo abusua mpanyimfo a na wɔwɔ Seir asaase so. 31  Ahemfo a wodii Edom+ asaase so ansa na Israelfo* rebenya ɔhene adi wɔn so ni:+ 32  Beor ba Bela bedii hene wɔ Edom, na na ne kurow din de Dinhaba. 33  Bela wui no, Sera a ofi Bosra ba Yobab bedii n’ade. 34  Bere a Yobab wui no, Husam a ofi Temanfo asaase so bedii n’ade. 35  Husam wui no, Bedad ba Hadad a odii Midianfo+ so nkonim wɔ Moab asaase so no bedii n’ade, na na ne kurow din de Awit. 36  Hadad wui no, Samla a ofi Masreka bedii n’ade. 37  Bere a Samla wui no, Saul a ofi Rehobot a ɛwɔ Asubɔnten no ho no bedii n’ade. 38  Saul wui no, Akbor ba Baal-Hanan bedii n’ade. 39  Bere a Akbor ba Baal-Hanan wui no, Hadar bedii n’ade; ná ne kurow din de Pau. Ná ne yere de Mehetabel, na Mesahab ba Matred na ɔwoo no. 40  Enti eyinom ne Esau asefo a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo no din, wɔn mmusua, ne wɔn nkurow: Abusuapanyin Timna, Abusuapanyin Alwa, Abusuapanyin Yetet,+ 41  Abusuapanyin Oholibama, Abusuapanyin Ela, Abusuapanyin Pinon, 42  Abusuapanyin Kenas, Abusuapanyin Teman, Abusuapanyin Mibsar, 43  Abusuapanyin Magdiel, ne Abusuapanyin Iram. Eyinom ne Edom abusua mpanyimfo, wɔn nkurow, ne wɔn nsaase.+ Edomfo agya Esau+ ho nsɛm ni.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “akra.”
Anaa “wɔabɛsoɛ so.”
Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “Israel mma.”