Genesis 32:1-32

  • Abɔfo behyiaa Yakob (1, 2)

  • Yakob yɛɛ ahoboa sɛ ɔrekohyia Esau (3-23)

  • Yakob ne ɔbɔfo tentamee (224-32)

    • Wɔsesaa Yakob din frɛɛ no Israel (28)

32  Afei Yakob toaa n’akwantu so, na Onyankopɔn abɔfo behyiaa no.  Yakob huu wɔn ara na ɔkae sɛ: “Onyankopɔn asoɛe ni!” Enti ɔtoo hɔ din Mahanaim.*  Ɛnna Yakob somaa nkurɔfo dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir+ asaase so wɔ Edom+ mpɔtam,*  na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘W’akoa Yakob se: “Makɔtena* Laban nkyɛn bere tenten ni.+  Na manya anantwi, mfurum, ne nguan, ne nkoa ne mfenaa,+ na mede nkra yi asoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura na manya w’anim dom.”’”  Akyiri yi, nnipa a Yakob somaa wɔn no san bae bɛkae sɛ: “Yɛkɔtoo wo nua Esau, na ɔnam kwan so ne mmarima 400 rebehyia wo.”+  Na Yakob bɔɔ hu paa, na ne ho yeraw no.+ Enti nnipa a wɔka ne ho no ne nguan, anantwi, ne yoma no, ɔkyɛɛ wɔn mu yɛɛ wɔn akuw abien.  Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Sɛ Esau bɛtow hyɛ kuw baako so a, kuw a aka no betumi aguan.”  Afei Yakob kae sɛ: “O m’agya Abraham ne m’agya Isak Nyankopɔn, Yehowa, wo na woka kyerɛɛ me sɛ, ‘San kɔ w’asaase so, w’abusuafo nkyɛn, na mɛhwɛ wo so.’+ 10  Wo dɔ a enni huammɔ ne wo nokwaredi a woada no adi akyerɛ me no+ nyinaa mfata me, efisɛ bere a meretwa Yordan no, me poma pɛ na na ekura me, nanso seesei mabɛyɛ akuw abien.+ 11  Mesrɛ wo, gye me+ fi me nua Esau nsam, efisɛ misuro sɛ ɔbɛba abɛtow ahyɛ me ne mmea ne mmofra yi so.+ 12  Wo ara nso na wokae sɛ, ‘Ɔkwan biara so medi w’akyi, na mɛma w’asefo* adɔɔso te sɛ mpoano anwea a obiara ntumi nkan.’”+ 13  Na ɔdaa hɔ anadwo no. Afei oyii n’agyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde rekɔma ne nua Esau:+ 14  mpɔnkyebere 200, mpapo 20, nguammere 200, adwennini 20, 15  yoma 30 ne wɔn mma a wontwaa nufu, anantwibere 40, anantwinini 10, mfurum abere 20 ne mfurum anini 10.+ 16  Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw de hyɛɛ ne nkoa no nsa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munni m’anim nkɔ, na munnyaw kwan nto kuw biara ne nea edi hɔ ntam.” 17  Ɔka kyerɛɛ nea odi kan no sɛ: “Ebia na me nua Esau ahyia wo abisa wo sɛ, ‘Hena akoa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na nea edi w’anim yi nso, hena de?’ 18  Ɛba saa a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoa Yakob dea. Ɛyɛ akyɛde a ɔde asoma sɛ yɛmfa mmrɛ me wura Esau,+ na ɔno ankasa di akyi reba.’” 19  Nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa ne wɔn a wodi mmoa no akyi nyinaa nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ muhyia Esau a, asɛm yi ara na monka nkyerɛ no. 20  Na monsan nka nkyerɛ no sɛ, ‘W’akoa Yakob wɔ yɛn akyi.’” Asɛm a ɔkae wɔ ne tirim ne sɛ: ‘Mede akyɛde yi di m’anim kɔ a,+ ansa na medu n’anim no na ne bo adwo. Ebia ɔbɛtew n’anim ama me.’ 21  Enti ɔmaa akyɛde no dii n’anim kɔe, nanso ɔno de, anadwo no ɔdaa baabi a wɔsoɛe no. 22  Saa anadwo no ara, ɔfaa ne yerenom baanu no+ ne ne mmaawa baanu no+ ne ne mma 11 no kotwaa Yabok+ asu no.* 23  Ɔde wɔn twaa asu* no, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa nso twae. 24  Akyiri yi ɛkaa Yakob nkutoo, na ɔbarima bi ne no bɛtentamee kosii ahemanakye.+ 25  Bere a ɔbarima no ne Yakob tentamee a ohui sɛ wantumi anni no so no, ɔde ne nsa kaa Yakob dwonku ma ehuanee.+ 26  Afei ɔkae sɛ: “Ade rekye, ma menkɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Woanhyira me a, meremma wonkɔ.”+ 27  Enti obisaa no sɛ: “Wɔfrɛ wo dɛn?” na ɔkae sɛ: “Yakob.” 28  Ɛnna ɔkae sɛ: “Wɔremfrɛ wo Yakob bio; mmom wɔbɛfrɛ wo Israel,*+ efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa apere so,+ na woatumi agyina.” 29  Yakob nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo bɔ wo din kyerɛ me.” Nanso obisaa no sɛ: “Adɛn nti na worebisa me me din?”+ Ɛnna ohyiraa no wɔ hɔ. 30  Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,*+ efisɛ sɛnea ɔkae no, “Mahu Onyankopɔn anim ne anim, nanso manya me ti adidi mu.”*+ 31  Ofii Penuel* no, ankyɛ koraa na owia puei, na ne dwonku no nti, na ɔtɔ gu ne nan so.+ 32  Eyi nti na besi nnɛ nyinaa, Israelfo nwe srɛ mu ntini a eso dwonku mu no, efisɛ ɔbarima no de ne nsa kaa Yakob srɛ mu ntini a eso ne dwonku mu no.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ, “Asoɛe Abien.”
Nt., “asaase so.”
Anaa “Makɔyɛ ɔhɔho wɔ.”
Nt., “w’aba.”
Anaa “kɔfaa baabi a wɔfa twa Yabok asu no twae.”
Anaa “subon.”
Ɛkyerɛ, “Nea Ɔne Onyankopɔn Apere So” anaa “Onyankopɔn Ne Obi Apere So.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Anim.”
Anaa “me kra anya nkwa.”
Anaa “Peniel.”