Nnwom 69:1-36

  • Ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ ogye

    • “Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me” (9)

    • “Yɛ ntɛm gye me so” (17)

    • “Wɔmaa me nsã a emu kaw sɛ mennom” (21)

Wɔde ma dwom kyerɛfo; ɔkwan a wɔfa so to no: “Sukooko.” Dawid dwom. 69  O Onyankopɔn, gye me, na nsu reyɛ afa me.*+   Matɔ aforɔ* mu, na minnya baabi nnyina.+ Masi nsu a emu dɔ mu,Na asubɔnten a ano yɛ den de me rekɔ.+   Mateɛteɛm ara abrɛ;+Me nne afã. Mahwɛ me Nyankopɔn kwan ara abrɛ.*+   Wɔn a wɔtan me kwa no,+Wɔdɔɔso sen me ti so nwi mpo. Wɔn a wonya me a wobeyi me afi hɔNe wɔn a wokyi me kɔkɔkɔkɔ no* adɔɔso. Ade a minwiae mpo, wɔayɛ ara agye wɔ me hɔ.   O Onyankopɔn, nkwaseasɛm a madi nyinaa wunim,Na me bɔne nso, w’ani tua.   O Awurade Tumfo, asafo Yehowa,Wɔn a wɔn ani da wo so no, mma me nti wɔn ani nnwu. O Israel Nyankopɔn,Wɔn a wɔhwehwɛ wo no, mma me nti wɔn anim nngu ase.   Wo nti animguase aba me so,+Na aniwu adura m’anim.+   Madan ɔnanani ama me nuanom,Ne ɔhɔho ama me maame mma.+   Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me,+Na wɔn a wogu w’anim ase no, wɔn animguase aba me so.+ 10  Bere a meyɛɛ akɔnkyen* brɛɛ me ho* ase* no,Nkurɔfo buu me animtiaa. 11  Bere a mede awerɛhow ntama* yɛɛ m’ataade no,Nkurɔfo tweetwee me.* 12  Sɛ nkurɔfo tena kurow pon ano a, me ho asɛm ara na wɔka,Akɔwensafo twa me ho nnwom. 13  Nanso Yehowa, ma me mpaebɔ nnu w’asomWɔ bere a ɛsɛ mu.+ O Onyankopɔn, wo dɔ bebrebe a enni huammɔ nti,Fa wo nkwagye nnwuma a enni huammɔ no ma me mmuae.+ 14  Yi me fi atɛkyɛ mu;Mma memmmem. Gye me fi wɔn a wɔtan me nsamNe nsu a emu dɔ mu.+ 15  Mma asubɔnten a ebu fa so no mmfa me nnkɔ,+Mma nsu a emu dɔ mmfa me,Na mma menntɔ abura* mu.+ 16  O Yehowa, gye me so, na wo dɔ a enni huammɔ no ye.+ Wo mmɔborɔhunu bebrebe nti twa w’ani bɛhwɛ me,+ 17  Na mfa w’anim nhintaw w’akoa.+ Madi amia, enti yɛ ntɛm gye me so.+ 18  Twiw bɛn me na begye me;*Gye me fi m’atamfo nsam. 19  Wunim animtiaabu, aniwu, ne animguase a merefa mu.+ W’ani tua m’atamfo nyinaa. 20  Animguase ama me koma abubu, na ayɛ kuru a enni sabea.* Ná m’ani da so sɛ m’asɛm bɛyɛ obi mmɔbɔ, nanso mannya obiara;+Mehwehwɛɛ awerɛkyekyefo, nanso mannya bi.+ 21  Wɔbɛma me aduan no, awuduru na wɔde maa me;+Osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã a emu kaw sɛ mennom.+ 22  Ma wɔn adidipon nyɛ afiri mma wɔn,Na ma wɔn ahonya nso nyɛ afiri.+ 23  Ma wɔn ani so nyɛ tumm, na wɔanhu ade,Na ma wɔn sisi nhodwow daa. 24  Hwie w’abufuw gu wɔn so,Na ma w’abufuhyew ntoa wɔn.+ 25  Ma wɔn tenabea* nna mpan;Mma obiara nntena wɔn ntamadan mu.+ 26  Nea wobɔɔ no no, ɔno na wɔtaa no so,Na wɔn a wupiraa wɔn no yawdi na daa wɔka ho asɛm. 27  Wɔn afodi no, fa bi ka ho soa wɔn;Mma wonnya wo trenee mu kyɛfa. 28  Ma wɔmpopa wɔn din mfi ateasefo nhoma* mu;+Mma wɔnnkyerɛw wɔn din nnka atreneefo ho.+ 29  Seesei de, merehu amane na meredi yaw.+ O Onyankopɔn, ma wo nkwagye mmɔ me ho ban. 30  Mede nnwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ,Na mede aseda bɛkamfo no. 31  Eyi bɛsɔ Yehowa ani asen nantwi,Nantwinini a ɔwɔ mmɛn na ne nan mu apae.+ 32  Ahobrɛasefo behu, na wɔadi ahurusi. Mo a mohwehwɛ Onyankopɔn, monhyɛ mo ho den.* 33  Yehowa tie ahiafo,+Na ɔremmu ɔno ara ne nkurɔfo a wɔakodi obi man so no animtiaa da.+ 34  Momma ɔsoro ne asaase nyi no ayɛ;+Ɛpo ne nea ɛwom nyinaa nyi no ayɛ. 35  Efisɛ Onyankopɔn begye Sion+Na wasan akyekye Yuda nkurow;Ɛhɔ* na wɔbɛtena na ayɛ wɔn dea. 36  Ne nkoa asefo na ɛbɛyɛ wɔn dea,+Na wɔn a wɔdɔ ne din+ na wɔbɛtena hɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “me kra.”
Anaa “Mamem atɛkyɛ mu.”
Anaa “m’aniwa ayɛ siamoo.”
Anaa “wɔn a wɔtan me kwa.”
Anaa “midii mmuada.”
Anaa “brɛɛ me kra.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Bere a misui na midii mmuada.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “de me yɛɛ akasabebu.”
Anaa “amoa.”
Anaa “me kra.”
Anaa “na m’abam abu.”
Anaa “tenabea a wɔagye ho ban no.”
Anaa “nkwa nhoma.”
Anaa “monhyɛ mo koma den.”
Kyerɛ sɛ, asaase no so.