Nnwom 18:1-50
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Yehowa akoa Dawid dwom; ɛda a Yehowa gyee no fii Saul ne n’atamfo nyinaa nsam no, saa da no na ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa. Ɔkae sɛ:+
18 O Yehowa, wone m’ahoɔden,+ na medɔ wo.
2 Yehowa ne me botan, m’abannennen, ne me Gyefo.+
Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno ne me guankɔbea,Me kyɛm ne me nkwagye* abɛn,* me hintabea.*+
3 Yehowa fata ayeyi paa, na ɔno na misu frɛ no;Obegye me afi m’atamfo nsam.+
4 Owu nhama bɛkyekyeree me;+Ahuhufo a wɔte sɛ nsuyiri hunahunaa me.+
5 Ɔdamoa* nhama twaa me ho hyiae;Owu sum mfiri wɔ m’anim.+
6 Misu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu;Misu frɛɛ me Nyankopɔn daa.
Ɔtee me nne wɔ n’asɔrefi hɔ,+Na me sufrɛ no duu n’asom.+
7 Ɛnna asaase hinhimii, na ɛwosowee;+Mmepɔw fapem wosowee,Na n’abufuw nti, ɛwosowee biribiri.+
8 Wusiw fi ne hwene mu pueiNa ogya a ɛhyew ade fi n’anom bae;+Nnyansramma fi ne mu dɛwee.
9 Ɔmaa ɔsoro kuntunii, na osianee.+Ná omununkum kusuu wɔ ne nan ase.+
10 Ɔtenaa kerubim so tu bae.+
Ɔtenaa ɔbɔfo ntaban* so tow hoo baa fam.+
11 Afei ɔde esum twaa ne ho hyiae;+Ɔde osu a amuna tumm ne omununkum kusuu+Kataa no so te sɛ apata.
12 Hann a efi n’anim nti,Asukɔtweaa ne nnyansramma fi omununkum mu bae.
13 Ɛnna Yehowa fi ɔsoro boboom;+Ɔsorosoroni no maa ne nne so,+Na asukɔtweaa ne nnyansramma nso bae.
14 Ɔtotow n’agyan, na ɛbɔɔ wɔn hwetee;+Ɔmaa n’anyinam pae guu wɔn so, na wɔn ani so tan wɔn.+
15 Nsu ase daa adi;+O Yehowa, asaase fapem yii ne ho adi,W’animka ne wo hwene mu home* nti.+
16 Ɔteɛɛ ne nsa fii soro;Osoo me mu yii me fii nsu a emu dɔ mu.+
17 Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam,+Wɔn a wokyi me na wɔn ho yɛ den sen me no.+
18 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da,+Nanso Yehowa twitwa gyee me.
19 Ɔde me kɔɔ baabi a bɔne biara renka me;*Ɔpɛ m’asɛm nti, ogyee me.+
20 Me trenee nti, Yehowa tua me ka;+Me ho a enni asɛm* nti, ɔma me akatua.+
21 Mafa Yehowa akwan so,Na minnyaw me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne.
22 N’atemmusɛm nyinaa wɔ m’anim;N’ahyɛde nso, meremmu no animtiaa.
23 Meremma asɛm mma me ho wɔ n’anim,+Na mɛtwe me ho afi bɔne ho.+
24 Me trenee ne me ho a enni asɛm nti,+Ma Yehowa mma me akatua.+
25 Nea ɔyɛ ɔnokwafo no, wo nso wubedi no nokware;+Ɔbarima a ne ho nni asɛm no, wobɛma wahu sɛ wo ho nni asɛm;+
26 Nea ɔyɛ kronkron no, wo nso wobɛyɛ kronkron ama no,+Na nea ɔyɛ ɔdaadaafo no, wobɛkyerɛ no sɛ w’ani atew kyɛn no.+
27 Wutwitwa gye mmɔborɔwafo;+Na ahantanfo* de, wobrɛ wɔn ase.+
28 O Yehowa, wo na woma me kanea hyerɛn;Me Nyankopɔn, wo na woma esum dan hann ma me.+
29 Woboa me ma metow hyɛ akorɔmfo-werɛmfo dɔm so;+Onyankopɔn tumi nti, mitumi foro ɔfasu.+
30 Nokware Nyankopɔn no kwan di mu;+Yehowa asɛm nso, wɔasɔn so.+
Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn guankɔbea nyinaa.+
31 Hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka Yehowa ho?+
Na hena na ɔyɛ ɔbotan ka yɛn Nyankopɔn ho?+
32 Nokware Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden kata me ho,+Na ɔbɛma me kwan adi mu.+
33 Ɔma me nan yɛ sɛ ɔwansan de,Na ɔma migyina sorosoro.+
34 Ɔkyerɛ me nsa akodi;Me basa tumi kuntun kɔbere agyan mu.
35 Wode wo nkwagye kyɛm ma me,+Wo nsa nifa na ekura me mu,*Na w’ahobrɛase ma meyɛ kɛse.+
36 Wotrɛw m’anammɔn kwan mu;Me nan* renwatiriw.+
37 Metiw m’atamfo akɔto wɔn;Merensan kosi sɛ mɛtɔre wɔn ase.
38 Mebubu wɔn na wɔrentumi nsɔre bio;+Wɔbɛhwe ase me nan ase.
39 Wobɛma me ahoɔden a mede bedi ako;Wobɛma m’atamfo ahwe ase me nan ase.+
40 Wobɛma m’atamfo adan wɔn ho aguan,*Na wɔn a wokyi me no, mɛsɛe wɔn.*+
41 Wosu hwehwɛ mmoa, nanso ogyefo biara nni hɔ;Wosu frɛ Yehowa mpo, nanso ommua wɔn.
42 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ mfuturu a ɛnam mframa mu;Mɛtow wɔn agu sɛ abɔnten so atɛkyɛ.
43 Ɔman a wɔkasa tia me no, wubegye me afi wɔn nsam.+
Wobɛma madi amanaman so.+
Ɔman a minnim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+
44 Atesɛm kɛkɛ bɛma wɔayɛ aso ama me;Ahɔho bɛbrɛ wɔn ho ase ama me.+
45 Ahɔho bɛpa abaw;*Wɔde ahopopo befi wɔn hintabea apue.
46 Yehowa te ase! Ayeyi nka me Botan no!+
Me nkwagye Nyankopɔn no, ma yɛnkamfo no.+
47 Nokware Nyankopɔn no na otua m’atamfo so ka ma me;+Ɔka aman gu me nan ase.
48 Ogye me fi m’atamfo a wɔn bo afuw nsam;Woma me so, na wɔn a wɔtow hyɛ me so no annya me;+Wugye me fi owudifo nsam.
49 O Yehowa, ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu,+Na mɛto ayeyi nnwom* ama wo din.+
50 Nkwagye nnwuma akɛse na ɔyɛ* ma ne hene,+Ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ nea wasra no no,+Dawid ne n’aseni* daa.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “me gyefo a ne ho yɛ den.”
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “m’abantenten.”
^ Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “mframa ntaban.”
^ Anaa “mframa a efi wo hwene mu.”
^ Anaa “baabi a ɛhɔ trɛw.”
^ Nt., “me nsa a ɛho tew.”
^ Nt., “ahantan aniwa.”
^ Anaa “ɛwowaw me.”
^ Anaa “Me nankɔn.”
^ Anaa “Wobɛma m’atamfo adan wɔn akyi ama me.”
^ Nt., “mɛma wɔaka wɔn ano atom.”
^ Anaa “bekisa.”
^ Anaa “mɛbɔ nnwom.”
^ Anaa “Nkonim akɛse na odi.”
^ Nt., “n’aba.”

