Nnwom 68:1-35

  • ‘Ma Onyankopɔn atamfo mmɔ nhwete’

    • “Nnyanka agya” (5)

    • Onyankopɔn ma nea onni boafo nya ofi tena mu (6)

    • Mmea a wɔka asɛmpa no dɔɔso (11)

    • Wode nnipa kɔyɛɛ akyɛde (18)

    • ‘Yehowa soa yɛn adesoa ma yɛn da biara’ (19)

Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom. Ayeyi dwom. 68  Ma Onyankopɔn nsɔre, ma n’atamfo mmɔ nhwete,Na ma wɔn a wokyi no no nguan mfi n’anim.+   Sɛnea mframa bɔ wusiw kɔ no, pam wɔn saa ara;Sɛnea ogya nan ɛwokyɛm no,Ma nnebɔneyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim saa ara.+   Atreneefo de, ma wonni ahurusi,+Ma wɔn ho nsɛpɛw wɔn Onyankopɔn anim,Na wɔmfa anigye mmɔ ose.   Monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayeyi nnwom* mma ne din;+ Monto dwom mma nea ɔnam asaase pradadaa so* no. Ne din ne Yah!*+ Munni ahurusi wɔ n’anim.   Onyankopɔn a ɔte ne kronkronbea no,+Ɔno ne nnyanka agya ne akunafo kamafo.*+   Onyankopɔn ma nea onni boafo nya ofi tena mu;+Wɔn a wɔda afiase mpo, ɔma wonya wɔn ho tetew, na esi wɔn yiye.+ Wɔn a wɔasen wɔn kɔn* de, asaase wosee so na wɔbɛtena.+   O Onyankopɔn, bere a wudii wo man anim no,+Bere a wode wɔn faa sare so no, (Sela)   Asaase wosowee;+Onyankopɔn nti, osu tɔ* fii soro;Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn nti, Sinai yi wosowee.+   O Onyankopɔn, wotɔɔ osu pii;Bere a wo man* brɛe no, womaa wɔn ahoɔden foforo. 10  Wɔtenatenaa ntamadan mu;+O Onyankopɔn, wo papayɛ nti womaa ohiani nyaa nea ohia. 11  Yehowa na ɔde ahyɛde ma ne nkurɔfo;Mmea a wɔka asɛmpa no yɛ dɔm kɛse.+ 12  Ahemfo a wɔda asafodɔm ano de, guan+ ara na wobeguan. Ɔbea a ɔte fie mpo, wɔde nneɛma fi ɔko mu ba a, onya bi.+ 13  Ɛwom sɛ na moda abɔnten reto ogya* de,Nanso aburuburuw a dwetɛ dura ne ntaban ho,Na sika kɔkɔɔ amapa dura ne ntakra ho na mode bɛba. 14  Bere a ade nyinaa so Tumfo no bɔɔ asaase no so ahemfo hwetee no,+Sukyerɛmma tɔe wɔ Salmon.* 15  Basan+ bepɔw yɛ Onyankopɔn bepɔw;*Basan bepɔw yɛ bepɔw a nkoko dɔɔso wɔ so. 16  O mmepɔw atenten, adɛn nti na mo ani bereBepɔw a Onyankopɔn apaw de ayɛ* ne tenabea+ no? Yehowa de, ɛhɔ na ɔbɛtena daa.+ 17  Ɔko nteaseɛnam a Onyankopɔn wɔ no yɛ ɔpedu ne mpempem huhaa.+ Yehowa fi Sinai aba kronkronbea hɔ.+ 18  Woforo kɔɔ soro;+Wode nkoa kɔe;Wode nnipa kɔyɛɛ akyɛde;+O Yah Nyankopɔn, asoɔdenfo+ mpo ka ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtena wɔn mu. 19  Yehowa a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn da biara+ no, ɔno na ayeyi nka no.Ɔno ne yɛn nkwagye Nyankopɔn ankasa. (Sela) 20  Nokware Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn;+Awurade Tumfo Yehowa na ogye onipa fi owu mu.+ 21  Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam n’atamfo ti pasaa;Obiara a ɔbɛtena ne bɔne* mu no, ɔbɛbɔ ne tikora.+ 22  Yehowa aka sɛ: “Basan na mede wɔn befi aba;+Mede wɔn befi ɛpo bun mu aba, 23  Na ama mogya afɔw wo nan ho,+Na wo nkraman tɛkrɛma nso ataforo atamfo mogya.” 24  O Onyankopɔn, wohu santen a wo nkurɔfo ato; Me Nyankopɔn, me Hene, ɛyɛ santen a ɛkɔ kronkronbea hɔ.+ 25  Nnwontofo no na wodi kan, na asankubɔfo di akyi;+Wɔn ntam na mmeawa a wɔbɔ mpintin+ no di. 26  Munyi Onyankopɔn ayɛ wɔ asafo* kɛse mu,O mo a moyɛ Israel asefo, munyi Yehowa ayɛ.+ 27  Benyamin+ a osua koraa no di nkurɔfo so;Yuda adehye ne wɔn dɔm a wɔteɛm nso saa ara;Sebulon adehye ne Naftali adehye nso ka ho. 28  Wo Nyankopɔn aka sɛ wubenya ahoɔden. O Onyankopɔn a woadi ama yɛn, kyerɛ wo tumi.+ 29  W’asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no nti,+Ahemfo de akyɛde bɛbrɛ wo.+ 30  Mmoa a wɔnenam demmire* mu,Anantwinini+ kuw ne anantwi mma no, ka wɔn anim,Kosi sɛ nkurɔfo de dwetɛ bɛba abɛbɔ wɔn mu ase. Nnipa a wɔn ani gye ɔko ho no, wabɔ wɔn ahwete. 31  Nneɛma a wɔde kɔbere ayɛ befi Egypt aba;*+Kus bɛyɛ ntɛm de akyɛde abrɛ Onyankopɔn. 32  O asaase so ahenni, monto dwom mma Onyankopɔn,+Monto ayeyi nnwom* mma Yehowa; (Sela) 33  Monto mma nea ɔte soro mu soro+ fi teteete no. Hwɛ! Ɔbobom, ɔde nne a emu yɛ duru bobom. 34  Munnye ntom sɛ Onyankopɔn wɔ ahoɔden.+ Odi tumi kɛse wɔ Israel so,Na n’ahoɔden wɔ wim.* 35  Onyankopɔn wɔ ne tenabea kronkron kɛse no mu; ne* ho yɛ hu.+ Ɔno ne Israel Nyankopɔn,Na ɔno na ɔma ɔman no ahoɔden ne tumi.+ Ayeyi nka Onyankopɔn.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mommɔ nnwom.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔnam omununkum so.”
“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.
Nt., “temmufo.”
Anaa “Atuatewfo.”
Nt., “nsu sosɔ.”
Nt., “w’agyapade.”
Ebetumi nso akyerɛ, “motete nguammuw ntam.”
Anaa “Ɛyɛɛ sɛnea sukyerɛmma atɔ wɔ Salmon.”
Anaa “bepɔw kɛse.”
Anaa “pɛ sɛ ɔde yɛ.”
Anaa “ɔnam afobu.”
Nt., “nhyiam.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Ebetumi nso akyerɛ, “Ahemmɔfo befi Egypt aba.”
Anaa “Mommɔ nnwom.”
Nt., “omununkum mu.”
Nt., “wo.”