Nnwom 106:1-48

  • Israel ankyerɛ nneɛma ho anisɔ

    • Ankyɛ na wɔn werɛ fii nea Onyankopɔn yɛe (13)

    • Wɔde Onyankopɔn anuonyam maa nantwi honi (19, 20)

    • Wɔannya gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu (24)

    • Wɔkɔsom Baal (28)

    • Wɔde mmofra bɔɔ afɔre maa ahonhommɔne (37)

106  Munyi Yah ayɛ!* Monna Yehowa ase, efisɛ oye,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+  2  Hena na obetumi aka Yehowa nnwuma akɛse nyinaa ho asɛm,Na wama nnipa ate n’ayeyi nnwuma nyinaa?+  3  Anigye ne wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ adwumaNa wɔyɛ adetrenee bere nyinaa.+  4  O Yehowa, sɛ wodom wo man a, kae me.+ Hwɛ me so na gye me nkwa,  5  Sɛnea ɛbɛyɛ a papa a woyɛ wɔn a woapaw wɔn no, menya mu kyɛfa,+Na ama me ne wo man adi ahurusi,Na me ne w’agyapade de anigye ayi wo ayɛ.*  6  Yɛayɛ bɔne te sɛ yɛn agyanom;+Yɛafom; yɛadi amumɔyɛsɛm.+  7  Yɛn agyanom a na wɔwɔ Egypt no ante w’anwonwadwuma ase. Wɔankae wo dɔ bebrebe a enni huammɔ no,Na mmom wɔtew atua wɔ po no ho, Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.+  8  Nanso ne din nti, ogyee wɔn,+Na ama nnipa ahu ne kɛseyɛ.+  9  Ɔkaa Ɛpo Kɔkɔɔ no anim, na ɛyowee;Odii wɔn anim faa subun no mu te sɛ nea wɔnam sare so;+ 10  Ogyee wɔn fii wɔn a wokyi wɔn no nsam;+Ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam.+ 11  Nsu no kataa wɔn atamfo no so;Wɔn mu baako mpo anka.*+ 12  Saa bere no, wonyaa ne bɔhyɛ mu gyidi,+Na wɔtoo ayeyi dwom maa no.+ 13  Nanso ankyɛ na wɔn werɛ fii nea ɔyɛe no;+Wɔantwɛn n’akwankyerɛ. 14  Wɔwɔ sare so no, wodii wɔn akɔnnɔ akyi;+Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔ asaase pradadaa no so.+ 15  Ɔyɛɛ wɔn abisade maa wɔn,Nanso ɔde ɔyare bɔne bobɔɔ wɔn* ma wɔyɛɛ mmerɛw na wowuwui.+ 16  Bere a wɔwɔ asoɛe hɔ no, wɔn ani beree MoseNe Yehowa nipa kronkron+ Aaron.+ 17  Ɛnna asaase mu paee, na ɛmenee Datan,Na ɛkataa dɔm a na wɔka Abiram ho no so.+ 18  Ogya bɛtɔɔ dɔm no mu;Ogyaframa bɛhyew nnebɔneyɛfo no.+ 19  Wɔyɛɛ nantwi ba wɔ Horeb,Na wɔkotow dade honi.*+ 20  Anuonyam a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma me no,Nantwi a ɔwe wura honi mmom na wɔde maa no.+ 21  Wɔn werɛ fii Onyankopɔn+ a ogyee wɔnNa ɔyɛɛ nneɛma akɛse wɔ Egypt no,+ 22  Nea ɔyɛɛ anwonwadwuma wɔ Ham asaase so,+Na ɔyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no.+ 23  Anka ɔrema wɔatɔre wɔn ase,Nanso Mose a wapaw no no srɛ maa wɔn,*Na ɔtwee n’abufuw a ano yɛ den no sanee.+ 24  Asaase kamakama no, wobuu no atantanne,+Na wɔannya gyidi wɔ ne bɔhyɛ mu.+ 25  Wonwiinwii wɔ wɔn ntamadan mu,+Na wɔantie Yehowa nne.+ 26  Enti ɔmaa ne nsa so kaa wɔn ntamSɛ ɔbɛma wɔawuwu wɔ sare no so;+ 27  Ɔbɛma wɔn asefo awuwu wɔ amanaman no mu,Na wabɔ wɔn ahwete nsaase nyinaa so.+ 28  Afei wɔkɔsom* Baal-Peor,+Na nneɛma a wɔde bɔɔ afɔre maa nea nkwa nnim na wodii.* 29  Wɔde wɔn nneyɛe hyɛɛ no abufuw,+Na ɔhaw baa wɔn so.+ 30  Nanso bere a Finehas sɔre yɛɛ ho biribi no,Ɔhaw no to twae.+ 31  Na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni,Na awo ntoatoaso nyinaa mu, wobebu no saa daa.+ 32  Wɔhyɛɛ Onyankopɔn abufuw wɔ Meriba* nsu ho,Na wɔn nti, ewiee Mose bɔne.+ 33  Wɔhyɛɛ no ahometew*Ma ɔkasae basabasa.+ 34  Wɔantɔre amanaman no ase+Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no.+ 35  Mmom wɔne amanaman no bɔe,+Na wosuasuaa wɔn nneyɛe.+ 36  Wɔkɔsom wɔn abosom,+Na esum wɔn afiri.+ 37  Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmeaBɔɔ afɔre maa ahonhommɔne.*+ 38  Wohwiee mogya a edi bem gui;+Wɔde wɔn ankasa mma mmarima ne wɔn mma mmea mogyaBɔɔ afɔre maa Kaananfo abosom,+Na mogyahwiegu maa asaase no ho guu fĩ. 39  Wɔde wɔn nnwuma guu wɔn ho fĩ,Na wɔnam wɔn nneyɛe so ne anyame foforo bɔɔ aguaman.+ 40  Enti Yehowa bo fuw ne man denneennen,Na n’agyapade no bɛyɛɛ akyiwade maa no. 41  Mpɛn pii na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman no nsa+Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wokyi wɔn no bedi wɔn so;+ 42  Wɔn atamfo no hyɛɛ wɔn so;Wodii wɔn so tumi.* 43  Mpɛn pii na ogyee wɔn,+Ne nyinaa akyi, wɔkɔɔ so tew atua, na wɔyɛɛ asoɔden,+Na wɔn mfomso nti, ɔbrɛɛ wɔn ase.+ 44  Nanso ohuu nea wɔrefa mu,+Na otiee wɔn sufrɛ.+ 45  Wɔn nti, ɔkaee n’apam,Na ne dɔ kɛse* a enni huammɔ nti, wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ.*+ 46  Ɔmaa nkurɔfo a wɔde wɔn yɛɛ nkoa no nyinaa Huu wɔn mmɔbɔ.+ 47  O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+Boaboa yɛn ano fi amanaman no nsam+Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,Na yɛmfa ahosɛpɛw nyi wo ayɛ.*+ 48  Ayeyi nka Israel Nyankopɔn YehowaDaa daa.*+ Ma ɔman no nyinaa nka sɛ, “Amen!”* Munyi Yah ayɛ!*

Ase Hɔ Nsɛm

^ Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.
^ Anaa “ahoahoa yɛn ho.”
^ Anaa “annya ne ti annidi mu.”
^ Anaa “bobɔɔ wɔn kra.”
^ Anaa “honi a wɔagu.”
^ Nt., “gyinaa ɔne wɔn ntam.”
^ Kyerɛ sɛ, afɔre a wɔbɔ ma awufo anaa anyame a nkwa nni wɔn mu.
^ Anaa “wɔde wɔn ho kɔbɔɔ.”
^ Ɛkyerɛ, “Akasakasa.”
^ Nt., “Wɔhyɛɛ ne honhom ahometew.”
^ Anaa “adaemone.”
^ Nt., “Wɔbɛhyɛɛ wɔn nsa.”
^ Anaa “ne dɔ bebrebe.”
^ Anaa “ogyae ma ɛkae.”
^ Anaa “Na yɛn ho nsɛpɛw yɛn wɔ w’ayeyi mu.”
^ Anaa “Fi mmeresanten kosi mmeresanten.”
^ Anaa “Ɛnyɛ hɔ!”
^ Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.