Nnwom 100:1-5

  • Ɔbɔadeɛ no aseda

    • “Momfa anigye nsom Yehowa” (2)

    • ‘Onyankopɔn na ɔyɛɛ yɛn’ (3)

Aseda dwom. 100  Asaase nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+  2  Momfa anigye nsom Yehowa.+ Momfa anigye mmɛbɔ ose wɔ n’anim.  3  Munhu* sɛ Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea.*+ Yɛyɛ ne man ne ne nguan a ɔhwɛ yɛn so.+  4  Munwura n’apon mu nkɔda no ase,+Na momfa ayeyi mmra ne fi adiwo.+ Monna no ase; munyi ne din ayɛ.+  5  Efisɛ Yehowa ye,+Na ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa,Na ne nokwaredi kosi awo ntoatoaso nyinaa so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Munnye ntom.”
Ebetumi nso akyerɛ, “na ɛnyɛ yɛn ankasa.”