Nnwom 22:1-31

  • Abooboo ne ayeyi nsɛm

    • “Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?” (1)

    • “Wɔbɔ m’ataade so ntonto” (18)

    • Meyi Onyankopɔn ayɛ wɔ asafo no mu (22, 25)

    • Asaase nyinaa bɛsom Onyankopɔn (27)

Wɔde ma dwom kyerɛfo; ɔkwan a wɔfa so to no: “Adekyee Wansan.”* Dawid dwom. 22  Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?+ Adɛn nti na wummegye me?Adɛn nti na wuntie me sufrɛ?+  2  Me Nyankopɔn, mefrɛ wo adekyee, nanso wummua me;+Edu anadwo nso a, menka m’ano ntom.  3  Ne nyinaa mu no, woyɛ kronkron,+Na Israel ayeyi atwa wo ho ahyia.*  4  Wo na yɛn agyanom de wɔn ho too wo so;+Wɔde wɔn ho too wo so, na wugyee wɔn.+  5  Wo na wosu frɛɛ wo, na wugyee wɔn nkwa;Wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn nsa ansi fam.*+  6  Nanso me de, meyɛ osunson, menyɛ onipa.Nkurɔfo dii me ho fɛw,* na aman buu me animtiaa.+  7  Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw;+Wɔtweetwee me wosow wɔn ti+ ka sɛ:  8  “Ɔde ne ho ato Yehowa so. Ma onnye no ɛ! Ma onnye no nkwa, efisɛ ne ho hia no!”+  9  Wo na wuyii me fii yafunu mu;+Bere a mitua me maame nufu ano no, womaa me koma tɔɔ me yam. 10  Wɔwoo me ara pɛ na wɔde me hyɛɛ wo nsa;*Wone me Nyankopɔn fi me maame yam. 11  Ntwe wo ho mfi me ho, efisɛ ahohia abɛn me,+Na minni ɔboafo foforo biara.+ 12  Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;+Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho kanko.+ 13  Wɔbaabae wɔn anom kyerɛ me+Te sɛ gyata a ɔrebobom na ɔretetew nam mu.+ 14  Wɔahwie me agu sɛ nsu,Na me nnompe nyinaa ahunhuan. Me koma ayɛ sɛ ɛwokyɛm;+Anan wɔ me mu tɔnn.+ 15  M’ahoɔden asa; mete sɛ ayowa sin,+Me tɛkrɛma afam me dodom;+Woretwe me akɔ owu mu akɔhyɛ dɔte mu.+ 16  Nkraman atwa me ho ahyia;+Wɔaka me ahyem sɛnea nnebɔneyɛfo asafodɔm yɛ.+Wɔrekeka me nsa ne me nan te sɛ gyata.+ 17  Mitumi kan me nnompe nyinaa.+ Wɔtɛɛ wɔn anom hwɛ me hãã. 18  Wɔkyekyɛ me ntaade mu fa,Na wɔbɔ m’ataade so ntonto.+ 19  O Yehowa, wo de, mma me ne wo ntam kwan nnware.+ Wone m’ahoɔden, enti yɛ ntɛm bɛboa me.+ 20  Gye me* fi sekan ano;Me nkwa* a ɛsom bo no, gye fi ɔkraman nsam.+ 21  Gye me fi gyata anom;+Tie me na gye me fi ɛkoɔ* mmɛn mu. 22  Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;+Meyi wo ayɛ wɔ asafo no mu.+ 23  Mo a musuro Yehowa nyinaa, munyi no ayɛ! Yakob asefo,* mo nyinaa monhyɛ no anuonyam!+ Israel asefo* nyinaa, mo ho mpopo n’anim. 24  Ɔno na wammu mmɔborɔwa animtiaa, na wammu n’ani angu n’amanehunu so;+Wamfa n’anim anhintaw no.+ Bere a osu frɛɛ no no, otiei.+ 25  Meyi wo ayɛ wɔ asafo kɛse mu;+Metua me bɔhyɛ ade wɔ wɔn a wosuro wo no anim. 26  Ahobrɛasefo bedidi amee;+Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no beyi no ayɛ.+ Montena ase daa na mo ani nnye.* 27  Asaase ano nyinaa bɛkae, na wɔadan aba Yehowa nkyɛn. Amanaman mmusuakuw nyinaa bɛkotow w’anim.+ 28  Yehowa na ahenni wɔ no;+Ɔno na odi amanaman no so hene. 29  Asaase so asikafo* nyinaa bedidi na wɔakotow;Wɔn a wɔkɔ dɔte mu nyinaa bɛkotow n’anim;Wɔn mu biara rentumi nkora ne nkwa* so. 30  Wɔn asefo* bɛsom no;Wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso a ɛbɛba. 31  Wɔbɛba abɛka ne trenee ho asɛm. Wɔbɛka nea wayɛ akyerɛ nkyirimma.

Ase Hɔ Nsɛm

^ Ebetumi aba sɛ ɛyɛ nnwom nnyigyei anaa sɛnea wɔto dwom no.
^ Anaa “Israel ayeyi ntam (so) na wote.”
^ Anaa “wɔn ani anwu.”
^ Anaa “bɔɔ me ahohora.”
^ Nt., “wɔtow me too wo so.”
^ Anaa “me kra.”
^ Nt., “M’ade koro.” Ɛkyerɛ ne kra anaa ne nkwa.
^ Anaa “wuram nantwi.”
^ Nt., “aba.”
^ Nt., “aba.”
^ Nt., “Mo koma nnya nkwa daa.”
^ Nt., “akɛsefo.”
^ Anaa “ne kra.”
^ Nt., “aba.”