Nnwom 93:1-5
93 Yehowa abɛyɛ Ɔhene!+
Ofura anuonyam te sɛ ntama;Yehowa de ahoɔden ahyehyɛ ne ho.Wabɔ no sɛ abɔso.*
Asaase tim hɔ pintinn;Ɛrenhinhim da.
2 W’ahengua tim hɔ pintinn fi tete;+Wowɔ hɔ fi mmeresanten.+
3 O Yehowa, nsubɔnten no ayiri,Nsubɔnten no ayiri ma ɛrebu fa so;Nsubɔnten no ayiri, na ɛreworo so.
4 Yehowa korɔn wɔ sorosoro hɔ,+Ɔkorɔn sen nsu pii nnyigyei,Na ɔyɛ kɛse sen po asorɔkye a ɛrebu fa so.+
5 Wo nkaesɛm nni huammɔ da.+
O Yehowa, wode kronkronyɛ asiesie* wo fi+ afebɔɔ.

