Nnwom 146:1-10
146 Munyi Yah ayɛ!*+
Ma memfa me koma* nyinaa nyi Yehowa ayɛ.+
2 Meyi Yehowa ayɛ me nkwa nna nyinaa.
Mete nkwa mu yi de, mɛto dwom* ama me Nyankopɔn.
3 Mommfa mo ho nnto ɔdehye* anaa onipa ba so,Efisɛ ɔrentumi nnye obiara nkwa.+
4 Ne honhom* fi ne mu, na ɔsan kɔ dɔte mu;+Da no ara, ne nsusuwii yera.+
5 Anigye ne onipa a ne boafo ne Yakob Nyankopɔn,+Na n’anidaso ne Yehowa, ne Nyankopɔn,+
6 Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne ɛhɔ nneɛma, asaase ne ɛso nneɛma,Ne ɛpo ne emu nneɛma nyinaa no;+Ɔno na odi nokware bere nyinaa,+
7 Ɔno na obu atɛn ma wɔn a nkurɔfo sisi wɔnNa ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.*+
Yehowa na oyi wɔn a wɔda afiase.*+
8 Yehowa na obue anifuraefo aniwa;+Yehowa na ɔma wɔn a wɔahodwow so gyina hɔ;+Yehowa dɔ atreneefo.
9 Yehowa na ɔbɔ ɔhɔho ho ban;Ɔno na odi boa agyanka ne okunafo,+Na nnebɔneyɛfo agyinatu de, ɔma ɛyɛ ɔkwa.*+
10 Yehowa bedi hene akosi daa;+O Sion, wo Nyankopɔn bedi hene awo ntoatoaso nyinaa mu.
Munyi Yah ayɛ!*

