Nnwom 110:1-7
Dawid dwom. Ayeyi dwom.
110 Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ:
“Tena me nsa nifa+Kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.”+
2 Yehowa bɛtwe w’ahempoma a wode di tumi no mu afi Sion, na waka sɛ:
“Kɔ w’atamfo mfinimfini kodi wɔn so.”+
3 Ɛda a wobɛkyerɛ wo tumi no,* wo man betu wɔn ho ama koraa.
Mmerante a wɔyɛ asafodɔm de ahosiesie kronkron bɛba abɛka wo ho;Wɔbɛyɛ te sɛ ahemanakye bosu.*
4 Yehowa aka ntam, na ɔrensesa n’adwene.* Waka sɛ:
“Woyɛ ɔsɔfo daa+Te sɛ Melkisedek!”+
5 Yehowa begyina wo nsa nifa so;+Obebubu ahemfo pasaa wɔ n’abufuw da no.+
6 Obebu amanaman no atɛn;*+Ɔde afunu bɛhyɛ asaase no so ma.+
Obebubu asaase kɛse* so panyin* no pasaa.
7 Ɔbɛnom* ɔkwan no so asuten mu nsu.
Ɛno nti ɔbɛma ne ti so.

