Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnwom Nhoma No

Ti Ahorow

Emu Nsɛntitiriw

  • 1

    • Ɔkwampa ne ɔkwammɔne

      • Nea ɔkenkan Onyankopɔn mmara ani gye (2)

      • Ɔtreneeni te sɛ dua a ɛsow aba (3)

      • Abɔnefo te sɛ ntɛtɛwa a mframa huw kɔ (4)

  • 2

    • Yehowa ne nea wasra no no ho asɛm

      • Yehowa bɛserew amanaman no (4)

      • Yehowa asi ne hene (6)

      • Monhyɛ ɔba no anuonyam (12)

  • 3

    • Ɔhaw nyinaa mu no, ɔde ne ho too Onyankopɔn so

      • ‘Adɛn nti na atamfo adɔɔso saa?’ (1)

      • “Nkwagye yɛ Yehowa dea” (8)

  • 4

    • Mpae a ɛkyerɛ Onyankopɔn mu ahotoso

      • “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne” (4)

      • ‘Mɛda asomdwoe mu’ (8)

  • 5

    • Yehowa yɛ atreneefo guankɔbea

      • Onyankopɔn tan amumɔyɛ (4, 5)

      • “Fa wo trenee kyerɛ me kwan” (8)

  • 6

    • Adesrɛ mpaebɔ

      • Awufo ntumi nyi Onyankopɔn ayɛ (5)

      • Onyankopɔn tie nkotosrɛ (9)

  • 7

    • Yehowa yɛ Ɔtemmufo a ɔteɛ

      • ‘O Yehowa, bu me atɛn’ (8)

  • 8

    • Onyankopɔn anuonyam ne sɛnea wadi nnipa ni

      • “Hwɛ sɛnea wo din yɛ kɛse!” (1, 9)

      • “Ɔdasani ne hena?” (4)

      • Wɔde nidi abɔ nnipa abotiri (5)

  • 9

    • Mɛka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm

      • Yehowa yɛ guankɔbea a ɛyɛ den (9)

      • Nea onim Onyankopɔn din no de ne ho to no so (10)

  • 10

    • Yehowa di boa mmɔborɔwa

      • Ɔdebɔneyɛfo ka sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ” (4)

      • Mmɔborɔwa de n’ani to Yehowa so (14)

      • “Yehowa yɛ Ɔhene daa daa” (16)

  • 11

    • Yehowa ne me guankɔbea

      • “Yehowa wɔ n’asɔrefi kronkron no mu” (4)

      • Onyankopɔn kyi obiara a n’ani gye awudisɛm ho (5)

  • 12

    • Yehowa sɔre keka ne ho

      • Onyankopɔn nsɛm ho tew (6)

  • 13

    • Meretwɛn Yehowa nkwagye denneennen

      • ‘O Yehowa, enkosi da bɛn?’ (1, 2)

      • Yehowa ne nnipa di no yiye (6)

  • 14

    • Onipa a onni adwene

      • “Yehowa biara nni hɔ” (1)

      • “Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa” (3)

  • 15

    • Hena na ɔbɛsoɛ Yehowa ntamadan mu?

      • Ɔka nokwasɛm wɔ ne koma mu (2)

      • Ɔnkeka nkurɔfo ho nsɛmmɔne (3)

      • Ɔhyɛ bɔ na etia no mpo a, ɔnsesa n’ano (4)

  • 16

    • Yehowa nkyɛn na papayɛ fi

      • “Yehowa ne me kyɛfa” (5)

      • “Anadwo, me tirim adwene teɛ me so” (7)

      • ‘Yehowa wɔ me nsa nifa’ (8)

      • “Worennyaw me wɔ Ɔdamoa mu” (10)

  • 17

    • Mpae a wɔde hwehwɛ ahobammɔ

      • “Wopɛɛpɛɛ me komam” (3)

      • “Wo ntaban ase” (8)

  • 18

    • Onyankopɔn nkwagye ho ayeyi

      • “Yehowa ne me botan” (2)

      • Yehowa di anokwafo nokware (25)

      • Onyankopɔn kwan di mu (30)

      • “W’ahobrɛase ma meyɛ kɛse” (35)

  • 19

    • Onyankopɔn abɔde ne ne mmara di ne ho adanse

      • “Ɔsoro pae mu ka Onyankopɔn anuonyam” (1)

      • Onyankopɔn mmara a edi mu no ma ahoɔden foforo (7)

      • “Bɔne a mayɛ a minnim” (12)

  • 20

    • Onyankopɔn hene a wasra no no nkwagye

      • Ebinom de wɔn werɛ hyɛ nteaseɛnam mu; ‘yɛn de, yɛbɔ Yehowa din frɛ no’ (7)

  • 21

    • Ɔhene a ɔde ne ho too Yehowa so no nyaa nhyira

      • Ɔmaa ɔhene no nkwa tenten (4)

      • Onyankopɔn atamfo bedi nkogu (8-12)

  • 22

    • Abooboo ne ayeyi nsɛm

      • “Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?” (1)

      • “Wɔbɔ m’ataade so ntonto” (18)

      • Meyi Onyankopɔn ayɛ wɔ asafo no mu (22, 25)

      • Asaase nyinaa bɛsom Onyankopɔn (27)

  • 23

    • “Yehowa ne me Hwɛfo”

      • “Hwee renhia me” (1)

      • “Ɔma me ho dwo me” (3)

      • “Me kuruwa yɛ ma bu so” (5)

  • 24

    • Ɔhene nuonyamfo no afa apon no mu

      • ‘Asaase yɛ Yehowa dea’ (1)

  • 25

    • Mpae a wɔde hwehwɛ akwankyerɛ ne bɔnefakyɛ

      • “Kyerɛ me w’atempɔn” (4)

      • ‘Wɔn a wɔyɛ Yehowa nnamfo paa’ (14)

      • “Fa me bɔne nyinaa kyɛ me” (18)

  • 26

    • M’abrabɔ di mu

      • “O Yehowa, hwehwɛ me mu” (2)

      • Mempɛ fekubɔne (4, 5)

      • ‘Metwa Onyankopɔn afɔremuka ho ahyia’ (6)

  • 27

    • Yehowa ne abannennen a me nkwa hyɛ ne nsa

      • Mede anigye hwɛ Onyankopɔn asɔrefi (4)

      • M’awofo po me mpo a, Yehowa begye me (10)

      • “Fa w’ani to Yehowa so” (14)

  • 28

    • Wotiee odwontofo no mpaebɔ

      • ‘Yehowa ne m’ahoɔden ne me kyɛm’ (7)

  • 29

    • Ahoɔden wɔ Yehowa nne mu

      • Monhyɛ ntaade kronkron nkotow no (2)

      • “Anuonyam Nyankopɔn no nne bobom sɛ aprannaa” (3)

      • Yehowa bɛma ne nkurɔfo ahoɔden (11)

  • 30

    • Awerɛhow adan ahurusi

      • Onyankopɔn adom tena hɔ afebɔɔ (5)

  • 31

    • Yehowa ne me guankɔbea

      • “Wo nsam na mede me honhom hyɛ” (5)

      • ‘Yehowa ne nokware Nyankopɔn’ (5)

      • Onyankopɔn papayɛ dɔɔso (19)

  • 32

    • Anigye ne onipa a wɔde ne bɔne akyɛ no

      • “Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo” (5)

      • Onyankopɔn bɛma woanya nhumu (8)

  • 33

    • Munyi Ɔbɔadeɛ no ayɛ

      • “Monto dwom foforo mma no” (3)

      • Yehowa de n’anom asɛm ne ne honhom na ɛbɔɔ ade (6)

      • Anigye ne Yehowa man (12)

      • Yehowa hwɛ ne nkurɔfo so (18)

  • 34

    • Yehowa gye n’asomfo

      • “Momma yɛmma ne din so” (3)

      • Yehowa bɔfo bɔ ne nkurɔfo ho ban (7)

      • “Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye” (8)

      • ‘Ne dompe baako mpo ammu’ (20)

  • 35

    • Mpae a wɔde srɛ ogye fi atamfo nsam

      • Wɔbɛpam atamfo (5)

      • Meyi Onyankopɔn ayɛ wɔ nnipa dodow mu (18)

      • Wɔtan me kwa (19)

  • 36

    • Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ no som bo

      • Ɔdebɔneyɛfo nni Onyankopɔn ho suro (1)

      • Onyankopɔn na nkwa fi no (9)

      • “Wo hann mu na yehu hann” (9)

  • 37

    • Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no, ebesi wɔn yiye

      • Mma wo bo mmfuw esiane nnebɔneyɛfo nti (1)

      • “Di ahurusi wɔ Yehowa mu” (4)

      • “Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa” (5)

      • “Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea” (11)

      • Ɔtreneeni ano aduan remmɔ no (25)

      • Atreneefo bɛtena asaase so daa (29)

  • 38

    • Ɔbɔnefo a wanu ne ho mpaebɔ

      • “Mayɛ basaa, na mabotow” (6)

      • Yehowa tie wɔn a wɔtwɛn no (15)

      • “Me bɔne yɛɛ me so dadwen” (18)

  • 39

    • Nnipa nkwa yɛ tiaa

      • Onipa te sɛ hwenem mframa (5, 11)

      • “Mmu w’ani ngu me nisu so” (12)

  • 40

    • Aseda a wɔde ma Onyankopɔn a obiara ne no nsɛ no

      • Onyankopɔn nnwuma dɔɔso paa (5)

      • Ɛnyɛ afɔre kɛkɛ na Onyankopɔn ani gye ho (6)

      • “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde” (8)

  • 41

    • Ɔyarefo mpaebɔ

      • Onyankopɔn bɛhwɛ ɔyarefo (3)

      • N’adamfo a ɔbɛn no paa ayi no ama (9)

  • 42

    • Meyi Onyankopɔn ayɛ sɛ me Nkwagye Kɛse

      • N’ani agyina Onyankopɔn sɛnea ɔwansan ani gyina nsu (1, 2)

      • “Adɛn nti na mabotow?” (5, 11)

      • “Twɛn Onyankopɔn” (5, 11)

  • 43

    • Onyankopɔn yɛ Ɔtemmufo a ogye nkwa

      • “Soma wo hann ne wo nokware” (3)

      • “Adɛn nti na mabotow?” (5)

      • “Twɛn Onyankopɔn” (5)

  • 44

    • Mpaebɔ a wɔde hwehwɛ mmoa

      • “Wo na wugyee yɛn” (7)

      • Yɛte sɛ “nguan a wɔrekokum wɔn” (22)

      • “Sɔre na yɛ yɛn boafo!” (26)

  • 45

    • Ɔhene a wɔasra no no ayeforohyia

      • N’anom kasa yɛ dɛ (2)

      • “Onyankopɔn ne w’ahengua daa” (6)

      • Ɔhene ani begyina ayeforo no ahoɔfɛ (11)

      • Wo mma bɛyɛ mpanyimfo wɔ asaase nyinaa so (16)

  • 46

    • “Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea”

      • Onyankopɔn anwonwadwuma (8)

      • Onyankopɔn ma akodi gyae wɔ asaase nyinaa so (9)

  • 47

    • Onyankopɔn yɛ Ɔhene wɔ asaase nyinaa so

      • ‘Yehowa ho yɛ nwonwa’ (2)

      • Monto ayeyi dwom mma Onyankopɔn (6, 7)

  • 48

    • Sion yɛ Ɔhenkɛse no kurow

      • Kurow a ɛma asaase sofo nyinaa ani gye (2)

      • Monhwɛ kurow no ne n’abannennen (11-13)

  • 49

    • Nyansa nnim sɛ obi de ne ho bɛto ahonyade so

      • Onipa biara rentumi nnye ne nua (7, 8)

      • Onyankopɔn begye me afi Ɔdamoa nsam (15)

      • Ahonyade rentumi nnye obi nkwa (16, 17)

  • 50

    • Onyankopɔn bu anokwafo ne nnebɔneyɛfo atɛn

      • Wɔnam afɔrebɔ so ne Onyankopɔn ayɛ apam (5)

      • “Onyankopɔn ankasa ne Ɔtemmufo” (6)

      • Mmoa nyinaa yɛ Onyankopɔn dea (10, 11)

      • Onyankopɔn bɛma abɔnefo bɔne ada adi (16-21)

  • 51

    • Ɔbɔnefo a wanu ne ho mpaebɔ

      • Bɔne mu na wonyinsɛn me (5)

      • “Dwira me ho fi me bɔne ho” (7)

      • “Bɔ koma a emu tew ma me” (10)

      • Onyankopɔn rempo koma a apɛtɛw (17)

  • 52

    • M’ani da Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ so

      • Nea ɔde bɔne hoahoa ne ho no remfa ne ho nni (1-5)

      • Abɔnefo de wɔn ho to ahonyade so (7)

  • 53

    • Onipa a onni adwene

      • “Yehowa biara nni hɔ” (1)

      • “Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa” (3)

  • 54

    • Atamfo ho mpaebɔ

      • “Onyankopɔn ne me boafo” (4)

  • 55

    • Mpae a obi a n’adamfo ayi no ama bɔ

      • Ne yɔnko berɛbo atwa no adapaa (12-14)

      • “Dan w’adesoa to Yehowa so” (22)

  • 56

    • Obi a wɔretaa no mpaebɔ

      • ‘Onyankopɔn na mede me werɛ ahyɛ ne mu’ (4)

      • “Fa me nisu gu wo nsu kotoku mu” (8)

      • “Dɛn na onipa dasani betumi ayɛ me?” (4, 11)

  • 57

    • Adesrɛ mpaebɔ

      • Onyankopɔn ntaban ase na obi nya guankɔbea (1)

      • Atamfo tɔɔ wɔn ankasa afiri mu (6)

  • 58

    • Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu asaase atɛn

      • Ɔbɔɔ mpae sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfo aso (6-8)

  • 59

    • Onyankopɔn yɛ ɔkyɛm ne guankɔbea

      • ‘Nhu nkontompofo mmɔbɔ’ (5)

      • “Mɛto w’ahoɔden ho dwom” (16)

  • 60

    • Onyankopɔn di atamfo so nkonim

      • Nkwagye a efi onipa hɔ de, mfaso nni so (11)

      • “Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden” (12)

  • 61

    • Onyankopɔn yɛ abannennen a ɔbɔ me ho ban

      • “Mɛsoɛ wo ntamadan mu” (4)

  • 62

    • Onyankopɔn hɔ na nkwagye fi

      • “Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn no” (1, 5)

      • ‘Monka mo koma mu nsɛm nkyerɛ Onyankopɔn’ (8)

      • Nnipa te sɛ hwenem mframa (9)

      • Mfa wo ho nto ahonyade so (10)

  • 63

    • M’ani agyina Onyankopɔn

      • “Wo dɔ a enni huammɔ ye sen nkwa” (3)

      • ‘Manya nneɛma pa adi amee’ (5)

      • Midwinnwen Onyankopɔn ho anadwo (6)

      • ‘Mebata Onyankopɔn ho denneennen’ (8)

  • 64

    • Wɔkɔtɛw baabi tow hyɛ wɔn yɔnko so

      • “Onyankopɔn bɛtow agyan awɔ wɔn” (7)

  • 65

    • Onyankopɔn ma asaase nya nea ehia

      • “Mpaebɔ Tiefo” (2)

      • “Anigye ne onipa a wopaw no” (4)

      • Onyankopɔn papayɛ dɔɔso (11)

  • 66

    • Onyankopɔn nnwuma yɛ nwonwa

      • “Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nnwuma” (5)

      • “Ɛbɔ a mahyɛ wo no, medi so” (13)

      • Onyankopɔn tie mpaebɔ (18-20)

  • 67

    • Wɔn a wɔtete asaase ano nyinaa besuro Onyankopɔn

      • Nkurɔfo behu Onyankopɔn akwan (2)

      • ‘Ma aman nyinaa nyi Onyankopɔn ayɛ’ (3, 5)

      • “Onyankopɔn behyira yɛn” (6, 7)

  • 68

    • ‘Ma Onyankopɔn atamfo mmɔ nhwete’

      • “Nnyanka agya” (5)

      • Onyankopɔn ma nea onni boafo nya ofi tena mu (6)

      • Mmea a wɔka asɛmpa no dɔɔso (11)

      • Wode nnipa kɔyɛɛ akyɛde (18)

      • ‘Yehowa soa yɛn adesoa ma yɛn da biara’ (19)

  • 69

    • Ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ ogye

      • “Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me” (9)

      • “Yɛ ntɛm gye me so” (17)

      • “Wɔmaa me nsã a emu kaw sɛ mennom” (21)

  • 70

    • Ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa denneennen

      • “Yɛ ntɛm bɛboa me” (5)

  • 71

    • Ahotoso a nkwakoraa betumi anya

      • Mede me werɛ ahyɛ Onyankopɔn mu fi me mmofraase (5)

      • “Sɛ m’ahoɔden so huan a, nnyaw me” (9)

      • ‘Onyankopɔn akyerɛkyerɛ me fi me mmofraase’ (17)

  • 72

    • Onyankopɔn hene de asomdwoe bɛba

      • “Ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm” (7)

      • Obedi nnipa so fi po ano akosi po ano (8)

      • Obegye wɔn afi atirimɔdensɛm mu (14)

      • Nnɔbae bebu so wɔ asaase so (16)

      • Ayeyi nka Onyankopɔn din daa (19)

  • 73

    • Obi a ɔdɔ Onyankopɔn ani baa ne ho so

      • “Ɛkaa ketewaa bi anka mereman” (2)

      • “Mefaa ɔhaw mu daa nyinaa” (14)

      • ‘Kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn tenabea kronkron no mu’ (17)

      • Nnebɔneyɛfo gyina nea ɛhɔ yɛ toro (18)

      • Eye sɛ mɛbɛn Onyankopɔn (28)

  • 74

    • Ɔbɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn nkae ne nkurɔfo

      • Ɔkaee Onyankopɔn nkwagye nnwuma (12-17)

      • “Kae sɛnea ɔtamfo twa wo adapaa” (18)

  • 75

    • Onyankopɔn bu atɛntrenee

      • Abɔnefo bɛnom Yehowa kuruwa ano (8)

  • 76

    • Onyankopɔn dii Sion atamfo so nkonim

      • Onyankopɔn gye ahobrɛasefo (9)

      • Ɔbɛbrɛ atamfo a wɔyɛ ahomaso ase (12)

  • 77

    • Mpae a wɔbɔ wɔ ahohia bere mu

      • Midwinnwen Onyankopɔn nnwuma ho (11, 12)

      • ‘O Onyankopɔn, hena na ɔyɛ kɛse te sɛ wo?’ (13)

  • 78

    • Onyankopɔn boaa Israel nanso wɔannye no anni

      • Ka kyerɛ nkyirimma (2-8)

      • “Wɔannye Onyankopɔn anni” (22)

      • “Aduan a efi soro” (24)

      • “Wɔmaa Israel Kronkronni no dii awerɛhow” (41)

      • Wofii Egypt kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so (43-55)

      • ‘Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe’ (56)

  • 79

    • Amanaman no tow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so; ɛho mpaebɔ

      • ‘Yɛn anim agu ase wɔ nkurɔfo anim’ (4)

      • ‘Wo din kɛse no nti, boa yɛn’ (9)

      • “Tua wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no ka mpɛn ason” (12)

  • 80

    • Wɔhwehwɛɛ ogye fii Israel Hwɛfo no hɔ

      • “O Onyankopɔn, san dom yɛn bio” (3)

      • Israel yɛ Onyankopɔn bobe dua (8-15)

  • 81

    • Osetie ho afotu

      • Monnsom aman foforo anyame (9)

      • ‘Sɛ mubetie me a anka eye’ (13)

  • 82

    • Bu atɛntrenee

      • Onyankopɔn bu atɛn wɔ “anyame no” mfinimfini (1)

      • ‘Munni mmɔborɔwa asɛm mma no’ (3)

      • “Moyɛ anyame” (6)

  • 83

    • Mpae a wɔbɔ tia atamfo

      • “O Onyankopɔn, nyɛ komm” (1)

      • Yɛ atamfo sɛ nwura a ehuw kɔ (13)

      • Onyankopɔn din de Yehowa (18)

  • 84

    • N’ani gyinaa Onyankopɔn ntamadan kɛse no

      • Lewini bi nyae a anka ɔte sɛ anomaa (3)

      • “Eye sɛ obi bɛtena wo fi adiwo da koro” (10)

      • ‘Onyankopɔn yɛ owia ne ɔkyɛm’ (11)

  • 85

    • Mpae a wɔbɔ de hwehwɛ adom bio

      • Onyankopɔn bɛka asomdwoe asɛm akyerɛ anokwafo (8)

      • Ɔdɔ a enni huammɔ ne nokware behyia (10)

  • 86

    • Onyame biara nte sɛ Yehowa

      • Yehowa yi ne yam de bɔne kyɛ (5)

      • Aman nyinaa bɛsom Yehowa (9)

      • “Kyerɛkyerɛ me ma minhu wo kwan” (11)

      • “Ma memfa me koma nyinaa nsuro wo” (11)

  • 87

    • Sion yɛ nokware Nyankopɔn no kurow

      • Wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Sion (4-6)

  • 88

    • Ɔbɔɔ mpae sɛ wonnye no mfi owu mu

      • “Me nkwa abɛn Ɔdamoa” (3)

      • “Anɔpa biara me mpaebɔ ba w’anim” (13)

  • 89

    • Yehowa dɔ a enni huammɔ ho dwom

      • Apam a ɔne Dawid yɛe (3)

      • Dawid aseni betim afebɔɔ (4)

      • Nea Onyankopɔn asra no no frɛɛ no “m’Agya” (26)

      • Apam a ɔne Dawid yɛe no betim (34-37)

      • Obiara rentumi nnye ne ho mfi Ɔdamoa nsam (48)

  • 90

    • Onyankopɔn wɔ hɔ daa; nnipa nkwa nna yɛ tiaa

      • Mfe apem te sɛ nnɛra (4)

      • Onipa nkwa nna yɛ mfe 70 kosi 80 (10)

      • “Kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛkan yɛn nna” (12)

  • 91

    • Ahobammɔ wɔ Onyankopɔn hintabea

      • Obegye wo afi nnomaayifo afiri mu (3)

      • Onyankopɔn ntaban ase na obi nya guankɔbea (4)

      • Apem bɛtotɔ nanso ebi renka wo (7)

      • Ɔbɛsoma abɔfo abɛwɛn wo (11)

  • 92

    • Yehowa yɛ Opumpuni daa

      • Ne nnwuma yɛ akɛse na n’adwene mu dɔ (5)

      • ‘Ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ dua’ (12)

      • Obi nyin mpo a ɔbɛsow aba (14)

  • 93

    • Yehowa ahenni korɔn

      • “Yehowa abɛyɛ Ɔhene!” (1)

      • “Wo nkaesɛm nni huammɔ da” (5)

  • 94

    • Ɔsrɛe sɛ Onyankopɔn ntua abɔnefo ka

      • “Enkosi da bɛn na nnebɔneyɛfo bɛkɔ so adi ahurusi?” (3)

      • Yah nteɛso de anigye ba (12)

      • Onyankopɔn rempo ne nkurɔfo (14)

      • “Wɔhyɛ mmara akyi de ɔhaw ba” (20)

  • 95

    • Nokware som ne osetie

      • “Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a” (7)

      • “Mummpirim mo koma” (8)

      • “Wɔrenkɔ me home mu” (11)

  • 96

    • “Monto dwom foforo mma Yehowa”

      • Yehowa na ayeyi sɛ no (4)

      • Amanaman no anyame yɛ anyamehunu (5)

      • Monhyɛ ntaade kronkron nkotow no (9)

  • 97

    • Yehowa ama ne ho so atra anyame nyinaa

      • “Yehowa abɛyɛ Ɔhene!” (1)

      • Dɔ Yehowa, kyi bɔne (10)

      • Hann ahyerɛn ama ɔtreneeni (11)

  • 98

    • Yehowa yɛ Ogyefo ne Ɔtemmufo a ɔteɛ

      • Yehowa ama nnipa ahu ne nkwagye (2, 3)

  • 99

    • Yehowa yɛ Ɔhene kronkron

      • Ɔte kerubim so (1)

      • Onyankopɔn de bɔne kyɛ, nanso ɔtwe abɔnefo aso (8)

  • 100

    • Ɔbɔadeɛ no aseda

      • “Momfa anigye nsom Yehowa” (2)

      • ‘Onyankopɔn na ɔyɛɛ yɛn’ (3)

  • 101

    • Ɔhene bi de koma a edi mu bɛnantew

      • ‘Me ne obi a ɔyɛ ahantan ani renhyia’ (5)

      • ‘Mɛdom anokwafo’ (6)

  • 102

    • Mmɔborɔwa a wayɛ hahaaha mpaebɔ

      • ‘Mayɛ sɛ anomaa a ɔno nko ara si baabi mmɔbɔmmɔbɔ’ (7)

      • ‘Me nna yɛ sunsuma a ɛretwam akɔ’ (11)

      • “Yehowa bɛsan akyekye Sion” (16)

      • Yehowa wɔ hɔ daa (26, 27)

  • 103

    • “Ma minyi Yehowa ayɛ”

      • Onyankopɔn ama yɛne yɛn bɔne ntam aware (12)

      • Onyankopɔn yɛ agya a ohu ne mma mmɔbɔ (13)

      • Onyankopɔn kae sɛ yɛyɛ mfuturu (14)

      • Yehowa ahengua ne n’ahenni (19)

      • Abɔfo tie Onyankopɔn asɛm (20)

  • 104

    • Ayeyi a wɔde ma Onyankopɔn wɔ n’abɔde ho

      • Asaase betim hɔ daa (5)

      • Ɔde nsã ne aduan ma onipa dasani (15)

      • “Wo nnwuma dɔɔso!” (24)

      • “Sɛ wuyi wɔn honhom a, wowu” (29)

  • 105

    • Nnwuma pa a Yehowa yɛ ma ne nkurɔfo

      • Onyankopɔn kae n’apam (8-10)

      • “Mommfa mo nsa nnka me nkurɔfo a masra wɔn no” (15)

      • Ná Yosef yɛ akoa; Onyankopɔn de no yɛɛ adwuma (17-22)

      • Onyankopɔn yɛɛ anwonwade wɔ Egypt (23-36)

      • Israelfo fii Egypt (37-39)

      • Onyankopɔn kaee ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham no (42)

  • 106

    • Israel ankyerɛ nneɛma ho anisɔ

      • Ankyɛ na wɔn werɛ fii nea Onyankopɔn yɛe (13)

      • Wɔde Onyankopɔn anuonyam maa nantwi honi (19, 20)

      • Wɔannya gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu (24)

      • Wɔkɔsom Baal (28)

      • Wɔde mmofra bɔɔ afɔre maa ahonhommɔne (37)

  • 107

    • Onyankopɔn anwonwadwuma nti, munyi no ayɛ

      • Ɔde wɔn faa ɔkwampa so (7)

      • Wama nea osukɔm ne ɔkɔm de no amee (9)

      • Oyii wɔn fii sum mu (14)

      • Ɔkasa ma wonyaa ayaresa (20)

      • Ɔbɔ ahiafo ho ban fi amanehunu ho (41)

  • 108

    • Mpae a wɔde srɛ atamfo so nkonimdi

      • Nkwagye a efi onipa hɔ de, mfaso nni so (12)

      • “Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden” (13)

  • 109

    • Mmɔborɔwa mpaebɔ

      • ‘Ma obi foforo nyɛ ne hwɛfo adwuma no’ (8)

      • Onyankopɔn begyina ohiani afã (31)

  • 110

    • Ɔhene a ɔsan yɛ ɔsɔfo te sɛ Melkisedek

      • ‘Di hene wɔ w’atamfo mfinimfini’ (2)

      • Mmerante bɛyɛ sɛ bosu na wɔatu wɔn ho ama (3)

  • 111

    • Munyi Yehowa ayɛ wɔ n’anwonwadwuma ho

      • Onyankopɔn din yɛ kronkron na ɛyɛ hu (9)

      • Yehowa suro, ɛno ne nyansa (10)

  • 112

    • Ɔtreneeni suro Yehowa

      • Nea oyi ne yam de ade fɛm no, ebesi no yiye (5)

      • “Wɔbɛkae ɔtreneeni daa” (6)

      • Ɔyamyefo kyɛ ahiafo ade (9)

  • 113

    • Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro no ma mmɔborɔwa so

      • Ma wonyi Yehowa din ayɛ daa (2)

      • Onyankopɔn bɔ ne mu ase (6)

  • 114

    • Ogyee Israel fii Egypt

      • Ɛpo guanee (5)

      • Mmepɔw huruhuruwii te sɛ adwennini (6)

      • Ɔbotan a ɛyɛ den dan asuti (8)

  • 115

    • Onyankopɔn nkutoo na ɔfata anuonyam

      • Ahoni nni nkwa (4-8)

      • Ɔde asaase ama nnipa (16)

      • “Awufo ntumi nyi Yah ayɛ” (17)

  • 116

    • Aseda dwom

      • ‘Dɛn na mede betua Yehowa ka?’ (12)

      • “Mɛma nkwagye kuruwa no so” (13)

      • “Ɛbɔ a mahyɛ Yehowa no, metua” (14, 18)

      • Anokwafo wu yɛ adehwere kɛse (15)

  • 117

    • Amanaman nyinaa nyi Yehowa ayɛ

      • Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ no dɔɔso (2)

  • 118

    • Yehowa nkonimdi nti, ɔfata aseda

      • ‘Misu frɛɛ Yah, na ogyee me so’ (5)

      • “Yehowa wɔ m’afã” (6, 7)

      • Ɔbo a wɔpoe no abɛyɛ ntwea so bo titiriw (22)

      • “Nea ɔba Yehowa din mu” (26)

  • 119

    • Onyankopɔn asɛm a ɛsom bo ho anisɔ

      • “Aberante bɛyɛ dɛn ama n’abrabɔ ho atew?” (9)

      • “Wo nkaesɛm da me koma so” (24)

      • “M’ani da w’asɛm so” (74, 81, 114)

      • “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara!” (97)

      • “Mewɔ nhumu sen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa” (99)

      • “W’asɛm yɛ me nan ase kanea” (105)

      • “W’asɛm nyinaa yɛ nokware” (160)

      • Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn mmara wɔ asomdwoe (165)

  • 120

    • Ɔhɔho a ɔrepɛ asomdwoe

      • ‘Gye me fi wɔn a wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm no nsam’ (2)

      • “Mepɛ asomdwoe” (7)

  • 121

    • Yehowa wɛn ne nkurɔfo

      • “Menya mmoa afi Yehowa hɔ” (2)

      • Yehowa nna da (3, 4)

  • 122

    • Mpae a wɔde srɛ asomdwoe ma Yerusalem

      • Yehowa fi kɔ yɛ dɛ (1)

      • Kurow a ɛbom baako (3)

  • 123

    • Yɛn ani da Yehowa so sɛ ɔbɛdom yɛn

      • ‘Yɛn ani da Yehowa so sɛnea nkoa ani da wɔn wura so’ (2)

      • “Nkurɔfo bu yɛn animtiaa dodo” (3)

  • 124

    • “Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho a”

      • Afiri no bubui, na yeguanee (7)

      • ‘Nea ne din de Yehowa no ne yɛn boafo’ (8)

  • 125

    • Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban

      • “Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no” (2)

      • “Asomdwoe mmra Israel so” (5)

  • 126

    • Sion dii ahurusi bere a wɔsan bae no

      • “Yehowa ayɛ nneɛma akɛse” (3)

      • Nisu dan anigye (5, 6)

  • 127

    • Onyankopɔn nsa nni mu a, biribiara renyɛ yiye

      • “Sɛ Yehowa ansi ofi no a” (1)

      • Mma yɛ akatua a efi Onyankopɔn hɔ (3)

  • 128

    • Obiara a osuro Yehowa ani begye

      • Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba (3)

      • “Fa w’ani hu sɛnea ebesi Yerusalem yiye” (5)

  • 129

    • Wɔatan me, nanso wonnii me so nkonim

      • Wɔn a wɔtan Sion no ani bewu (5)

  • 130

    • “Mifi bon mu su frɛ wo”

      • “Sɛ mfomso na wohwɛ a” (3)

      • Yehowa de bɔne kyɛ koraa (4)

      • “Meretwɛn Yehowa denneennen” (6)

  • 131

    • Mewɔ akomatɔyam te sɛ abofra a ɔda ne maame so

      • Menhwehwɛɛ nneɛma akɛse (1)

  • 132

    • Ɔpaw Dawid ne Sion

      • “Mpo nea woasra no no” (10)

      • Nkwagye na ɔde bɛyɛ ataade ahyɛ Sion asɔfo (16)

  • 133

    • Anuanom bom de baakoyɛ tena

      • Ɛte sɛ ngo wɔ Aaron apampam ((2)

      • Ɛte sɛ Hermon bosu (3)

  • 134

    • Munyi Onyankopɔn ayɛ anadwo

      • “Monyɛ kronkron na momma mo nsa so mmɔ mpae” (2)

  • 135

    • Yah yɛ kɛse, enti munyi no ayɛ

      • Ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Egypt (8, 9)

      • “Wo din wɔ hɔ daa” (13)

      • Ahoni nni nkwa (15-18)

  • 136

    • Yehowa dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa

      • Ɔtɔɔ ne bo ase bɔɔ ɔsoro ne asaase (5, 6)

      • Farao wui wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu (15)

      • Onyankopɔn kae wɔn a wɔabotow (23)

      • Ɔma abɔde biara a ɛte ase aduan (25)

  • 137

    • Babilon nsubɔnten ho

      • Wɔanto Sion dwom biara (3, 4)

      • Wɔbɛsɛe Babilon (8)

  • 138

    • Onyankopɔn korɔn, nanso n’ani wɔ yɛn so

      • “Mefrɛe no, wugyee me so” (3)

      • ‘Menam baabi a asiane wɔ mpo a, wubegye me’ (7)

  • 139

    • Onyankopɔn nim n’asomfo yiye

      • Obi rentumi nguan mfi Onyankopɔn honhom anim (7)

      • ‘Sɛnea woyɛɛ me no yɛ nwonwa’ (14)

      • ‘Meyɛ mogyatɔw no, wuhuu me’ (16)

      • “Fa me si mmeresanten kwan so” (24)

  • 140

    • Yehowa yɛ Ogyefo a ne ho yɛ den

      • Ɔbɔnefo te sɛ ɔwɔ (3)

      • Awudifo bɛsɛe (11)

  • 141

    • Mpae a wɔde hwehwɛ ahobammɔ

      • “Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam” (2)

      • Ɔtreneeni kasa kyerɛ me a, ɛbɛyɛ te sɛ ngo (5)

      • Nnebɔneyɛfo bɛtɔ wɔn ankasa atena mu (10)

  • 142

    • Ɔbɔɔ mpae sɛ wonnye no mfi wɔn a wɔtan n’ani nsam

      • “Minni baabiara a meguan akɔ” (4)

      • “Me wiase nyinaa ne wo” (5)

  • 143

    • Mihia Onyankopɔn sɛnea asaase wosee hia nsu

      • ‘Misusuw wo nsa ano adwuma ho’ (5)

      • “Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ nea wopɛ” (10)

      • ‘Ma wo honhom a eye no nkyerɛ me kwan’ (10)

  • 144

    • Mpae a wɔde srɛ nkonimdi

      • “Ɔdasani ne hena?” (3)

      • ‘Bɔ atamfo hwete’ (6)

      • Anigye ne Yehowa nkurɔfo (15)

  • 145

    • Munyi Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔhenkɛse no ayɛ

      • ‘Mɛka Onyankopɔn kɛseyɛ ho asɛm’ (6)

      • “Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ obiara” (9)

      • “W’anokwafo beyi wo ayɛ” (10)

      • Onyankopɔn tumidi yɛ daa tumidi (13)

      • Onyankopɔn bue ne nsam ma obiara (16)

  • 146

    • Fa wo ho to Onyankopɔn so, na ɛnyɛ nnipa

      • Onipa wu a, ne nsusuwii yera (4)

      • Onyankopɔn ma wɔn a wɔahodwow so gyina hɔ (8)

  • 147

    • Onyankopɔn dɔ ne n’anwonwadwuma ho ayeyi

      • Wɔn a wɔn koma abubu no, ɔsa wɔn yare (3)

      • Ɔbobɔ nsoromma nyinaa din frɛfrɛ wɔn (4)

      • Ɔma sukyerɛmma tɔ te sɛ oguan nwi (16)

  • 148

    • Abɔde nyinaa nyi Yehowa ayɛ

      • “N’abɔfo nyinaa, munyi no ayɛ” (2)

      • ‘Owia, ɔsram, ne nsoromma, munyi no ayɛ’ (3)

      • Mpanyin ne mmofra nyinaa, munyi Onyankopɔn ayɛ (12, 13)

  • 149

    • Onyankopɔn nkonimdi ho ayeyi dwom

      • Onyankopɔn ani gye ne man ho (4)

      • Anuonyam fata Onyankopɔn anokwafo (9)

  • 150

    • Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ

      • Haleluya! (1, 6)