Nnwom 36:1-12

  • Onyankopɔn dɔ a enni huammɔ no som bo

    • Ɔdebɔneyɛfo nni Onyankopɔn ho suro (1)

    • Onyankopɔn na nkwa fi no (9)

    • “Wo hann mu na yehu hann” (9)

Wɔde ma dwom kyerɛfo. Yehowa akoa Dawid dwom. 36  Mmarato na ɛkyerɛ ɔdebɔneyɛfo koma kwan;Onyankopɔn ho suro nni n’ani so.+  2  Ɔdaadaa ne ho paa wɔ ne komam,Enti onhu ne mfomso mpo na ayɛ no tan.+  3  N’anom nsɛm di awu na ɛyɛ nnaadaa;Onni nhumu a ɛbɛma wayɛ papa.  4  Sɛ ɔda ne kɛtɛ so mpo a, amumɔyɛsɛm na ɔfa ho adwene. Ɔkwammɔne so na ɔnam;Ɔmpo adebɔne.  5  O Yehowa, wo dɔ a enni huammɔ kodu soro;+Wo nokwaredi nso kodu omununkum mu.  6  Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse;*+W’atemmu te sɛ nsu kɛse a emu dɔ.+ O Yehowa, wo na wokora onipa ne aboa nkwa so.*+  7  O Onyankopɔn, hwɛ sɛnea wo dɔ a enni huammɔ no som bo!+ Wo ntaban nwini ase na nnipa mma guan kɔpɛ ahobammɔ.+  8  Wodi wo fi nneɛma pa* mee;+Wɔnom nneɛma pa pii a wuhwie ma wɔn sɛ asubɔnten no ma wɔn ani gye.+  9  Wo na nkwa fi wo;*+Wo hann mu na yehu hann.+ 10  Kɔ so da wo dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wonim wo no,+Na ma wo trenee ntena komam teefo so.+ 11  Mma ɔhantanni nan nntiatia me so,Na mma ɔdebɔneyɛfo mmpam me. 12  Amumɔyɛfo ahwehwe ase;Wɔabɔ wɔn ahwe fam, na wontumi nsɔre.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Onyankopɔn mmepɔw.”
Anaa “wugye onipa ne aboa nkwa.”
Anaa “srade.”
Anaa “Wone nkwa nsuti.”