Nnwom 35:1-28

  • Mpae a wɔde srɛ ogye fi atamfo nsam

    • Wɔbɛpam atamfo (5)

    • Meyi Onyankopɔn ayɛ wɔ nnipa dodow mu (18)

    • Wɔtan me kwa (19)

Dawid dwom. 35  O Yehowa, m’atamfo ne me anya, enti di m’asɛm ma me;+Wo ne wɔn a wɔne me ko no nko.+  2  Fa ɔkyɛm ketewa* ne ɔkyɛm kɛse,+Na sɔre bɛko ma me.+  3  Wɔn a wɔtaa me so no, twe peaw ne abonnua* hyia wɔn.+ Ka kyerɛ me* sɛ: “Mene wo nkwagye.”+  4  Ma wɔn a wɔrehwehwɛ me akum me* no ani nwu, na wɔn anim ngu ase.+ Ma wɔn a wɔbɔ me ho pɔw sɛ wobeyi me afi hɔ no mfa aniwu nnan wɔn ho nguan.  5  Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛwa wɔ mframa mu;Ma Yehowa bɔfo mpam wɔn.+  6  Sɛ Yehowa bɔfo taa wɔn so a,Ma wɔn kwan mu nyɛ sum, na ɛso nyɛ toro.  7  Wɔasum me afiri sɛ enyi me bere a menyɛɛ wɔn hwee;Menyɛɛ wɔn hwee, nanso wɔatu amoa sɛ wɔde bɛkyere me.*  8  Ma ɔsɛe mmra wɔn so mpofirim,Na ma afiri a wɔasum no nyi wɔn ankasa;Ma wɔnhwe mu, na wɔnsɛe korakora.+  9  Na me de, medi* ahurusi wɔ Yehowa mu;M’ani begye ne nkwagye nnwuma mu. 10  Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: “O Yehowa, hena na ɔte sɛ wo? Wo na wugye mmɔborɔwa fi nea ɔyɛ den sen no nsam;+Wugye mmɔborɔwa ne ohiani fi nea osisi no nsam.”+ 11  Nkurɔfo di adanse tia me,+Na nea minnim ho hwee na wɔde ho sobo bɔ me. 12  Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka,+Na ɛma midi awerɛhow.* 13  Me de, bere a wɔyaree no, mifuraa awerɛhow ntama,*Meyɛɛ akɔnkyen* brɛɛ me ho ase,*Na bere a mebɔɔ mpae a mannya ho mmuae no,* 14  Menantew dii awerɛhow te sɛ nea meregyam me yɔnko anaa me nua;Mede awerɛhow sii me ti ase te sɛ obi a ɔregyam ne maame. 15  Nanso bere a mehwee ase* no, wodii ahurusi na wɔkaa wɔn ho boaa ano;Wɔka boom tetɛw me sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam;Wɔtetew me mu pasaa, na wɔanka wɔn ano antom. 16  Nnebɔneyɛfo tweetwee me di me ho fɛw;*Wɔtwɛre wɔn se gu me so.+ 17  O Yehowa, wobɛhwɛ akosi da bɛn?+ Gye me* fi wɔn nsam;+Me nkwa a ɛsom bo* no, gye fi agyata* a wɔn ho yɛ den nsam.+ 18  Ɛno na mɛkamfo wo wɔ asafo kɛse mu;+Meyi wo ayɛ wɔ nnipa dodow mu. 19  Mma wɔn a wokyi me kwa no nnni me ho ahurusi;Na wɔn a wɔtan me kwa+ no, mma wonnnya me nnni me ho fɛw,+ 20  Efisɛ wɔnka asomdwoesɛm;Mmom, wodwen nnaadaasɛm tia wɔn a wodwo wɔ asaase so no.+ 21  Wɔbae wɔn anom bɔ me sobo;Wɔka sɛ: “Ahaa! Ahaa! Yɛde yɛn ani ahu.” 22  O Yehowa, woahu eyi. Nyɛ dinn.+ O Yehowa, mfi me nkyɛn nkɔ akyirikyiri.+ 23  Nyan na sɔre betwitwa gye me,Me Nyankopɔn Yehowa, di m’asɛm ma me. 24  O Yehowa me Nyankopɔn, bu me atɛn sɛnea wo trenee te;+Mma wonnni me ho ahurusi. 25  Mma wɔnnka wɔ wɔn koma mu da sɛ: “Ahaa, nea yɛrehwehwɛ* ara ni!” Mma wɔnnka da sɛ: “Yɛamene no.”+ 26  Wɔn a wodi m’amanehunu ho ahurusi no,Ma wɔn nyinaa mfɛre na wɔn anim ngu ase. Ma wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no mfura aniwu ne animguase. 27  Na wɔn a wɔn ani gye sɛ meyɛ adetrenee no de, ma wonni ahurusi;Ma wɔnka daa sɛ: “Monkamfo Yehowa; ɔno na n’ani gye n’akoa asomdwoe ho.”+ 28  Ɛno na me tɛkrɛma bɛka wo trenee ho asɛm*+Na mayi wo ayɛ daa nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm

^ Akyɛm nketewa a agyantofo taa kura.
^ Anaa “abonnua a afanu nyinaa tumi twa.”
^ Anaa “me kra.”
^ Anaa “me kra.”
^ Anaa “me kra.”
^ Anaa “me kra bedi.”
^ Anaa “mete nka sɛ me kra ahwere ade.”
^ Anaa “Na bere a me mpaebɔ san beguu me kokom no.”
^ Anaa “me kra ase.”
^ Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “Midii mmuada.”
^ Anaa “mihintiwii.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “keeki nti, nnebɔneyɛfo di me ho fɛw.”
^ Anaa “me kra.”
^ Nt., “M’ade koro,” ɛkyerɛ ne kra anaa ne nkwa.
^ Anaa “agyatanini.”
^ Anaa “nea yɛn kra rehwehwɛ.”
^ Anaa “Ɛno na medwinnwen wo trenee ho.”