Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dwom Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw

Dwom Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Dwom Nhoma a Edi Kan no mu Nsɛntitiriw

ASƐMTI bɛn na ɛfata Bible mu nhoma a ne fã kɛse no ara yi yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn ayɛ no? Edin a ɛfata ara ne Nnwom, anaa Ayeyi. Nnwom a ɛyɛ dɛ a ɛka Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ nwonwa, ne nnwuma akɛse ne nkɔmhyɛ pii ho asɛm no ahyɛ Bible mu nhoma a ɛdɔɔso sen biara yi mu ma. Nnwom no mu dodow no ara ma yehu sɛnea akyerɛwfo no tee nka bere a na wɔwɔ amanehunu mu no. Nsɛm yi sisii wɔ mfirihyia apem ntam—efi odiyifo Mose bere so kosi bere a Israelfo no fii nkoasom mu bae no. Mose, Ɔhene Dawid, ne afoforo na wɔkyerɛwee. Wɔkyerɛ sɛ ɔsɔfo Esra na ɔhyehyɛɛ dwom nhoma no mu nsɛm wiei koraa.

Wɔakyekyɛ Nnwom nhoma no mu anum fi tete: (1) Dwom 1-41; (2) Dwom 42-72; (3) Dwom 73-89; (4) Dwom 90-106; ne (5) Dwom 107-150. Dwom nhoma a edi kan no na yɛresusuw ho wɔ asɛm yi mu. Wɔkyerɛ sɛ sɛ woyi nnwom yi mu abiɛsa fi mu a, Ɔhene Dawid a odii tete Israel so no na ɔhyehyɛɛ nnwom a aka no nyinaa. Yennim nnipa a wɔhyehyɛɛ Dwom 1, 10 ne 33 no.

“NYANKOPƆN NE ME BOTANTIM”

(Dwom 1:1–24:10)

Bere a dwom a edi kan no kae sɛ anigye ne onipa a Yehowa mmara sɔ n’ani no, dwom a ɛto so abien no twee adwene sii Ahenni no so tẽẽ. * Nnwom yi mu fã kɛse no ara yɛ Onyankopɔn anim nkotɔsrɛ. Sɛ nhwɛso no, Dwom 3-5, 7, 12, 13, ne 17, yɛ nkotɔsrɛ a ɛkyerɛ sɛ onnye no mfi n’atamfo nsam. Dwom 8 twe adwene si sɛnea Yehowa sõ sen nnipa koraa no so.

Bere a Dawid rekyerɛ sɛ Yehowa yɛ Bammɔfo a ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban no, ɔtoo dwom sɛ: “Nyankopɔn ne me botantim. Miguan metoa no.” (Dwom 18:2) Wɔkamfo Yehowa sɛ Ɔbɔadeɛ ne Mmarahyɛfo wɔ Dwom 19, sɛ Ogyefo wɔ Dwom 20, ne ne Hene a wasra no no Gyefo wɔ Dwom 21. Dwom 23 ka Yehowa ho asɛm sɛ Oguanhwɛfo Kɛse, na saa ara na Dwom 24 ka ne ho asɛm sɛ anuonyam Hene.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:1, 2—“Ade hunu” bɛn na amanaman no reyɛ ho gyegyeegye? “Ade hunu” no yɛ dwen a nnipa nniso horow kɔ so dwene tumi a wɔbɛkɔ so adi no ho. Eyi yɛ ade hunu efisɛ wɔn nsusuwii bɛyɛ kwa. So amanaman no betumi adi nkonim bere a wɔsɔre ‘gyina hyɛ Yehowa ne nea wasra no no’?

2:7—Dɛn ne ‘ade a Yehowa ahyɛ no’? Saa ahyɛde yi yɛ Ahenni apam a Yehowa ne ne Dɔba, Yesu Kristo ayɛ no.—Luka 22:28, 29.

2:12—Ɔkwan bɛn so na amanaman no so atumfoɔ betumi ‘afew ɔba no ano’? Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na wɔde mfewano kyerɛ adamfofa anaa nokwaredi. Ná ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so gye ahɔho. Wɔhyɛ asase so ahene sɛ wɔmfew Ɔba no ano—kyerɛ sɛ, wonnye no ntom sɛ Mesia Ahenni no so Hene.

3:atifi asɛm—Atirimpɔw bɛn nti na wɔde atifi asɛm ahyehyɛ nnwom no bi so? Ɛtɔ mmere bi a, atifi asɛm no ma yehu onii a ɔkyerɛw dwom no anaa tebea a na ɔwom bere a na ɔrehyehyɛ saa dwom no, sɛnea Dwom 3 ma yehu no. Atifi asɛm no nso betumi akyerɛkyerɛ nea enti a wɔkyerɛw dwom no anaa dwuma a wɔde di (Dwom 4 ne 5) ne sɛnea wɔnto dwom no (Dwom 6).

3:2—Dɛn ne “Sela”? Mpɛn pii no, wɔde saa asɛmfua no di dwuma de kyerɛ nea ɔreto dwom no sɛ ɔnhome mfa nsusuw emu nsɛm ho, sɛ́ ebia ɔde n’ano na ɛreto anaa ɔde sanku na ɛrebɔ no. Home a ɔhome wɔ dwom no mu no ma ɔdwene emu nsɛm no ho anaa ɛma ɔda ne nkate adi. Sɛ obi rekenkan Dwom nhoma no wɔ baguam a, ɛho renhia sɛ ɔkenkan ɛno nso.

11:3—Nnyinaso bɛn na wɔsɛe no no? Eyinom yɛ ade a adesamma abusua no gyina so ankasa—mmara, ahyɛde, ne atɛntrenee. Sɛ eyinom anyɛ adwuma yiye a, basabasayɛ ba ɔman mu na wommu atɛntrenee bio. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ “ɔtreneeni” de ne ho to Nyankopɔn so koraa.—Dwom 11:4-7.

21:3—Dɛn nti na sika kɔkɔɔ anaa “amapa abotiri” no ho hia yɛn? Sɛ́ ɛyɛ abotiri ankasa anaasɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de a ɛrekyerɛ anuonyam foforo a wɔhyɛɛ Dawid wɔ nkonim pii a odii ho no, obiara nnim. Nanso saa nkyekyɛm yi yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa ahenni a Yehowa de maa Yesu wɔ afe 1914 mu no ho. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde sika kɔkɔɔ anaa amapa na ayɛ abotiri no kyerɛ sɛ n’ahenni no di mu paa.

22:1, 2—Dɛn na ebia ɛmaa Dawid tee nka sɛ Yehowa apo no? Ná Dawid atamfo retaa no denneennen ma enti ‘ne koma yɛɛ sɛ srade a anan wɔ ne mu tɔnn.’ (Dwom 22:14) Wɔ n’ani so no, na ɛte sɛ nea Yehowa apo no no. Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no, ɔtee nka saa ara. (Mateo 27:46) Nsɛm a Dawid kae no ma yehu sɛnea ɔyɛɛ n’ade sɛ onipa bere a ɔwɔ ahokyere mu no. Nanso Dawid mpae a ɔbɔe a ɛwɔ Dwom 22:16-21 no ma yehu sɛ na ɔda so ara wɔ Onyankopɔn mu gyidi.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:1. Ɛnsɛ sɛ yɛne nnipa a wonni Yehowa ho dɔ no bɔ fekuw.—1 Korintofo 15:33.

1:2. Ɛnsɛ sɛ yɛma da koro pa yɛn ti so a yɛrensusuw Onyankopɔn ho.—Mateo 4:4.

4:4. Sɛ yɛn bo fuw a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛrenkasa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenka asɛm bi a akyiri yi yebenu yɛn ho.—Efesofo 4:26.

4:5. Sɛ yɛn honhom fam afɔre bɛyɛ “trenee afɔre” a, gye sɛ yɛde adwempa bɔ, na yɛbɔ yɛn bra ma ɛne Yehowa gyinapɛn hyia.

6:5. Dɛn na ɛfata sen sɛ yɛbɛtra nkwa mu ayi Yehowa ayɛ?—Dwom 115:17.

9:12. Yehowa hwɛ mogyahwiegu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtɔ wɔn a wodi mogya ho fɔ no so were, nanso ɔkae “abrɛfo nteɛm.”

15:2, 3; 24:3-5. Ɛsɛ sɛ nokware asomfo ka nokware na wogyae atoro ntanka ne nsekubɔ.

15:4. Sɛ yɛhyɛ bɔ a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia nkutoo a na yebetumi atwam, sɛ ɛnte saa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de di yɛn bɔhyɛ no so bere mpo a ɛyɛ den ma yɛn paa sɛ yɛbɛyɛ saa no.

15:5. Sɛ́ Yehowa asomfo no, ɛnsɛ sɛ yɛsɛe sika.

17:14, 15. “Nnipa a wofi wi yi ase” de wɔn bere hwehwɛ asetra pa, wɔkyekye mmusua, na wogyaw agyapade ma nkyirimma. Nanso ade a na ehia Dawid paa wɔ asetra mu ne sɛ obenya din pa wɔ Nyankopɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ‘ahwɛ Onyankopɔn anim’ anaasɛ obenya Yehowa anim dom. Bere a Dawid ‘nyanee’ na ohuu Yehowa bɔhyɛ ahorow no, ɔtee nka sɛ ‘wamee wɔ Onyankopɔn a wahu no’ no ho anaasɛ n’ani gyei sɛ Yehowa ne no wɔ hɔ. So ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn koma to honhom fam ademude so sɛnea Dawid yɛe no?

19:1-6. Sɛ abɔde a wontumi nkasa anaa wontumi nsusuw nneɛma ho hyɛ Yehowa anuonyam a, mpɛn ahe ara na yɛn a yetumi susuw nneɛma ho, yɛkasa, na yɛsom no no renyɛ saa?—Adiyisɛm 4:11.

19:7-11. Hwɛ mfaso ara a yenya fi nea Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ no mu!

19:12, 13. Mfomso ne ɔboayɔ bɔne yɛ bɔne a ɛsɛ sɛ yɛkwati.

19:14. Ɛnyɛ nea yɛyɛ nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛdwene ho na mmom yɛn nsɛnkae ne yɛn nsusuwii nso.

‘WUSO ME MU MA MIGYINA HƆ, ME MUDI MU’

(Dwom 25:1–41:13)

Hwɛ sɛnea Dawid fii ne komam kaa ne bo a wasi sɛ obekura ne mudi mu wɔ nnwom abien a edi kan wɔ saa fã yi mu no! Ɔtoo dwom sɛ: “Me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra.” (Dwom 26:11) Wɔ bɔne fafiri ho mpae a ɔbɔe mu no, ɔkae sɛ: “Mimuaa m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti.” (Dwom 32:3) Dawid ma Yehowa anokwafo awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.”—Dwom 34:15.

Hwɛ sɛnea Israelfo no nyaa afotu a ɛwɔ Dwom 37 no so mfaso, na saa ara na ɛso wɔ mfaso ma yɛn a yɛte “nna a edi akyiri” wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no! (2 Timoteo 3:1-5) Bere a Dwom 40:7, 8 reka Yesu Kristo ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, ɛkae sɛ: “Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm nhoma mmobɔwee no mu. Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ me komam.” Dwom yi fã a etwa to no yɛ Dawid adesrɛ a ɔde too Yehowa anim sɛ ɔmmoa no bere a na ɔrehu amane wɔ bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe akyi no. Ɔtoo dwom sɛ: ‘Me de, wuso me mu ma migyina hɔ, me mudi mu.’—Dwom 41:12.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

26:6—Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔkwan bɛn so na yetwa Yehowa afɔremuka ho hyia te sɛ Dawid? Afɔremuka no gyina hɔ ma Yehowa pɛ mu a ofi gyee Yesu Kristo afɔrebɔ a ɔde gyee adesamma fii bɔne mu toom no. (Hebrifo 8:5; 10:5-10) Sɛ yɛkyerɛ afɔrebɔ no mu gyidi a, na ɛkyerɛ sɛ yɛretwa Yehowa afɔremuka no ho hyia.

29:3-9—Sɛ wɔde Yehowa nne toto aprannaa a ɛrebobom ho a, ɛkyerɛ dɛn? Ne tiaa mu no, ɛkyerɛ Yehowa tumi a enni ano!

31:23—Ɔkwan bɛn so na wotua ɔhantanfo ka ma ɛboro so? Akatua a wɔreka ho asɛm wɔ ha no yɛ asotwe. Yehowa teɛ ɔtreneeni so de twe n’aso wɔ mfomso a wanhyɛ da anyɛ ho. Esiane sɛ ɔhantanfo ntwe ne ho mfi n’akwammɔne ho nti, onya asotwe a ɛboro so sɛ akatua.—Mmebusɛm 11:31; 1 Petro 4:18.

33:6—Dɛn ne Yehowa anom “honhom,” anaa home no? Saa honhom yi yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi, anaa honhom kronkron a ɔde bɔɔ soro no. (Genesis 1:1, 2) Wɔfrɛ no n’anom honhom efisɛ, te sɛ ɔhome a tumi wom no, obetumi asoma ma akɔ akyirikyiri akɔyɛ n’apɛde.

35:19—Dɛn na Dawid adesrɛ a ɛne sɛ mma wɔn a wɔtan no kwa no mmu no anikyew no kyerɛ? Na anikyew a Dawid atamfo bebu no no bɛkyerɛ sɛ wɔrenya mfaso wɔ pɔw bɔne a na wɔrebɔ tia no no mu. Dawid srɛe sɛ mma biribi a ɛte saa nsi.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

26:4. Nyansa wom sɛ yɛne nyaatwomfo mmɔ fekuw wɔ Intanɛt so nkɔmmɔbɔ mu, sukuu mu, ne mfɛfo adwumayɛfo a wɔyɛ wɔn ho sɛ yɛn nnamfo nanso wokura adwemmɔne, awaefo a wɔde sɛnea wɔte sie ne wɔn a yenhu wɔn akwan mu yiye no.

26:7, 12; 35:18; 40:9. Ɛsɛ sɛ yɛkamfo Yehowa wɔ baguam wɔ Kristofo nhyiam ase.

26:8; 27:4. So yɛn ani gye Kristofo nhyiam a yɛkɔ ho?

26:11. Bere a Dawid reka ne mudi mu kura ho asɛm no, ɔsrɛe nso sɛ wonhu no mmɔbɔ. Asɛm no ne sɛ, yebetumi akura yɛn mudi mu ɛmfa ho sɛ yɛnyɛ pɛ no.

29:10. ‘Nsu a ayiri so’ a Yehowa te no kyerɛ sɛ ɔwɔ ne tumi so nkɛntɛnso koraa.

30:5. Yehowa su titiriw paa ne ɔdɔ—na ɛnyɛ abufuw.

32:9. Yehowa mpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ afurum anaa mfurumpɔnkɔ a gye sɛ wɔde nnareka anaa abaa bɔ wɔn ansa na wɔayɛ osetie no. Mmom no, ɔpɛ sɛ yegyina n’apɛde ho ntease a yɛanya so tie no.

33:17-19. Ɛmfa ho tumi a nnipa nhyehyɛe wɔ biara no, entumi nnye nkwa. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne n’Ahenni nhyehyɛe no so.

34:10. Hwɛ awerɛhyem ara a wɔn a wɔde Ahenni nneɛma di kan wɔ wɔn asetram no nya!

39:1, 2. Sɛ abɔnefo pɛ sɛ wonya nsɛm bi fi yɛn hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhaw yɛn mfɛfo agyidifo a, nyansa wom sɛ ‘yɛde nnareka to yɛn ano’ na yɛyɛ komm.

40:1, 2. Yehowa so a yɛde yɛn ani bɛto no bɛboa yɛn ma yɛagyina adwenemhaw ano te sɛ nea ɔreyi yɛn ‘afi ɔsɛe amoa mu anaa atɛkyɛ mu no.’

40:5, 12. Sɛ yɛn werɛ amfi nhyira a ‘ɛdɔɔso sen nea yebetumi akan’ no a, ɛmfa ho sɛnea yɛn amanenya anaa yɛn sintɔ ahorow bɛdɔɔso no, ɛrentumi mmunkam yɛn so.

‘Nhyira ne Yehowa’

Hwɛ awerɛkyekye ne nkuranhyɛ nsɛm a ɛwɔ nnwom mmiako mmiako 41 a ɛwɔ ɔfã yi mu no! Sɛ́ sɔhwɛ bi ama yɛrehu amane anaa adebɔne bi ama yɛn ahonim haw yɛn no, yebetumi anya ahoɔden ne nkuranhyɛ afi Dwom nhoma a tumi wom yi mu. (Hebrifo 4:12) Nnwom yi kura abrabɔ ho akwankyerɛ pa. Wɔma yɛn awerɛhyem bere nyinaa sɛ ɛmfa ho ɔhaw a yehyia no, Yehowa rennyaw yɛn.

Nsɛm yi na nnwom yi fã a edi kan no de wiei: “Nhyira ne [Yehowa, NW], Israel Nyankopɔn, efi teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen.” (Dwom 41:13) Bere a yɛasusuw Nnwom yi fã a edi kan ho awie no, so ɛnsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yehyira anaa yɛkamfo Yehowa?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Dwom 2 mu nsɛm nyaa mmamu wɔ Dawid nna no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Sɛ abɔde a nkwa nnim hyɛ Yehowa anuonyam a, ɛnde na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛhyɛ no anuonyam!

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Dawid na ɔhyehyɛɛ nnwom 41 a edi kan no mu dodow no ara

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wunim dwom a ɛka Yehowa ho asɛm sɛ Oguanhwɛfo Kɛse no?

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Mma da koro mpa wo ti so a worensusuw Onyankopɔn ho

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Nsoromma: Courtesy United States Naval Observatory

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Nsoromma, kratafa 18 ne 19: Courtesy United States Naval Observatory

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Nsoromma: Courtesy United States Naval Observatory