Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wowɔ “Kasa mu Ahotoso”?

So Wowɔ “Kasa mu Ahotoso”?

So Wowɔ “Kasa mu Ahotoso”?

NNIPA bɛboro ɔpepem asia a wɔwɔ nsase 235 so wɔ ade a Bible frɛ no “kasa mu ahotoso” no bi. Engiresi asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kasa mu ahotoso” no pue mpɛn 16 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwsɛm no mu wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase, Borɔfo de no mu. (Filipifo 1:20; 1 Timoteo 3:13; Hebrifo 3:6; 1 Yohane 3:21) “Kasa mu ahotoso” kyerɛ dɛn? Dɛn na ɛboa yɛn ma yenya? Na bere bɛn na sɛ yɛrekasa a, yebetumi de ahotoso akasa a yensuro?

Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛ no, Hela asɛm a wɔkyerɛ ase “kasa mu ahotoso” no kyerɛ “ahofadi a wɔde kasa, asɛm a wɔka a wonsuro akyi, . . . asɛm a wɔka no akokoduru so; enti ɛkyerɛ ahotoso, akokoduru a wɔda no adi, na ɛnyɛ bere nyinaa na ɛfa kasa ho.” Nanso akokoduru a yɛde bɛkasa no nkyerɛ sɛ yɛde aniammɔnho bɛkasa penpen. Bible ka sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa.” (Kolosefo 4:6) Nea ɛka ahotoso mu a yebefi akasa ho ne sɛ yɛbɛyɛ anifere na yɛremma tebea bi a ɛhaw adwene anaa onipa ho suro nka yɛn kasa nhyɛ.

So wɔde ahotoso mu a wofi kasa no woo yɛn? Susuw nea ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Efeso no ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Me a meba fam sen nea osua koraa wɔ akronkronfo nyinaa mu na wɔde adom yi ama me sɛ menka Kristo ahonyade a enni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no.” Paulo de kaa ho sɛ yɛnam Yesu Kristo so “kasa nnam so, na yɛnam ne mu gyidi a yɛwɔ no so tumi kɔ Nyankopɔn anim ahotoso mu.” (Efesofo 3:8-12) Ɛno nti abusuabɔ a ɛda yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam a egyina Yesu Kristo mu gyidi so no na ɛma yɛde nnam kasa, na ɛnyɛ hokwan bi a yɛwɔ ntia. Momma yɛnhwɛ nea ebetumi aboa yɛn ma yɛanya ahofadi yi, ne ɔkwan a yebetumi de adi dwuma bere a yɛreka asɛm, yɛrekyerɛkyerɛ, ne bere a yɛrebɔ mpae no.

Dɛn na Ɛboa Yɛn Ma Yɛka Asɛm no Akokoduru So?

Yesu Kristo ne yɛn nhwɛsofo kɛse wɔ sɛnea wɔde nnamyɛ kasa no ho. Nsi a na ɔyɛ no kaa no maa ɔde hokwan biara a onyae no kaa asɛm no. Ɔde hokwan biara a onyae kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no bere a na ɔregye n’ahome, ɔredidi wɔ obi fie, anaasɛ ɔnam kwan so no. Yesu amma fɛwdi anaa ɔsɔretia a emu yɛ den anhunahuna no ma wanka n’ano antom. Mmom no, ɔde akokoduru paa ne bere so nyamesom akannifo atorofo no ho ntama. (Mateo 23:13-36) Bere a na wɔakyere Yesu redi n’asɛm mpo no, ɔde akokoduru kasae.—Yohane 18:6, 19, 20, 37.

Saa ara na Yesu asomafo no nso de akokoduru kasae. Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Petro de nnam kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfokuw a wɔyɛ nnipa bɛboro 3,000. Ɛwom, na ɛnkyɛe koraa na abeawa bi ahu no sɛ ɔka Yesu asuafo ho ma wabɔ hu. (Marko 14:66-71; Asomafo Nnwuma 2:14, 29, 41) Nanso bere a wɔde Petro ne Yohane kogyinaa nyamesom akannifo anim no, wɔammɔ hu. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobedi Yesu Kristo a wanyan afi awufo mu no ho adanse akokoduru so. Nokwarem no, sɛnea Petro ne Yohane de nnam kasae no maa nyamesom akannifo no hui sɛ mmarima yi ne Yesu na ɛnantewee. (Asomafo Nnwuma 4:5-13) Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔde akokoduru kasae?

Ná Yesu ahyɛ n’asuafo no bɔ sɛ: “Sɛ woyi mo ma a, monnnwennwene sɛnea mobɛkasa anaasɛ nea mobɛka ho; wɔde nea mobɛka bɛma mo dɔn no mu; ɛnyɛ mo ankasa na mokasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so kasa.” (Mateo 10:19, 20) Honhom kronkron no boaa Petro ne afoforo ma wodii fɛre anaa ehu a na ebetumi aka wɔn kasa ahyɛ no so. Saa ara na tumi a ano yɛ den a enyaa wɔn so nkɛntɛnso no betumi aboa yɛn.

Bio nso, Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo no sɛ wɔnyɛ afoforo n’asuafo. Ná eyi fata, efisɛ Ɔno na ‘wɔde tumi nyinaa ama no wɔ soro ne asase so.’ Na ‘ɔne wɔn wɔ hɔ.’ (Mateo 28:18-20) Esiane sɛ na asomafo a wodi kan no nim sɛ Yesu gyina wɔn akyi nti, ɛma wonyaa ahotoso de gyinaa atumfoɔ a na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛma wɔagyae wɔn asɛnka adwuma no anim. (Asomafo Nnwuma 4:18-20; 5:28, 29) Eyi a yenim no betumi aboa yɛn nso.

Paulo de anidaso bataa ‘ahotoso a wɔde kasa’ ho bere a na ɔreka ade foforo a ɛma yɛkasa nnam so ho asɛm no. (2 Korintofo 3:12; Filipifo 1:20) Esiane sɛ na anidaso ho asɛm no ye kyɛn so nti, Kristofo no amfa anhyɛ wɔn ho, mmom wɔkaa ho asɛm kyerɛ afoforo. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ anidaso a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛde ahotoso kasa.—Hebrifo 3:6.

Akokoduru a Yɛde Ka Asɛm No

Ɔkwan bɛn so na yebetumi de akokoduru aka asɛm no wɔ tebea ɛyɛ hu mpo mu? Susuw ɔsomafo Paulo nhwɛso no ho hwɛ. Bere a na ɔda afiase wɔ Roma no, ɔsrɛɛ ne mfɛfo agyidifo sɛ wɔmmɔ mpae mma no ‘na watumi abue n’ano akasa’ sɛnea ɛbɛyɛ a ‘obetumi de akokoduru akasa sɛnea ɛsɛ.’ (Efesofo 6:19, 20) Wobuaa saa mpaebɔ no? Yiw! Bere a na Paulo wɔ afiase no, ɔkɔɔ so ‘kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm de nnamyɛ kɛse kyerɛkyerɛe a biribiara ansiw ho kwan.’—Asomafo Nnwuma 28:30, 31.

Hokwan a yebenya de adi adanse wɔ adwumam, sukuu mu, anaa bere a yɛretu kwan no betumi asɔ ahotoso a yɛde kasa no ahwɛ. Nea afoforo betumi ayɛ ho hu a yebenya, fɛre, anaa yɛn ho mu ahotoso a yenni no betumi ama yɛaka yɛn ano atom. Ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn wɔ eyi mu bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu.” (1 Tesalonikafo 2:2) Esiane sɛ Paulo de ne ho too Yehowa so nti otumi yɛɛ nneɛma a na ɛboro n’ahoɔden so.

Bere a hokwan bue maa ɔbea bi a wɔfrɛ no Sherry no, mpaebɔ boaa no ma ɔde akokoduru dii adanse bɔnnɔ so. Da bi a na ɔretwɛn ne kunu wɔ baabi no, ohuu ɔbea bi a na ɔno nso retwɛn obi. Sherry ka sɛ, “Mesrɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔmma me akokoduru efisɛ na m’ano yɛ me duru.” Bere a Sherry yɛɛ sɛ ɔrekɔ ɔbea no nkyɛn no, Baptist sɔfo bi baa hɔ. Ná Sherry nhwɛ kwan sɛ obehyia ɔsɔfo no. Nanso, ɔbɔɔ mpae bio na otumi dii adanse. Ɔmaa ɔbea no nhoma na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan akɔsra no. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so de hokwan biara a yebenya no di adanse a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛde akokoduru akasa.

Bere a Yɛrekyerɛkyerɛ

Ahotoso a wɔde kasa ne nkyerɛkyerɛ wɔ abusuabɔ kɛse. Bible ka “wɔn a wɔsom yiye” wɔ asafo no mu ho asɛm sɛ: ‘Wɔanya gyinabea pa ne kasa mu ahotoso kɛse wɔ gyidi mu wɔ Kristo Yesu fam.’ (1 Timoteo 3:13) Wonya ɔkasa mu ahotoso yi denam nea wɔkyerɛkyerɛ afoforo a wɔn ankasa de di dwuma no so. Saa a wɔyɛ no hyɛ asafo no den na ɛsan bɔ asafo no ho ban.

Sɛ yenya ɔkasa mu ahotoso wɔ saa kwan yi so a, yɛn afotu betu mpɔn na afoforo de bedi dwuma. Wɔhyɛ atiefo nso nkuran sɛ, wɔmfa wɔn adwene nsi aba a ɛwɔ asɛm a wotie so sen sɛ wɔbɛma nhwɛso pa a ɔkasafo no nnyɛ no atwetwe wɔn adwene. Saa ahotoso yi boa Kristofo a wɔn ho akokwaw no ma ‘wɔboa wɔn nua’ ansa na ɔhaw bi agye nsam. (Galatifo 6:1) Nea ɛne eyi bɔ abira no, obi a ɔnnyɛ nhwɛso pa no bɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde afotu bɛma, efisɛ ɔte nka sɛ ɔmfata. Sɛ wɔamfa afotu amma wɔ ne bere mu a, ebetumi de ɔhaw kɛse aba.

Ahotoso a yɛde kasa no nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yenya afoforo ho adwemmɔne, yɛyɛ katee, anaa kankabi. Paulo fii ‘ɔdɔ mu’ tuu Filemon fo. (Filemon 8, 9) Na ɛda adi sɛ Filemon de ɔsomafo no nsɛm no yɛɛ adwuma. Nokwarem no, ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɛkanyan ɔpanyin ma ɔde afotu biara ma!

Ɛnyɛ bere a yɛde afotu ma nko no na ebehia sɛ yɛda ahotoso adi, na mmom yebetumi ayɛ saa wɔ mmere afoforo nso mu. Paulo kyerɛwee asafo a na ɛwɔ Korinto no sɛ: “Mitumi ne mo kasa penpen. Mede mo hoahoa me ho pii.” (2 Korintofo 7:4) Paulo antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde nkamfo bɛma ne nuanom mmea ne mmarima bere a ɛho behiae sɛ ɔyɛ saa no. Ɛwom sɛ na Paulo nim ne mfɛfo gyidifo mmerɛwyɛ de, nanso ɔdɔ kaa no ma ɔde n’adwene sii su pa a na wɔwɔ no so mmom. Saa ara na nnɛ Kristofo asafo no nya nkɔso bere a mpanyimfo fi wɔn komam de nkamfo ne nkuranhyɛ ma wɔn nuanom mmea ne mmarima no.

Nea ɛbɛyɛ na yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa de ahotoso kasa. Ná Sherry a yɛadi kan aka ne ho asɛm no pɛ sɛ ɔhyɛ ne mma nkuran ma wodi adanse wɔ sukuu mu. Ɔkae sɛ: “Ɛwom, wɔtetee me wɔ nokware no mu de, nanso na mentaa nni adanse wɔ sukuu mu. Saa ara nso na na mentaa nni adanse bɔnnɔ so. Enti mibisaa me ho sɛ, ‘Nhwɛso bɛn na mereyɛ ama me mma no?’” Eyi kaa Sherry ma ɔbɔɔ ne ho mmɔden sɛ obedi adanse bɔnnɔ so.

Yiw, afoforo hwɛ yɛn nneyɛe, na sɛ yɛamfa nea yɛkyerɛkyerɛ no anni dwuma a, wohu. Enti, momma yennya ɔkasa mu ahotoso bere a yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn nneyɛe ne nea yɛka ahyia no.

Wɔ Mpaebɔ Mu

Ahotoso a yɛde kasa ho hia titiriw bere a yɛrebɔ Yehowa mpae no. Bere a biribiara nsiw yɛn kwan no, yebetumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ Yehowa na yɛanya ne mu ahotoso sɛ obetie yɛn adi yɛn abisade ho dwuma ama yɛn. Yɛnam saayɛ so ne yɛn soro Agya no nya abusuabɔ pa. Ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛkɔ Yehowa anim esiane sɛ yesusuw sɛ yɛba fam dodo nti. Na sɛ yɛn ahonim haw yɛn wɔ mfomso bi anaa bɔne bi a yɛayɛ ho ma enti yentumi nka yɛn komam asɛm nso ɛ? So yebetumi akɔ Amansan Hene no anim a biribiara nsiw yɛn kwan?

Yesu a wama no gyinabea a ɛkorɔn sɛ Ɔsɔfopɔn no nso ma yenya ahotoso wɔ mpaebɔ mu. Yɛkenkan wɔ Hebrifo 4:15, 16 sɛ: “Ɔsɔfopɔn a yɛwɔ no nyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase, na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho. Enti momma yɛmfa ahotoso mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.” Eyi ne mfaso a yenya wɔ Yesu wu ne ne dibea sɛ Ɔsɔfopɔn no so.

Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu tie Yehowa a, yebetumi anya ahotoso sɛ obetie yɛn. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, sɛ yɛn koma mmu yɛn fɔ a, ɛnde yetumi de ahotoso kasa wɔ Onyankopɔn anim; na biribiara a yebisa no, yenya fi ne hɔ, efisɛ yedi n’ahyɛde so na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.”—1 Yohane 3:21, 22.

Yehowa anim a yɛkɔ a biribiara nsiw yɛn kwan no kyerɛ sɛ yebetumi aka yɛn ahiasɛm nyinaa akyerɛ no. Enti sɛ́ ɛyɛ ehu, dadwen, anaa ɔhaw foforo bi no, yebetumi de ato Yehowa anim na yɛanya ahotoso sɛ obetie yɛn mpae a yefi komam bɔ no. Sɛ yɛayɛ bɔne a anibere wom mpo na sɛ yefi komam nu yɛn ho a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛho aniwu ka yɛn mpaebɔ hyɛ.

Ahotoso a yɛde kasa yɛ akyɛde a ɛsom bo ampa. Ɛma yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu, na ɛma yɛbɛn Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu. Ɛno nti mommma ‘yɛnntow ahotoso a yɛde kasa a ɛso wɔ akatua kɛse—daa nkwa—no nnkyene.’—Hebrifo 10:35.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ɔsomafo Paulo de akokoduru kasae

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ahotoso a yɛde kasa ho hia na ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ahotoso a yɛde kasa ho hia wɔ yɛn mpaebɔ mu