Ɔde Kɔmaa Efesofo 3:1-21

  • Amanaman mufo nso huu ahintasɛm kronkron no (1-13)

    • Amanaman mufo ne Kristo yɛ adedifo (6)

    • Onyankopɔn daa atirimpɔw (11)

  • Ɔbɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a Efesofo no benya nhumu (14-21)

3  Me Paul, Kristo Yesu ne mo a moyɛ amanaman mufo no nti na meda afiase.+  Ampa ara moate sɛ Onyankopɔn de adwuma+ ahyɛ me nsa sɛ memmoa mo na munnya n’adom no so mfaso.  Nea ɛte ne sɛ, Onyankopɔn ayi n’ahintasɛm kronkron no adi akyerɛ me, sɛnea madi kan akyerɛw mo ɛho asɛm kakra no.  Enti sɛ mokenkan saa asɛm yi a, mubehu sɛ mete Kristo ahintasɛm kronkron+ no ase.  Awo ntoatoaso a abɛsen kɔ mu no, wɔamma nnipa mma anhu ahintasɛm yi sɛnea seesei wɔnam honhom so ayi akyerɛ n’asomafo ne adiyifo kronkron no.+  Ahintasɛm no ne sɛ asɛmpa no bɛma amanaman mufo ne Kristo Yesu abɛyɛ baako, na wɔn nso abɛyɛ adedifo* ne nipadua no akwaa,+ na wɔne yɛn nyinaa abom anya bɔhyɛ no mu kyɛfa.  Onyankopɔn adom nti, mebɛyɛɛ ahintasɛm yi ho somfo. Akyɛde yi, ɔde maa me de kyerɛɛ sɛnea ne tumi yɛ adwuma.+  Akronkronfo nyinaa mu no, me a mensɛ hwee koraa+ no, me na wɔde adom yi ama me+ sɛ menka Kristo nhyira a enni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no,  na memma nnipa nyinaa nhu sɛnea Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no reda ahintasɛm kronkron no adi;+ saa ahintasɛm no, ahintaw wɔ Onyankopɔn mu fi teteete. 10  Ne saa nti, wɔnam asafo no so+ bɛma aban ne tumi a ɛwowɔ ɔsoro ahu Onyankopɔn nyansa a ɛda adi wɔ akwan pii so no.+ 11  Eyi ne daa atirimpɔw a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so bedi ho dwuma no hyia;+ 12  ɔno na yɛnam no so kasa a yensuro, na ne mu gyidi a yɛwɔ nti yetumi de ahotoso kɔ Onyankopɔn anim.+ 13  Enti mesrɛ mo, mommma ahohia a mo nti merehyia no mmmu mo abam, efisɛ anuonyam na ɛde bɛbrɛ mo.+ 14  Eyi nti mibu nkotodwe wɔ Agya no anim; 15  ne hɔ na abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asaase so nyaa ne din fii. 16  Mebɔ mpae sɛ n’anuonyam bebrebe nti, ɔde ne honhom no tumi bɛma mo koma ne mo adwene* anya ahoɔden,+ 17  na afei mo gyidi nti, Kristo atena mo komam na ɔdɔ nso atena mo mu.+ Mesrɛ nso sɛ mubegye ntini,+ na moatim wɔ fapem no so,+ 18  na mo ne akronkronfo nyinaa atumi ahu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛnea emu dɔ no yiye, 19  na moahu Kristo dɔ+ a ɛkyɛn nimdeɛ no, na su a Onyankopɔn de dom nnipa no ayɛ mo ma. 20  Nea ne tumi a ɛyɛ adwuma wɔ yɛn mu+ no nti, otumi yɛ ade ma ɛboro nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa no,+ 21  ɔno na anuonyam mfa asafo no ne Kristo Yesu so nka no daa daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. Amen.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “adehye.”
Anaa “mo mu nipa.”