Mateo Asɛmpa 14:1-36

  • Wotwaa Yohane Suboni ti (1-12)

  • Yesu maa nnipa 5,000 aduan (13-21)

  • Yesu nantew nsu so (22-33)

  • Ɔsaa yare wɔ Genesaret (34-36)

14  Saa bere no, Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifo* no tee Yesu ho asɛm,+  na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Ɛyɛ Yohane Suboni. Wɔanyan no afi awufo mu, na ɛno nti na otumi yɛ anwonwade ahorow yi.”+  Ná Herode* akyere Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.+  Ná Yohane ka kyerɛ no daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware no.”+  Ná ɔpɛ sɛ okum no, nanso na osuro nnipadɔm no, efisɛ na wobu Yohane sɛ odiyifo.+  Bere a wɔredi Herode awoda no,+ Herodia babea sawee wɔ ase ma ɛyɛɛ Herode fɛ yiye,+  enti Herode hyɛɛ bɔ kaa ntam sɛ, nea obebisa biara, ɔde bɛma no.  Ɛnna abeawa no maame tutu guu n’asom ma ɔkae sɛ: “Fa Yohane Suboni ti to apampaa so ma me ha yi ara.”+  Asɛm no haw ɔhene no, nanso ntam a na waka ne wɔn a wɔne no redidi* no nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma no. 10  Enti ɔsoma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase. 11  Na wɔde ne ti no too apampaa so brɛɛ abeawa no, na ɔde kɔmaa ne maame. 12  Akyiri yi, n’asuafo no beyii ne funu* no kosiei. Ɛnna wɔbɛbɔɔ Yesu amanneɛ. 13  Bere a Yesu tee asɛm no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ sɛ ɔrekɔ baabi a atew ne ho akɔhyɛ hɔ komm. Nanso nnipadɔm no tee, na wofii nkurow no mu faa fam toaa no wɔ hɔ.+ 14  Bere a opue baa mpoano no, ohuu nnipadɔm kɛse bi. Wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔsaa ayarefo a ɛwom no yare.+ 15  Eduu anwummere no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha atew ne ho, na ade nso resa. Gya nnipadɔm no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ nkuraa no ase akɔtɔ aduan adi.”+ 16  Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ; mo ara momma wɔn biribi nni.” 17  Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yenni hwee wɔ ha, gye paanoo anum ne mpataa abien.” 18  Ɔkae sɛ: “Momfa mmrɛ me.” 19  Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa sare no so. Ɛnna ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei obubuu paanoo no mu kyekyɛ maa asuafo no, na asuafo no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no. 20  Enti wɔn nyinaa didi mee. Na bere a wɔsesaw nea ɛkaa ase no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama.+ 21  Wɔn a wodii aduan no bɛyɛ mmarima 5,000; wɔankan mmea ne mmofra nkumaa no anka ho.+ 22  Afei ntɛm ara, ɔmaa n’asuafo no tenaa ɔkorow no mu sɛ wonni kan ntwa nkɔ asuogya, na ogyaa nnipadɔm no kwan ma wɔkɔe.+ 23  Bere a ogyaa nnipadɔm no kwan ma wɔkɔe no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.+ Eduu anwummere no, na ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ. 24  Saa bere yi, na efi baabi a ɔkorow no wɔ reba asaase so yɛ mita bebree,* na na asorɔkye no ama ayɛ den ama wɔn, efisɛ na mframa no bɔ hyia wɔn. 25  Na eduu ahemanakye* no, ɔnantew po so baa wɔn nkyɛn. 26  Bere a asuafo no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn koma tui, na wɔkae sɛ: “Ɛyɛ dae anaa?” Na ehu ma wɔteɛteɛɛm. 27  Ɛhɔ ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me; munnsuro.”+ 28  Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsu no so mmra wo nkyɛn.” 29  Ɔkae sɛ: “Bra!” Ɛnna Petro si fii ɔkorow no mu nantew nsu no so, na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a Yesu wɔ no. 30  Nanso bere a ohuu sɛnea mframa no rebɔ no, ehu kaa no. Na bere a ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: “Awurade, gye me!” 31  Ɛhɔ ara na ɔteɛɛ ne nsa, na Yesu soo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidi sua, adɛn nti na womaa w’adwene hinhimii?”+ 32  Bere a wɔforo tenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. 33  Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no kotow no kae sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.” 34  Na wotwa baa Genesaret asaase so.+ 35  Bere a mmarima a wɔwɔ hɔ huu no no, wɔsoma kɔɔ nkurow a atwa ahyia nyinaa mu, na nkurɔfo de ayarefo nyinaa brɛɛ no. 36  Na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’ataade nguguso ano kɛkɛ,+ na wɔn a wɔde wɔn nsa kae nyinaa ho tɔɔ wɔn koraa.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “Roma ahemman no fã bi so hene; ná ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini.”
Kyerɛ sɛ, Herode Antipa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔn a na wɔne no te pon ho.”
Anaa “n’amu.”
Nt., “agoprama bebree.” Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95).
Kyerɛ sɛ, bere a ɛto so anan a wɔde wɛn. Efi ase bɛyɛ ahemanakye nnɔn 3 kosi bɛyɛ anɔpa nnɔn 6.