Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suro Onyankopɔn Na Ama Woahu Nyansa!

Suro Onyankopɔn Na Ama Woahu Nyansa!

Suro Onyankopɔn Na Ama Woahu Nyansa!

“Nyansa mfiase ne [Yehowa, NW] suro.”—MMEBUSƐM 9:10.

1. Dɛn nti na ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛte nea Onyankopɔn suro kyerɛ ase?

BERE bi a atwam no, sɛ wɔka sɛ obi suro Onyankopɔn a, na wobu no sɛ ɛyɛ adepa. Nanso, ɛnnɛ, nnipa pii bu Onyankopɔn a wobesuro no no sɛ biribi a ne bere atwam, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase mpo. Ebia wobebisa sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn ne dɔ ampa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro no?’ Sɛ nnipa a wɔte saa te osuro ho asɛm a ɛbɔ wɔn hu, na ɛma wɔn koma tu mpo. Nanso, Onyankopɔn ho suro pa kyerɛ nneɛma pii. Na sɛnea yebehu no, Onyankopɔn ho suro nyɛ nkate bi kɛkɛ.

2, 3. Nneɛma bɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ Onyankopɔn ho suro pa?

2 Sɛ Bible ka Onyankopɔn suro ho asɛm a, ɛnyɛ biribi a eyi hu. (Yesaia 11:3) Mmom no, ɛyɛ osuro pa ne obu a emu dɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn, ne ɔpɛ a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ yɛrenyɛ nea ɔmpɛ. (Dwom 115:11) Nea ɛka ho bi ne Onyankopɔn gyinapɛn a ɛfa abrabɔ ho a yebegye atom, adi akyiri pɛpɛɛpɛ, na yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn ka sɛ eye na yɛatwe yɛn ho afi nea ɔka sɛ enye ho. Nhoma bi ka sɛ saa osuro pa no yɛ “su titiriw bi a sɛ obi nya wɔ Onyankopɔn ho a, ɛma ɔyɛ ade nyansam na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” Ɛfata sɛ Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nyansa mfiase ne [Yehowa, NW] suro.”—Mmebusɛm 9:10.

3 Nokwarem no, Onyankopɔn suro fa nneɛma pii a nnipa yɛ wɔ asetram ho. Ɛnyɛ nyansa nko na ɛma obi hu, mmom ɛma onya anigye, asomdwoe, nkɔso, onyinkyɛ, anidaso, ahotoso, ne ahodaso nso. (Dwom 2:11; Mmebusɛm 1:7; 10:27; 14:26; 22:4; 23:17, 18; Asomafo Nnwuma 9:31) Ɛsan ma onya gyidi ne ɔdɔ. Nokwarem no, ɛka abusuabɔ biara a yɛne Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa wɔ. (Deuteronomium 10:12; Hiob 6:14; Hebrifo 11:7) Sɛ yɛwɔ ahotoso a emu yɛ den sɛ yɛn soro Agya no dwen yɛn ho ankasa na wayɛ krado sɛ ɔde yɛn mfomso befiri yɛn a, ɛno nso kyerɛ sɛ yesuro Onyankopɔn. (Dwom 130:4) Ɛyɛ abɔnefo a wonnu wɔn ho nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔbɔ hu na wɔn koma tu wɔ Onyankopɔn anim. *Hebrifo 10:26-31.

Momma Yensua Yehowa Suro

4. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛasua Yehowa suro?

4 Esiane sɛ Onyankopɔn suro yɛ ade a ɛho hia paa na ama yɛatumi asisi gyinae nyansam anya Onyankopɔn nhyira nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘asua Yehowa suro’ yiye? (Deuteronomium 17:19) Wɔakyerɛw Onyankopɔn asomfo mmarima ne mmea pii a wosuroo no no ho nsɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu “ama yɛn nkyerɛkyerɛ.” (Romafo 15:4) Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nea Onyankopɔn suro kyerɛ ankasa no, momma yensusuw wɔn mu biako a ɔne tete Israel hene Dawid asetra ho nhwɛ.

5. Ɔkwan bɛn so na nguanhwɛ adwuma boaa Dawid ma ɔtee nea Yehowa suro kyerɛ ase?

5 Esiane sɛ Saul a ɔyɛ Israel hene a odi kan no suroo nnipa na wansuro Onyankopɔn nti, Yehowa poo no. (1 Samuel 15:24-26) Nanso, Dawid abrabɔ ne abusuabɔ pa a na ɔne Yehowa wɔ no ma yehu sɛ na ɔyɛ obi a osuro Onyankopɔn ankasa. Wɔ Dawid mmofraberem no, na ɔtaa de n’agya nguan kɔ adidi. (1 Samuel 16:11) Ɛbɛyɛ sɛ wuram a na Dawid da anadwo hwɛ nguan no boaa no ma ɔtee nea Yehowa suro kyerɛ ase. Ɛwom sɛ amansan kɛse yi fã ketewaa bi pɛ na Dawid tumi hui de, nanso ohui sɛ ɛfata sɛ yebu Onyankopɔn na yɛkamfo no. Akyiri yi, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho.”—Dwom 8:3, 4.

6. Bere a Dawid huu sɛnea Yehowa yɛ kɛse no, ɔtee nka dɛn?

6 Ɛfata sɛ Dawid ho dwiriw no bere a ɔde ne ho totoo ewim a ɛtrɛw ho na ohui sɛ ɔnsɛ hwee no. Sɛ́ anka nea Dawid hui bɛbɔ no hu no, ɛkaa no ma ɔkamfoo Yehowa mmom, na ɔkae sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” (Dwom 19:1) Osuro pa yi a Dawid nya maa Yehowa no ma ɔbɛn no kɛse, na ɛmaa n’ani gyee ho sɛ obesua Yehowa akwan a ɛyɛ pɛ no ho ade, na wadi so. Susuw sɛnea Dawid tee nka bere a ɔtoo dwom yi maa Yehowa no: “Woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade, wo nkutoo ne Nyankopɔn. [Yehowa, NW], kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din.”—Dwom 86:10, 11.

7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn suro boaa Dawid ma ɔne Goliat koe?

7 Bere a Filistifo ne Israelfo bɛkoe no, wɔn sahene Goliat a ne tenten yɛ anammɔn akron ne fã no yii Israelfo no ahi. Na nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ: ‘Munyi ɔbarima bi na ɔmmra ne me mmɛko! Sɛ otumi bo me a, yɛbɛsom mo.’ (1 Samuel 17:4-10) Ehu kaa Saul ne n’asraafo no nyinaa, nanso Dawid de wammɔ hu. Ná onim sɛ ɛnsɛ sɛ osuro nipa ɛmfa ho sɛnea n’ahoɔden te biara, na mmom Yehowa na ɛsɛ sɛ osuro no. Dawid ka kyerɛɛ Goliat sɛ: ‘Mede asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn. Na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na Yehowa de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ Yehowa dea.’ Ɛdenam Yehowa mmoa so no, Dawid de ataabo ne ɔbo biako pɛ kum Goliat.—1 Samuel 17:45-47.

8. Dɛn na yesua fi nnipa a wosuro Onyankopɔn a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no hɔ?

8 Ebia yɛn nso yɛrehyia akwanside anaa atamfo bi a wɔyɛ den te sɛ nea Dawid hyiae no. Dɛn na yebetumi ayɛ? Yɛn nso yebetumi de Onyankopɔn suro agyina ano te sɛ nea Dawid ne asomfo anokwafo a wɔtraa ase tete no yɛe no. Sɛ yesuro Onyankopɔn a, ɛremma yensuro nnipa. Onyankopɔn somfo nokwafo Nehemia hyɛɛ ne mfɛfo Israelfo a na wɔn atamfo rehunahuna wɔn no nkuran sɛ: “Munnsuro wɔn anim, [Yehowa, NW] kɛse a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no.” (Nehemia 4:14) Yehowa boaa Dawid, Nehemia, ne Onyankopɔn asomfo anokwafo afoforo ma wotumi yɛɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn nsa no. Sɛ yɛn nso yesuro Onyankopɔn a, yebetumi ayɛ saa ara.

Fa Onyankopɔn Suro Di Wo Haw Ho Dwuma

9. Tebea bɛn mu na Dawid daa no adi sɛ osuro Onyankopɔn?

9 Dawid kum Goliat akyi no, Yehowa ma odii nkonim wɔ ako pii mu. Nanso, Saul a na ahoɔyaw ahyɛ no ma no yɛe sɛ obekum Dawid. Nea edi kan no, wɔ abufuhyew so, anyɛ yiye no, ɔfaa anifere kwan so, na awiei koraa no, ɔsomaa asraafo. Ɛwom sɛ na Yehowa ama Dawid awerɛhyem sɛ ɔbɛma wadi hene de, nanso na ɛsɛ sɛ Dawid guan di atetɛatetɛ, di ako, na ɔtwɛn kosi sɛ Yehowa bere bɛso ma wasi no hene. Eyi nyinaa mu no, Dawid daa no adi sɛ osuro nokware Nyankopɔn no.—1 Samuel 18:9, 11, 17; 24:2.

10. Bere a na Dawid nkwa da asiane mu no, dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ osuro Onyankopɔn?

10 Bere bi, Dawid kɔhwehwɛɛ ahobammɔ wɔ Akis a na ɔyɛ ɔhene wɔ Filistifo kurow Gat mu no nkyɛn. Na saa kurow no mu na Goliat fi. (1 Samuel 21:10-15) Ɔhene no nkoa kae sɛ Dawid yɛ wɔn man no tamfo. Dɛn na Dawid yɛe bere a ohui sɛ ne nkwa da asiane mu no? Ofi ne komam bɔɔ Yehowa mpae. (Dwom 56:1-4, 11-13) Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Dawid yɛ ne ho sɛ obi a wabɔ dam de tete ne ho de, nanso na onim sɛ ɛyɛ Yehowa ankasa na ɔmaa no nyansa de gyee no fii asiane no mu. Dawid koma nyinaa mu a ofi de ne ho too Yehowa so no daa no adi sɛ na Dawid suro Onyankopɔn ankasa.—Dwom 34:4-6, 9-11.

11. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yesuro Onyankopɔn sɛnea Dawid yɛe no?

11 Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn haw ho dwuma so a, na yɛreda no adi sɛ yesuro Onyankopɔn te sɛ Dawid. Dawid kae sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” (Dwom 37:5) Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn haw to Yehowa so na yɛhwɛ kwan sɛ obedi ho dwuma ama yɛn bere a yɛnyɛ ho biribiara. Dawid ammɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa no ɛnna ɔtoo n’adwenem pɛɛ ne baabi trae. Ɔde ahoɔden ne nyansa a Yehowa de ama no no dii ɔhaw no ho dwuma. Nanso, na Dawid nim sɛ onipa ahoɔden nkutoo ntumi mmoa no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara a, ɛsɛ sɛ yegyae nea aka ma Yehowa. Nokwarem no, ɔhaw bi wɔ hɔ a sɛ ɛto yɛn a yentumi nyɛ ho hwee, gye sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Sɛ yɛyɛ saa wɔ bere a ɛte saa mu a, na yɛreda no adi sɛ yesuro Onyankopɔn ankasa. Asɛm a Dawid fi ne komam kae yi betumi akyekye yɛn werɛ: “[Yehowa, NW] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no.”—Dwom 25:14.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfa yɛn mpaebɔ aniberesɛm, na su bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya?

12 Ɛsɛ sɛ yɛfa mpaebɔ ne abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no aniberesɛm. Sɛ yɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu a, ɛsɛ sɛ ‘yegye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.’ (Hebrifo 11:6; Yakobo 1:5-8) Na sɛ Yehowa boa yɛn a, ɛsɛ sɛ ‘yɛkyerɛ ho anisɔ’ sɛnea ɔsomafo Paulo tuu yɛn fo no. (Kolosefo 3:15, 17) Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ nkurɔfo a Kristoni bi a wɔasra no na ne ho akokwaw kaa wɔn ho asɛm no. Ɔkae sɛ: “Wosusuw sɛ Onyankopɔn yɛ akoa bi a ɔte soro a wɔfrɛ no somasoma no. Na sɛ wohia biribi a, wɔpɛ sɛ wɔbɔɔ wɔn nsa ano ara pɛ na waba. Afei sɛ wɔn nsa ka nea wohia a, na wɔama no asan kɔ.” Sɛ obi da su a ɛte saa adi a, ɛkyerɛ sɛ onsuro Onyankopɔn.

Bere a Onyankopɔn Suro So Tew

13. Bere bɛn na Dawid ankyerɛ obu amma Onyankopɔn Mmara?

13 Mmoa a Yehowa de maa Dawid wɔ n’amanehunu mu no maa osuro a ɔwɔ ma Onyankopɔn no yɛɛ kɛse, na ɛhyɛɛ Onyankopɔn mu ahotoso a ɔwɔ no mu den. (Dwom 31:22-24) Nanso, Onyankopɔn suro a na Dawid wɔ no so tewee mprɛnsa wɔ mmere bi mu, na ɛno ma ɔyɛɛ bɔne a anibere wom. Nea edi kan no fa nhyehyɛe a ɔyɛe ma wɔde Yehowa apam adaka no kɔɔ Yerusalem no ho. Ná Onyankopɔn Mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Lewifo no soa adaka no wɔ wɔn mmati so, nanso Dawid ma wɔde sii teaseɛnam so. Bere a anka adaka no reyɛ abɔ fam no, Usa a na odi teaseɛnam no anim no soo mu, na “mfomso” no nti owuu amonom hɔ ara. Nokwarem no, Usa yɛɛ bɔne a anibere wom de, nanso ɛyɛ obu a Dawid annya amma Onyankopɔn Mmara na ɛkɔfaa awerɛhosɛm yi bae. Nea Onyankopɔn a yesuro no kyerɛ ne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma sɛnea ne nhyehyɛe te.—2 Samuel 6:2-9; Numeri 4:15; 7:9.

14. Dɛn efii Israelfo a Dawid kan wɔn no mu bae?

14 Akyiri yi, Satan piapiaa Dawid ma ɔkan Israel asraafo. (1 Beresosɛm 21:1) Dawid nam saa a ɔyɛe so daa no adi sɛ Onyankopɔn suro a ɔwɔ so atew, na ɛno maa Israelfo 70,000 wuwui. Ɛwom sɛ Dawid nuu ne ho wɔ Yehowa anim de, nanso ɔne ne nkurɔfo huu amane kɛse.—2 Samuel 24:1-16.

15. Dɛn na ɛmaa Dawid sɛee aware?

15 Bere foforo a osuro a Dawid wɔ ma Yehowa so tewee no, ɛmaa ɔne Uria yere Bat-Seba sɛee aware. Ná Dawid nim sɛ awaresɛe anaa mpo obi yere ho akɔnnɔ a obenya yɛ bɔne. (Exodus 20:14, 17) Ɛyɛ bere a Bat-Seba reguare na Dawid ani kɔbɔɔ no so no na ɛkɔfaa ɔhaw no bae. Na anka ɛsɛ sɛ Onyankopɔn suro ka Dawid ma oyi n’ani ne n’adwene fi ɔbea no so ntɛm ara. Nanso, Dawid ‘kɔɔ so hwɛɛ’ no haa kosii sɛ onyaa ne ho akɔnnɔ ma Onyankopɔn suro a ɔwɔ tu yerae. (Mateo 5:28; 2 Samuel 11:1-4) Dawid werɛ fii sɛ na Yehowa nim n’akwan nyinaa mu.—Dwom 139:1-7.

16. Ɔhaw bɛn na Dawid bɔne a ɔyɛe no de baa no so?

16 Bere a Dawid ne Bat-Seba sɛee aware no, wɔwoo ɔbabarima. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yehowa somaa ne diyifo Natan sɛ ɔnkɔpa Dawid bɔne no ho ntama. Bere a Natan maa Dawid ani baa ne ho so no, ɔsan nyaa Onyankopɔn suro bio na onuu ne ho. Dawid srɛɛ Yehowa sɛ mma Yehowa ntow no nkyene anaasɛ onnyi ne honhom kronkron mmfi ne so. (Dwom 51:7, 11) Yehowa de Dawid bɔne kyɛɛ no, na ɔtew asotwe no so, nanso Yehowa ammɔ Dawid ho ban amfi ɔhaw a efi nea ɔyɛe no mu bae nyinaa ho. Dawid ba no wui, na efi saa bere no rekɔ no, n’abusua hyiaa ɔhaw ne amanehunu pii. Hwɛ awerɛhosɛm ara a ɛtoo Dawid sɛ ɔmaa osuro a ɔwɔ ma Onyankopɔn so tewee!—2 Samuel 12:10-14; 13:10-14; 15:14.

17. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ sɛ obi yɛ bɔne a ɛde ɔhaw ba.

17 Ɛnnɛ, sɛ yɛansuro Onyankopɔn wɔ abrabɔ fam a, ebetumi akɔfa ɔhaw a emu yɛ den a yɛn werɛ remfi da aba yɛn so saa ara. Wode susuw sɛnea ababaa bi dii yaw bere a ɔtee sɛ ne kunu Kristoni a na ɔreyɛ adwuma wɔ amannɔne akɔfa ɔbea foforo ho no hwɛ. Ahodwiriw ne awerɛhow ma ɔde ne nsa kataa n’anim bɔɔ ne mu ase sui. Hwɛ bere tenten a ebegye ansa na ɔbea no asan anya ne kunu no mu ahotoso na wabu no bio! Sɛ yesuro Onyankopɔn paa a, yebetumi akwati awerɛhosɛm a ɛte saa.—1 Korintofo 6:18.

Onyankopɔn Suro Mma Yɛnyɛ Bɔne

18. Satan botae ne dɛn, na ɔkwan bɛn na ɔfa so du ho?

18 Satan ama wiase abrabɔ pa resɛe ntɛmntɛm, na nokware Kristofo titiriw na ɔpɛ sɛ ɔsɛe wɔn abrabɔ. Ɔnam nea yɛn ani hu ne nea yɛn aso te so titiriw na ɔde ɔbrasɛe ho nneɛma dua yɛn adwene ne yɛn koma mu tee. (Efesofo 4:17-19) Sɛ wuhu ɔbrasɛe ho mfonini, wote ho nsɛm, anaa wuhyia nnipa a wɔn bra asɛe mpofirim a, dɛn na wobɛyɛ?

19. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn suro boaa Kristoni bi ma odii ne sɔhwɛ so?

19 Susuw André * a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo mu a ɔyɛ agya, na ɔyɛ oduruyɛfo wɔ Europa no ho hwɛ. Bere biara a na André bɛkɔ adwuma anadwo wɔ ayaresabea no, na mmea a ɔne wɔn yɛ adwuma no taa kyerɛkyerɛw ɔdɔ ho nsɛm tetare ne sumii ho de kyerɛ no sɛ ɔne wɔn mmɛda. André annyigye n’anim koraa wɔ nea na wɔreyɛ no ho. Afei nso, ofii baabi a na ɛhɔ nyɛ no kɔpɛɛ adwuma wɔ baabi foforo. Onyankopɔn suro a na André wɔ no ma ɔyɛɛ n’ade nyansam paa, na wohyiraa no efisɛ ɛnnɛ ɔde ne bere no bi yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ ne man mu no mu.

20, 21. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn suro betumi aboa yɛn ma yɛatwe yɛn ho afi bɔne ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Sɛ adwemmɔne ba obi tirim na wanyi amfi hɔ a, ebetumi ama ɔde abusuabɔ a ɛsom bo a ɔne Yehowa wɔ no ato nkyɛn ayɛ biribi a ɛnsɛ sɛ ɔyɛ. (Yakobo 1:14, 15) Nanso, sɛ yesuro Yehowa a, yɛbɛma yɛn ani ada hɔ, na mpo yɛbɛtwe yɛn ho afi nnipa, mmeae, nneɛma, ne anigyede a ebetumi asɛe yɛn abrabɔ pa ho. (Mmebusɛm 22:3) Ɛmfa ho aniwu biara a ɛbɛba yɛn so ne nea ɛsɛ sɛ yɛde bɔ afɔre na ama yɛayɛ saa no, mfaso wɔ ɛno so koraa sen sɛ yɛbɛhwere Onyankopɔn anim dom. (Mateo 5:29, 30) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yesuro Onyankopɔn a, yɛrenhyɛ da nkɔ biribiara a ebetumi asɛe yɛn bra te sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini biara ho. Mmom no, yɛbɛma yɛn ani ‘atwa adehunu hwɛ ho.’ Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma ‘yɛanya nkwa,’ na wama yɛanya nea yehia ankasa.—Dwom 84:11; 119:37.

21 Nokwarem no, nyansa wom sɛ yɛde Onyankopɔn suro pa bɛyɛ ade bere nyinaa. Ɛma yenya anigye ankasa nso. (Dwom 34:9) Wɔbɛkyerɛkyerɛ eyi mu yiye wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Hwɛ asɛm a ɛne “Bible no Adwene: Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asuro Ɔdɔ Nyankopɔn No?” a ɛwɔ January 8, 1998, Nyan!, a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

^ nky. 19 Ɛnyɛ ne din ne no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Kristofo suban bɛn na sɛ yɛda no adi a ɛkyerɛ sɛ yesuro Onyankopɔn?

• Dɛn nti na sɛ yesuro Onyankopɔn a, ɛremma yensuro nnipa?

• Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ mpaebɔ ho adwene a ɛfata?

• Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn suro remma yɛnyɛ bɔne?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dawid suae sɛ obesuro Onyankopɔn bere a ɔhwɛɛ Yehowa nsa ano adwuma no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Sɛ wuhyia tebea bi a ebetumi ama woayɛ bɔne mpofirim a, dɛn na wobɛyɛ?