Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobedi Nnipa Nyinaa Ni

Wobedi Nnipa Nyinaa Ni

Wobedi Nnipa Nyinaa Ni

“Ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ wiase foforo a ɛyɛ papa koraa sen nea yɛte mu yi. Wiase a wobedi nnipa nyinaa ni wom afebɔɔ.”—AMERIKA ƆMAMPANYIN HARRY TRUMAN, SAN FRANCISCO, CALIFORNIA, U.S.A., APRIL 25, 1945.

NÁ ƆMAMPANYIN Truman kura adwene a na nnipa pii kura wɔ Wiase Ko II akyi no bi, na ogye di sɛ nnipa betumi asua biribi afi nsɛm a na asisi no mu na wɔahyehyɛ “wiase foforo” a wobedi obiara ni wom. Awerɛhosɛm ne sɛ, nsɛm a asisi nnansa yi da no adi sɛ ɛnte saa koraa. Esiane sɛ ɔhaw no mfi nnipa na mmom efi nnipa tamfo kɛse no nti, wɔkɔ so tiatia ‘nidi a ɛsɛ sɛ nnipa nya afebɔɔ’ no so.

Nea Ɔde Ɔhaw no Bae

Bible ma yehu sɛ saa ɔtamfo no ne Satan Ɔbonsam. Ɔyɛ honhommɔne a wakasa atia hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi nnipa so fi bere a wɔbɔɔ nnipa pɛɛ no. Efi bere a Satan ne Hawa kasae wɔ Eden turom no, ne botae ne sɛ ɔbɛtwe nnipa afi Ɔbɔadeɛ no ho. (Genesis 3:1-5) Wode susuw awerɛhosɛm a ɛtoo Adam ne Hawa bere a wotiee Ɔbonsam no ho hwɛ! Nea ɛtoo wɔn amonom hɔ ara wɔ Onyankopɔn mmara a ɛfa aduaba a wɔabara a wodii ho no ne sɛ wɔn baanu nyinaa ‘kohintaw fii Yehowa Nyankopɔn anim.’ Adɛn ntia? Adam kae sɛ: “Misuroe, efisɛ meda adagyaw, na mihintawee.” (Genesis 3:8-10) Ná abusuabɔ a Adam ne ne soro Agya wɔ ne sɛnea na Adam hu ne ho no asesa. N’ani wui, na na ne ho yeraw no wɔ Yehowa anim.

Dɛn nti na na Ɔbonsam pɛ sɛ nidi a Adam wɔ no bɔ no? Efisɛ wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so, na nea Satan pɛ paa ne sɛ obehu sɛ nnipa nna Onyankopɔn anuonyam adi. (Genesis 1:27; Romafo 3:23) Eyi boa yɛn ma yɛte nea enti a wɔde nnipa anim atwitwiw fam fi bere tenteenten no ase. Satan a ɔyɛ “wiase yi nyame” no na wama su a ɛte saa rekɔ so wɔ ‘bere a onipa di onipa so tumi ma adan no bɔne’ yi mu. (2 Korintofo 4:4; Ɔsɛnkafo 8:9; 1 Yohane 5:19) So eyi kyerɛ sɛ nidi ankasa a nnipa wɔ ayera koraa?

Yehowa Di N’abɔde Ni

Wode san susuw asetra a na Adam ne Hawa wom wɔ Eden turom hɔ ansa na wɔreyɛ bɔne no ho hwɛ. Na wɔwɔ aduan pii, na wɔwɔ adwuma a ɛma wɔn ani gye ne apɔwmuden, na na wɔwɔ anidaso sɛ wɔne wɔn mma bɛtra ase daa. (Genesis 1:28) Ná wɔn asetra mu biribiara da no adi sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa na ɔwɔ atirimpɔw a nidi wom ma wɔn.

Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, nidi a na Yehowa wɔ ma nnipa no sesae anaa? Dabi. Yehowa hui sɛ na wɔn ani awu. Afei Onyankopɔn fi ɔdɔ mu “yɛɛ nhoma ntade” ma wɔde sii borɔdɔma ahaban a na wɔapompam ahyɛ no ananmu. (Genesis 3:7, 21) Sɛ́ anka Onyankopɔn bɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn aniwu nkɔ no, odii wɔn ni mmom.

Akyiri yi, bere a na Yehowa ne Israel man no redi no, ɔdaa mmɔborohunu adi kyerɛɛ nyisaa, akunafo, ne ahɔho. Eyinom yɛ nnipa bi a nkurɔfo taa yɛ wɔn basabasa. (Dwom 72:13) Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ sɛ wotwa wɔn mfuw mu nnuan, wɔporow wɔn ngodua so, na wɔtetew wɔn bobe so aba a, mma wɔnsan nkɔfa nea ɛbɛka akyiri no. Mmom no, Onyankopɔn hyɛe sɛ wonnyaw nea ɛbɛka no mma “ɔhɔho, ayisaa ne okunafo.” (Deuteronomium 24:19-21) Bere a wodii saa mmara no so no, amma obiara ansrɛ ade na wɔn a wodi hia buruburoo no mpo nyaa adwuma a nidi wom yɛe.

Yesu Dii Afoforo Ni

Bere a Onyankopɔn Ba Yesu Kristo wɔ asase so no, odii afoforo ni. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔwɔ Galilea no ɔbarima bi a na kwata aguare no baa no nkyɛn. Mose Mmara no kyerɛe sɛ, nea ɛbɛyɛ a kwata nsan afoforo nti, na ɛsɛ sɛ ɔkwatani teɛm sɛ: “Me ho ntew, me ho ntew!” (Leviticus 13:45) Nanso, saa ɔbarima yi anteɛm ammɔ kɔkɔ bere a ɔrebɛn Yesu no. Mmom no, ɔkɔhwee Yesu nan ase srɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ nkoaa a, wubetumi ama me ho afi.” (Luka 5:12) Dɛn na Yesu yɛe? Yesu anka ɔbarima no anim sɛ obuu Mmara no so, na saa ara nso na wammu n’ani angu ɔbarima no so. Mmom no, Yesu dii ɔkwatani no ni de ne nsa kaa no kae sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.”—Luka 5:13.

Ná Yesu ada no adi sɛ otumi sa yare bere a ɔmfa ne nsa nka nnipa no wɔ mmere bi mu, na mmere bi wɔ hɔ mpo a na nnipa no wɔ akyirikyiri. Nanso saa bere yi de, ɔde ne nsa kaa ɔbarima no. (Mateo 15:21-28; Marko 10:51, 52; Luka 7:1-10) Esiane sɛ na “kwata aguare” ɔbarima no nti, akyinnye biara nni ho sɛ ná obi de ne nsa kaa no akyɛ yiye. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne werɛ kyekyee sɛ obi de ne nsa kaa no! Akyinnye biara nni ho sɛ nea na ɔbarima no rehwehwɛ ara ne sɛ wɔbɛsa ne kwata no ama no. Na ɛda adi pefee sɛ ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no kwata no ma onyaa nidi nso. So yebetumi agye adi paa sɛ nnipa di nkurɔfo ni saa wɔ wiase a yɛte mu yi mu? Sɛ saa a, wɔyɛ no wɔ ɔkwan bɛn so?

Mmara a Ɛma Wodi Nnipa Ni

Yesu kaa asɛm a nnipa pii bu no sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a wonim no yiye sen biara a ɛfa nnipa ntam abusuabɔ ho no. Ɔkae sɛ: “Enti nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo biara no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Saa asɛm yi na ɛka obi ma obu ne yɔnko nipa, na ɔhwɛ kwan sɛ ne yɔnko no nso bɛyɛ saa ara.

Sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, egye mmɔdenbɔ na ama yɛatumi de saa mmara yi ayɛ adwuma. Nanso nea ɛtaa ba ne sɛ, nea afoforo mpɛ na wɔde yɛ wɔn. Ɔbarima bi a yɛbɛfrɛ no Harold ka sɛ: “Ná m’ani gye ho ankasa sɛ megu nkurɔfo anim ase. Na mitumi ka asɛm tiawa bi ma wɔyɛ basaa ma ɛhyɛ wɔn aniwu, na ɛtɔ da bi mpo a, wosu.” Nanso biribi sii a ɛmaa Harold sesaa sɛnea ɔyɛ afoforo basabasa no. Ɔka sɛ: “Yehowa Adansefo baa me hɔ mpɛn pii. Sɛ mekaakae nneɛma a meyɛe a, ɛyɛ me aniwu sɛ mɛdwennwen nsɛm a mekae ne sɛnea ɛtɔ da bi a na meyɛ afoforo basabasa no ho. Nanso, Adansefo no ampa abaw wɔ me ho da, na nkakrankakra no, Bible mu nokware kaa me koma ma me sesae.” Ɛnnɛ, Harold som sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu.

Harold suahu no ma yehu ankasa sɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na etumi wura biribi mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, ne dompe ne emu hon mu, na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.” (Hebrifo 4:12) Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi a ɛka obi koma ma ɔsesa ne nsusuwii ne ne nneyɛe. Ade titiriw a ɛma yedi afoforo ni ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebefi yɛn koma mu aboa afoforo sen sɛ yɛbɛma wɔadi yaw, na yɛadi wɔn ni mmom sen sɛ yebebu wɔn animtiaa.—Asomafo Nnwuma 20:35; Romafo 12:10.

Nnipa Bɛsan Anya Nidi Ankasa

Ɛyɛ saa ɔpɛ yi ara na ɛka Yehowa Adansefo ma wɔka anidaso a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Bible mu ho asɛm kyerɛ afoforo. (Asomafo Nnwuma 5:42) Ɔkwan pa a ɛsen biara a yebetumi akyerɛ obu na yɛadi yɛn yɔnko nnipa ni ne sɛ yɛbɛka “papa ho asɛmpa” akyerɛ wɔn. (Yesaia 52:7) “Nipasu foforo” a yɛbɛhyɛ no bɛma yɛakum “nkate bɔne” a ɛma yebu afoforo animtiaa no. Na ɛno nso ka “papa” a yɛbɛyɛ afoforo no ho. (Kolosefo 3:5-10) Afei nso, Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɛrenkyɛ obeyi tebea ne suban a ɛmma nnipa nni wɔn ho wɔn ho ni, ne Satan Ɔbonsam a ɔkɔfaa ɔhaw yi nyinaa bae no afi hɔ. (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10; Adiyisɛm 20:1, 2, 10) Ɛyɛ bere a “Yehowa ho nimdeɛ” bɛyɛ asase so ma nkutoo na obiara bɛsan anya nidi.—Yesaia 11:9, NW.

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua saa anidaso a ɛyɛ anigye yi ho ade. Sɛ wo ne Yehowa Adansefo bɔ a, w’ankasa wubehu sɛ sɛ wode Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛma wudi afoforo ni. Na wubehu sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni de “wiase foforo a ɛyɛ papa koraa” bɛba, ɛyɛ wiase a “wobedi nnipa nyinaa ni wom afebɔɔ.” Ɛyɛ bibiri a ɛbɛbam ankasa, na obiara remfa obi anim ntwitwiw fam bio.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Nokware a Wodii no Ma Wɔkɔɔ So Nyaa Nidi

Bere Wiase Ko II rekɔ so no, wɔde Yehowa Adansefo bɛboro 2,000 koguu Nasi nneduaban mu esiane wɔn gyidi nti. Bere a Gemma La Guardia Gluck a kan no na ɔyɛ deduani wɔ Ravensbrück no huu wɔn nokwaredi a ɛyɛ nwonwa no, ɔkae wɔ ne nhoma My Story (M’asɛm) mu sɛ: “Eduu bere bi no, Nasi polisifo no kae sɛ Bible Suani biara a ɔbɛpa ne gyidi na ɔde ne nsa ahyɛ krataa ase de akyerɛ saa no, wobeyi no afi nneduaban mu na wɔrentaa no bio.” Ɔkyerɛw wɔn a wɔampa wɔn gyidi no ho asɛm sɛ: “Ná wɔpɛ sɛ wɔkɔ so hu amane mmom na wɔtwɛn kosi sɛ wiase foforo no bɛba na wɔagye wɔn.” Adɛn nti na wɔampɛ sɛ wɔpa wɔn gyidi? Magdalena a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim a seesei ɔwɔ ne mfe 80 mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná nokware a yebedi ama Yehowa no so wɔ mfaso koraa sen sɛ yɛbɛfa ɔkwan bi so agye yɛn ho nkwa. Sɛ na yɛbɛkɔ so anya nidi a, na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di nokware.” *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 23 Sɛ wopɛ Kusserow abusua no ho nsɛm pii a, hwɛ September 1, 1985, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no Kratafa 10-15.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yesu dii wɔn a ɔsaa wɔn yare no ni

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa Adansefo ka “papa ho asɛmpa” de di afoforo ni