Marko Asɛmpa 10:1-52

  • Aware ne awaregyae (1-12)

  • Yesu hyiraa mmofra (13-16)

  • Ɔbarima sikani bi bisaa asɛm (17-25)

  • Nneɛma a wɔde bɔ afɔre ma Ahenni no (26-31)

  • Yesu kaa ne wu ho asɛm bio (32-34)

  • Yakobo ne Yohane kɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ biribi mma wɔn (35-45)

    • Yesu yɛ agyede ma nnipa bebree (45)

  • Ɔsaa onifuraefo Bartimeo yare (46-52)

10  Bere a ofii hɔ no, ɔsɔre baa Yudea ahye so wɔ Yordan agya, na nnipadɔm san boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.+  Ɛnna Farisifo baa ne nkyɛn, na na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ. Enti wobisaa no sɛ mmara ma kwan sɛ ɔbarima begyaa ne yere anaa.+  Obuaa wɔn sɛ: “Dɛn na Mose ka kyerɛɛ mo sɛ monyɛ?”  Wɔkae sɛ: “Mose maa kwan sɛ wotumi kyerɛw awaregyae krataa de gyaa ɔbea no.”+  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo komaden+ nti na ɔkyerɛw saa mmara yi maa mo.+  Nanso efi adebɔ mfiase no, ‘Ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea.+  Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ,+  na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’;+ ɛno nti wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro.  Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”+ 10  Bere foforo a na wɔwɔ fie no, n’asuafo no fii ase bisaa no eyi ho asɛm. 11  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware,+ na wayɛ ɔbea no bɔne. 12  Na sɛ ɔbea gyaa ne kunu na ɛno akyi ɔware foforo a, wasɛe aware.”+ 13  Afei nkurɔfo fii ase de mmofra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn,* nanso asuafo no kaa wɔn anim.+ 14  Bere a Yesu huu eyi no, anyɛ no dɛ koraa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea.+ 15  Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn Ahenni te sɛ abofra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.”+ 16  Na ɔyɛɛ mmofra no atuu, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.+ 17  Na bere a osii kwan so a ɔrekɔ no, ɔbarima bi tuu mmirika bebuu nkotodwe wɔ n’anim bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo Pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 18  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.+ 19  Wunim mmara no: ‘Nni awu,+ nsɛe aware,+ mmɔ korɔn,+ nni adanse a ɛnyɛ nokware,*+ nsisi obiara,+ di wo papa ne wo maame ni.’”+ 20  Ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, madi eyinom nyinaa so fi me mmofraase.” 21  Yesu hwɛɛ no, na ɔdɔɔ no, na ɔkae sɛ: “Aka wo ade baako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro; na bra bedi m’akyi.”+ 22  Na asɛm no haw no, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.+ 23  Ɛnna Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛbɛyɛ den paa ama asikafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ 24  Na ne nsɛm no yɛɛ asuafo no nwonwa. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mma, monhwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu! 25  Ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ 26  Wɔn ho dwiriw wɔn mpo sen kan no, na wobisaa no* sɛ: “Ɛnde, hena paa na wobetumi agye no nkwa?”+ 27  Yesu hwɛɛ wɔn anim, na ɔkae sɛ: “Nnipa fam de, ɛrentumi nyɛ yiye, nanso ɛnte saa wɔ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”+ 28  Petro fii ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa hɔ abedi w’akyi.”+ 29  Yesu kae sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, obiara nni hɔ a wagyaw ɔdan anaa nua mmarima anaa nua mmea anaa maame anaa papa anaa mma anaa nsaase, me ne asɛmpa no nti,+ 30  a ɔrennya no mmɔho 100 saa bere yi. Obenya adan ne nua mmarima ne nua mmea ne maamenom ne mma ne nsaase, na wɔbɛtan n’ani+ aka ho, na wanya daa nkwa wɔ wiase* a ɛreba no mu. 31  Nanso adikanfo pii bɛka akyi, na wɔn a wɔaka akyi abedi kan.”+ 32  Ná wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem, na na Yesu di wɔn anim, na wɔn ho dwiriw wɔn; na wɔn a wɔka ho no fii ase suroe. Afei ɔde Dumien no kɔɔ nkyɛn bio, na ofii ase kaa nea na ɛrebɛto no no kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 33  “Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no. Na wobeyi no ama amanaman mufo, 34  na wobedi ne ho agoru atetew ntasu agu no so na wɔabɔ no mmaa, na wɔakum no, nanso nnansa akyi no, obenyan.”+ 35  Na Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma+ no, kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ biribiara a yebebisa afi wo hɔ no, woyɛ ma yɛn.”+ 36  Obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 37  Wɔkae sɛ: “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa na baako nso ntena wo benkum wɔ w’anuonyam mu.”+ 38  Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa* a merebɛnom no? Anaa asu a wɔrebɛbɔ me no, mubetumi abɔ bi?”+ 39  Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yebetumi.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kuruwa* a merebɛnom no de, mobɛnom, na asu a wɔrebɛbɔ me no, wɔbɛbɔ mo bi.+ 40  Na me nifa ne me benkum so tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔasiesie ama wɔn no dea.” 41  Bere a edu a aka no tee no, wɔn bo fuw Yakobo ne Yohane.+ 42  Ɛnna Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ amanaman no ahemfo no di wɔn nkurɔfo so sɛ awuranom, na wɔn mu atitiriw no de wɔn tumi hyɛ wɔn so.+ 43  Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfo,+ 44  na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo nyinaa akoa. 45  Efisɛ onipa Ba no mpo amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+ 46  Na wɔbaa Yeriko. Na bere a ɔne n’asuafo no ne nnipadɔm bi refi Yeriko no, na Bartimeo (Timeo ba), onifuraefo a ɔsrɛsrɛ ade no te kwankyɛn.+ 47  Bere a ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu, Nasaretni no, ofii ase teɛteɛɛm sɛ: “Yesu, Dawid Ba,+ hu me mmɔbɔ!”+ 48  Ɛnna nnipa pii fii ase teɛteɛɛ no sɛ ɔnyɛ dinn. Nanso afei koraa na ɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 49  Enti Yesu gyinae, na ɔkae sɛ: “Momfrɛ no mma me.” Na wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka wo koma to wo yam! Sɔre; ɔrefrɛ wo.” 50  Ɛnna ɔtow n’ataade gui, na ɔsɔre kɔɔ Yesu nkyɛn. 51  Na Yesu bisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabuni,* ma minhu ade.” 52  Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ. Wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+ Na ntɛm ara ohuu ade,+ na ofii ase dii n’akyi wɔ kwan no so.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “onhyira wɔn.”
Anaa “adansekurum.”
Ebetumi nso akyerɛ, “na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho.”
Anaa “bere.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu sobo sɛ waka abususɛm na wɔakum no.
Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu sobo sɛ waka abususɛm na wɔakum no.
Anaa “kra.”
Ɛkyerɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfo.”