Ɔsɛnkafo 8:1-17

  • Nnipa a bɔne wɔ wɔn ho di tumi a (1-17)

    • Di ɔhene ahyɛde so (2-4)

    • Onipa di onipa so a, ewie no bɔne (9)

    • Sɛ wɔammu nneɛma bɔne ho atɛn ntɛm a (11)

    • Didi, nom, na gye w’ani (15)

8  Hena na ɔte sɛ onyansafo no? Na hena na onim sɛnea wɔsɔw ɔhaw ano?* Onipa nyansa ma n’anim tew, na sɛ waka n’anim asi so mpo a, ɛma ɔserew. 2  Mise: “Ntam a woaka Onyankopɔn nti,+ di ɔhene ahyɛde so.+ 3  Mpere wo ho mfi ɔhene anim nkɔ.+ Mfa wo ho mfɔrefɔre bɔne biara,*+ na obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara, 4  efisɛ ɔhene kasa a, na wakasa;+ na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: ‘Dɛn na woreyɛ yi?’” 5  Nea odi ahyɛde so no, ɔhaw* biara remma no so,+ na onyansafo koma behu bere a ɛfata, ɛne sɛnea wodi ade biara ho dwuma.*+ 6  Ade biara wɔ ne bere ne sɛnea wodi ho dwuma,*+ efisɛ nnipa haw dɔɔso. 7  Obiara nni hɔ a onim nea ɛbɛba, enti hena na obetumi akyerɛ ɔkwan a ɛbɛfa so aba? 8  Onipa biara nni honhom* no so tumi, na ɔrentumi nsiw honhom no kwan. Saa ara nso na obiara nni owuda so tumi.+ Sɛnea wɔmma obiara mfa ne ho nni wɔ ɔko bere mu no, saa ara nso na bɔne remma wɔn a wodi bɔne no mfa wɔn ho nni.* 9  Eyi nyinaa mahu, na mede me koma adi adwuma biara a wɔyɛ wɔ wiase no akyi. Saa bere no, mihui sɛ onipa di onipa so ma ewie no bɔne.*+ 10  Na mihui sɛ wɔresie abɔnefo, wɔn a na wodi kronkronbea hɔ akɔneaba no. Nanso ankyɛ na nnipa werɛ fii wɔn wɔ kurow a na wodi bɔne wom no mu.+ Eyi nso yɛ ahuhude. 11  Esiane sɛ wommu nneɛma bɔne ho atɛn ntɛm nti,+ nnipa asi wɔn bo sɛ wobedi bɔne.+ 12  Sɛ ɔbɔnefo yɛ bɔne mpɛn ɔha, na ɔtena ase kyɛ mpo a, minim sɛ ebesi wɔn a wosuro nokware Nyankopɔn no yiye, suro a wosuro no nti.+ 13  Na ɔbɔnefo de, ɛrensi no yiye,+ na ne nna a ɛte sɛ sunsuma no,+ ɔrentumi mma ɛnyɛ tenten, efisɛ onsuro Onyankopɔn. 14  Ahuhude bi kɔ so wɔ asaase so. Ɛne sɛ: Atreneefo bi wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn te sɛ nea wɔayɛ bɔne.+ Na abɔnefo bi nso wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn te sɛ nea wɔayɛ adetrenee.+ Mekae sɛ eyi nso yɛ ahuhude. 15  Enti mekae sɛ anigye ye,+ efisɛ adepa biara nni hɔ mma onipa wɔ wiase sen sɛ obedidi na wanom na wagye n’ani. Bere a onipa yɛ adwumaden wɔ ne nkwa nna mu,+ nna a nokware Nyankopɔn no de ama no wɔ wiase no, ɛsɛ sɛ ogye n’ani nso. 16  Mede me koma hwehwɛɛ nyansa, na mehwɛe sɛ mehu nnwuma a ɛrekɔ so wɔ asaase so no nyinaa.+ Ɛno nti, awia ne anadwo nyinaa, na menna.* 17  Afei misusuw nokware Nyankopɔn no nnwuma nyinaa ho, na mihui sɛ nea ɛkɔ so wɔ wiase no, nnipa ntumi nte ase.+ Sɛ nnipa bɔ wɔn ho mmɔden sɛ dɛn koraa a, wɔrentumi nte ase. Sɛ wɔka sɛ wonim nyansa mpo a, ɛnyɛ ade a wobetumi ate ase.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “onim biribi ase kyerɛ?”
Anaa “Nnyina bɔne biara afã.”
Anaa “bɔne.”
Anaa “ɛne atemmu.”
Anaa “ne atemmu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn bɔne rentumi nnye ɔbɔnefo.”
Anaa “ɔhome; mframa.”
Anaa “wohu amane; ekowie ɔhaw mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛno nti, awia ne anadwo nyinaa, nnipa nna.”