Mmebusɛm 14:1-35

  • Koma na enim n’awerɛhow (10)

  • Ɔkwan a ɛteɛ onipa ani so tumi kowie owu mu (12)

  • Ogyimifo gye asɛm biara di (15)

  • Osikani nnamfo dɔɔso (20)

  • Koma a edwo ma nipadua nya nkwa (30)

14  Ɔbea nyansafo si ne fi,+Na ɔbea kwasea de, ɔde ne nsa dwiriw ne de gu.  2  Nea ɔnantew trenee mu no suro Yehowa,Na nea n’akwan yɛ nnaadaa* no de, obu No animtiaa.  3  Ahantan abaa wɔ ɔkwasea anom,Na anyansafo ano de, ɛbɛbɔ wɔn ho ban.  4  Sɛ anantwi nni hɔ a, mmoa adididaka mu tew,Nanso nantwinini ahoɔden ma nnɔbae dɔɔso.  5  Ɔdansefo nokwafo renni atoro,Na ɔdansekurumfo de, otwa nkontompo daa.+  6  Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa, nanso onnya,Na onipa a ɔwɔ ntease de, ɔmmrɛ na wanya nimdeɛ.+  7  Twe wo ho fi ɔkwasea ho,Na worennya nimdeɛ wɔ n’anom.+  8  Nyansa ma onitefo hu baabi a ɔrekɔ,Na nkwaseafo de, wɔn ankasa nkwaseasɛm na ɛdaadaa wɔn.*+  9  Nkwaseafo de afodi* yɛ aseresɛm,+Na atreneefo de, wɔpɛ sɛ wosiesie wɔne nkurɔfo ntam.* 10  Koma na enim n’awerɛhow,*Na n’anigye nso, abɔntensoni biara rentumi nnya bi. 11  Wɔbɛsɛe abɔnefo fi,+Na atreneefo ntamadan de, ɛbɛyɛ frɔmfrɔm. 12  Ɔkwan bi wɔ hɔ a, ɛteɛ wɔ onipa ani so,+Nanso ekowie owu mu.+ 13  Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw,Na ahurusi tumi kowie awerɛhow mu. 14  Nea waman wɔ ne komam no, obetwa so aba,+Na onipa pa de, obenya ne nneyɛe so akatua.+ 15  Ogyimifo* gye asɛm biara di,Na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.+ 16  Onyansafo hwɛ ne ho yiye,* na ɔtwe ne ho fi bɔne ho,Na ɔkwasea de, biribiara mfa ne ho,* na ogye ne ho di dodo. 17  Nea ne bo fuw ntɛm no, odi nkwaseasɛm,+Na onipa a odwen nneɛma ho yiye no, wɔtan no. 18  Nea agyimifo* benya ne nkwaseasɛm,Na anyansafo de, wɔde nimdeɛ bɔ wɔn abotiri.+ 19  Abɔnefo bɛkotow apapafo anim,Na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano. 20  Ohiani ayɔnkofo mpo tan no,+Na osikani de, ne nnamfo dɔɔso.+ 21  Nea ɔmfa ne yɔnko nyɛ hwee no, wayɛ bɔne,Na nea ne yam hyehye no ma mmɔborɔwa no, n’ani gye.+ 22  Wɔn a wodwen adwemmɔne no, wɔremfom kwan anaa? Wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ papa no de, ɔdɔ a enni huammɔ ne nokware wɔ hɔ ma wɔn.+ 23  Adwumaden biara so wɔ mfaso,Na kasa kɛkɛ de, ohia na ɛde ba.+ 24  Anyansafo ahenkyɛw ne wɔn ahonyade;Na nkwaseafo agyimisɛm de, ɛyɛ nkwaseasɛm nko ara.+ 25  Ɔdansefo nokwafo gye nkwa,*Na ɔdaadaafo de, otwa nkontompo daa. 26  Nea osuro Yehowa no ahotoso yɛ kɛse,+Na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.+ 27  Yehowa suro yɛ nkwa asuti,Ɛdan onipa fi owu mfiri ho. 28  Nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam,+Na ɔhene a onni ɔmanfo de, n’ahwease ara ne no. 29  Nea ne bo mfuw ntɛm no, ɔwɔ nhumu pii,+Na nea ɔpere ne ho de, ɔma obiara hu ne nkwaseasɛm.+ 30  Koma a edwo ma nipadua nya nkwa,*Na ahoɔyaw de, ɛma nnompe porɔw.+ 31  Nea osisi mmɔborɔwa no, ɔyeyaw ne Bɔfo,+Na obiara a ne yam hyehye no ma ohiani no de, ɔhyɛ No anuonyam.+ 32  Ɔbɔnefo de, ɔno ara n’amumɔyɛ na ɛbɛma wahwe ase,Na ɔtreneeni de, n’abrabɔ a edi mu nti obenya ahobammɔ.*+ 33  Onipa a ɔwɔ ntease no, nyansa te ne komam dinn,+Na nkwaseafo de, wɔbɔ no dawuru. 34  Trenee ma ɔman nya anuonyam,+Na bɔne de, egu ɔman anim ase. 35  Akoa a ɔwɔ nhumu ma ɔhene ani gye,+Na nea ɔyɛ aniwude de, ɔhene bo fuw no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nea n’akwan akyea.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔde wɔn nkwaseasɛm daadaa afoforo.”
Anaa “asomdwoe a wɔbɛma aba wɔne nkurɔfo ntam.”
Anaa “wɔn mu na anisɔ wɔ.”
Anaa “ne kra awerɛhow.”
Anaa “Onipa a ne nimdeɛ sua.”
Anaa “suro ne ho.”
Anaa “ne bo fuw.”
Anaa “Nnipa a wɔn nimdeɛ sua.”
Anaa “akra.”
Anaa “apɔwmuden.”
Anaa “guankɔbea.”