Mmebusɛm 10:1-32
10 Solomon mmebusɛm.+
Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+Na ɔba kwasea de, ɔma ne maame di awerɛhow.
2 Agyapade a wɔnam ɔkwammɔne so nya no, mfaso biara remma so,Na trenee na egye onipa fi owu mu.+
3 Yehowa remma ɔkɔm nne ɔtreneeni,*+Na ɔbɔnefo de, nea ne kɔn dɔ no, ɔremma ne nsa nka.
4 Nsa a ɛnyɛ adwuma de ohia ba,+Na mmɔdenbɔfo* nsa de, ahonyade na ɛde ba.+
5 Ɔba a ɔwɔ nhumu boaboa nnɔbae ano ahohuru bere,Na ɔba a ne ho yɛ aniwu de, ɔda hatee twabere.+
6 Nhyira wɔ ɔtreneeni apampam,+Na abɔnefo ano de, ɛkata awudisɛm so.
7 Nea wɔde kae ɔtreneeni* bɛyɛ nhyira,+Na abɔnefo din de, ɛbɛporɔw.+
8 Koma mu nyansafo begye akwankyerɛ* atom,+Na nea ɔka nkwaseasɛm de, wobetiatia no so.+
9 Nea n’abrabɔ di mu no bɛnantew dwoodwoo,+Na nea ɔkyeakyea n’akwan de, wobehu no.+
10 Nea obubu n’ani de daadaa nkurɔfo no ma wodi yaw,+Na nea ɔka nkwaseasɛm no, wobetiatia no so.+
11 Ɔtreneeni ano yɛ nkwa asuti,+Na abɔnefo ano de, ɛkata awudisɛm so.+
12 Ɔtan na ɛsɛe nnipa ntam,Na ɔdɔ de, ɛkata bɔne nyinaa so.+
13 Nyansa wɔ onipa a ɔwɔ nhumu ano,+Na abaa wɔ hɔ ma nea onnim nyansa* akyi.+
14 Nimdeɛ som bo ma anyansafo,+Na ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.+
15 Osikani ahonyade ne ne kurow a wabɔ ho ban,
Na ahiafo de, wɔn hia na ɛsɛe wɔn.+
16 Ɔtreneeni nnwuma kowie nkwa mu;Na aba a ɔbɔnefo twa kowie bɔne mu.+
17 Nea otie nteɛso no ma nkurɔfo hu nkwa kwan,*Na nea ontie ɔkasakyerɛ no ma nnipa fom kwan.
18 Nea ɔkata ne tan so no twa nkontompo,+Na nea ɔnenam sɛe nkurɔfo din* no yɛ ɔkwasea.
19 Mfomso mpa kasa dodow mu,+Na nea ɔhwɛ n’ano yiye no yɛ onyansafo.*+
20 Ɔtreneeni tɛkrɛma te sɛ dwetɛ amapa,+Na ɔbɔnefo koma de, mfaso nni so.
21 Ɔtreneeni ano ma nnipa pii akwankyerɛ,*+Na nkwaseafo de, nyansa a wonni nti, wowuwu.+
22 Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo,+Na Ɔmfa yaw* biara nka ho.
23 Ɔkwasea reyɛ aniwude a, ɛyɛ no sɛ ɔredi agoru,Na nyansa yɛ onipa a ɔwɔ nhumu dea.+
24 Ade a ɔbɔnefo suro no, ɛbɛba ne so;Na atreneefo nsa bɛka nea wɔpɛ.+
25 Sɛ mframa a ano yɛ den bɛsen twam a, abɔnefo befi hɔ,+Na ɔtreneeni de, otim hɔ daa.+
26 Sɛnea nsã a emu kaw yɛ ɛse, na wusiw yɛ ani no,Saa ara na ɔkwadwofo yɛ nea ɔsoma no no.*
27 Yehowa suro ma nkwa tenten,+Na abɔnefo mfe de, wobetwa so.+
28 Nea atreneefo hwɛ kwan* de anigye bɛba,+Na abɔnefo anidaso de, ɛbɛyera.+
29 Yehowa kwan yɛ abannennen ma nea ne ho nni asɛm,+Na abɔnefo de, ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn.+
30 Wɔremma ɔtreneeni nhwe ase da;+Na abɔnefo de, wɔrentena asaase so bio.+
31 Ɔtreneeni ano sow nyansa aba,Na nkontompofo tɛkrɛma de, wobetwa afi hɔ.
32 Ɔtreneeni ano nim nea ɛsɔ ani,Na abɔnefo ano de, ɛyɛ nkontompo.
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “ɔtreneeni kra.”
^ Anaa “nsiyɛfo.”
^ Anaa “Ɔtreneeni din pa.”
^ Anaa “mmara nsɛm.”
^ Nt., “ne koma nni hɔ.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “ɔnam nkwa kwan so.”
^ Anaa “ɔtrɛw atesɛm mu.”
^ Anaa “ɔbadwemma.”
^ Anaa “ano yɛn nnipa pii.”
^ Anaa “awerɛhow; amanehunu.”
^ Anaa “n’adwumawura.”
^ Anaa “Atreneefo anidaso.”