Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Ama Onyankopɔn Ani Agye

Wubetumi Ama Onyankopɔn Ani Agye

Wubetumi Ama Onyankopɔn Ani Agye

SO YEBETUMI anya sɛnea Onyankopɔn te nka no so nkɛntɛnso? So Onyankopɔn ani betumi agye? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ asɛm “Onyankopɔn” ase sɛ “opumpuni.” Na sɛ saa onii a ɔkorɔn sen biara yi yɛ tumi bi ara kɛkɛ nso ɛ? So yebetumi ahwɛ kwan sɛ tumi bi a enni nipasu ani betumi agye? Dabida. Ɛnde, susuw nea Bible no ka fa Onyankopɔn ho no ho.

Yesu Kristo kae sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom.” (Yohane 4:24) Honhom yɛ nkwa a ɛyɛ soronko wɔ nnipa de ho. Ɛwom sɛ onipa aniwa ntumi nhu de, nanso honhom wɔ nipadua—“honhom nipadua.” (1 Korintofo 15:44; Yohane 1:18) Bible no de kasakoa di dwuma de ka Onyankopɔn ho asɛm mpo sɛ ɔwɔ aniwa, aso, nsa, ne nea ɛkeka ho. * Onyankopɔn nso wɔ din—Yehowa. (Dwom 83:18) Ɛnde, na Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no yɛ honhom mu nipa. (Hebrifo 9:24) “Ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene.”—Yeremia 10:10.

Sɛ ɔteasefo ankasa no, Yehowa tumi susuw nneɛma ho na otumi di ne nsusuwii ho dwuma. Ɔda su horow, nkate horow, ne nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ nso adi. Nokwarem no, wada nneɛma a ɛsɔ n’ani ne nea ɛnsɔ n’ani pii adi wɔ Bible no mu. Wɔ bere a anyame ne ahoni a nnipa ayɛ da su a nnipa a wɔyɛɛ wɔn no kura adi no, ade nyinaa so tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn yɛ nkate horow a ɔde adua nnipa mu no Fibea ankasa.—Genesis 1:27; Yesaia 44:7-11.

Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ne ‘anigye Nyankopɔn no.’ (1 Timoteo 1:11) Ɛnyɛ n’adebɔ ho nko na n’ani gye na mmom n’ani gye ho nso sɛ obedi n’atirimpɔw ho dwuma. Yehowa nam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ . . . Makasa, na mɛma aba mu; madwen, na mɛyɛ.” (Yesaia 46:9-11) Odwontofo no too dwom sɛ: “Ma [Yehowa, NW] ani nnye ne nnwuma mu.” (Dwom 104:31) Nanso biribi foforo wɔ hɔ a ɛma Onyankopɔn ani gye. Ɔka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam.” (Mmebusɛm 27:11) Susuw nea ɛno kyerɛ ho—yebetumi ama Onyankopɔn ani agye!

Ɔkwan Bɛn So na Yebetumi Ama Onyankopɔn Koma Ani Agye

Susuw sɛnea abusua ti, Noa, maa Yehowa koma ani gyei ho hwɛ. Noa “de, onyaa ɔdom wɔ [Yehowa, NW] anim” efisɛ na “ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu.” Nea ɛne abɔnefo a wɔtraa ase saa bere no de bɔ abira koraa no, Noa gyidi ne osetie a ɔyɛe no sɔɔ Onyankopɔn ani araa ma wotumi kae sɛ “Noa ne [nokware, NW] Onyankopɔn na ɛnantewee.” (Genesis 6:6, 8, 9, 22) “Gyidi na . . . Noa de daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye.” (Hebrifo 11:7) Yehowa ani sɔɔ Noa na ohyiraa ɔne n’abusua ma wonyaa nkwa wɔ saa adesamma abakɔsɛm basabasayɛ bere no mu.

Na tete agya Abraham nso nim sɛnea Yehowa te nka yiye paa. Nimdeɛ a na ɛkɔ akyiri a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn nsusuwii ho no daa adi pefee bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora nkurow no esiane wɔn ahohwibra nti no ho. Na Abraham nim Yehowa yiye araa ma ɔkae sɛ ɛmpare Onyankopɔn sɛ obekum treneeni ne ɔbɔnefo abom. (Genesis 18:17-33) Mfe bi akyi no, Abraham yɛɛ osetie maa Onyankopɔn akwankyerɛ na “ɔde Isak kɔbɔɔ afɔre,” efisɛ “osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu po.” (Hebrifo 11:17-19; Genesis 22:1-18) Abraham huu sɛnea Onyankopɔn te nka paa na ɔdaa gyidi a emu den ne osetie adi araa ma “wɔfrɛɛ no Onyankopɔn adamfo.”—Yakobo 2:23.

Ɔbarima foforo a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Onyankopɔn koma ani agye ne tete Israel hene Dawid. Ɛdefa ne ho no, Yehowa kae sɛ: “Mahu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a me koma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 13:22) Ansa na Dawid rekohyia ɔbran Goliat no, ɔde ne ho too Onyankopɔn so koraa na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Saul sɛ: “[Yehowa, NW] a oyii me gyata ne sisi nsam no, ɔno ara beyi me Filistini yi nsam.” Yehowa hyiraa Dawid ahotoso a onyaa wɔ ne mu no so, na ɛmaa Dawid tumi kum Goliat. (1 Samuel 17:37, 45-54) Na Dawid mpɛ sɛ ne nneyɛe nko na mmom ‘n’anom nsɛm bɛyɛ no fɛ, na ne komam nkɔmmɔ asɔ Yehowa ani.’—Dwom 19:14.

Na yɛn nso ɛ? Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so asɔ Yehowa ani? Dodow a yesua sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nneɛma ho no, dodow no ara na yebehu nea yebetumi ayɛ de ama Onyankopɔn koma ani agye. Ɛnde, bere a yɛkenkan Bible no, ɛho hia sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ahu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nneɛma ho sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ne pɛ mu hu bɛyɛ yɛn ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na yɛanantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’ (Kolosefo 1:9, 10) Nimdeɛ a yenya no boa hyɛ yɛn gyidi den. Eyi ho hia efisɛ “gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani.” (Hebrifo 11:6) Yiw, denam mmɔden a yɛbɛbɔ anya gyidi a emu yɛ den na yɛama yɛn abrabɔ ne Yehowa apɛde ahyia so no, yebetumi ama ne koma ani agye. Wɔ bere koro no ara no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛamma Yehowa anni yaw wɔ ne komam.

Mommma Onyankopɔn Nni Yaw

Yehu nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa betumi adi yaw wɔ kyerɛwtohɔ a ɛfa Noa nna no ho mu. Saa bere no, “na anuɔden ahyɛ asase so ma. Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ ɔhonam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so.” Onyankopɔn tee nka dɛn wɔ bere a ɔhwehwɛɛ ahohwibra ne basabasayɛ a ɛkɔɔ so no mu no? Bible no ka sɛ, “[Yehowa, NW] nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam.” (Genesis 6:5, 6, 11, 12) Onyankopɔn nuu ne ho esiane sɛ na nnipa suban ayɛ bɔne koraa ma enti ɔsesaa ne nsusuwii wɔ abɔnefo a na wɔte ase ansa na Nsuyiri no reba no ho. Esiane wɔn abɔnefosɛm a na Onyankopɔn ani nnye ho nti, ɔsesaa ne suban a ɛne sɛ ɔyɛ nnipa Bɔfo no bɛyɛɛ nnipa sɛefo.

Yehowa werɛ howee nso bere a n’ankasa nkurɔfo a wɔyɛ tete Israel man no kɔɔ so buu wɔn ani guu ne nkate ne n’akwankyerɛ a efi ɔdɔ mu so no. Odwontofo no bɔɔ abubuw sɛ: “Mpɛn ahe ara na wɔantew n’anim atua sare so, na wɔanhow ne werɛ nkyerekyerewa so! Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii.” Nanso, “ɔno de, ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkataa wɔn amumɔyɛ so, na wansɛe wɔn; na ɔtaa sianka n’abufuw, na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa.” (Dwom 78:38-41) Ɛwom mpo sɛ Israelfo atuatewfo no huu amane esiane nea efii wɔn ankasa bɔne a wɔyɛe mu bae no de, nanso Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ “wɔn ahohia nyinaa mu no, [Onyankopɔn] ho hiaa no.”—Yesaia 63:9.

Ɛmfa ho tema pii a Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ Israelfo no, “wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ [Yehowa, NW] abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.” (2 Beresosɛm 36:16) Awiei koraa no, wɔn kɔn a wɔasen wɔ atuatew mu no ‘hyɛɛ ne honhom kronkron no yaw’ koduu baabi a ɛma wɔhweree Yehowa anim dom. (Yesaia 63:10) Dɛn na efii mu bae? Onyankopɔn yii n’ahobammɔ fii wɔn so wɔ kwan a ɛfata so, na wohuu amane bere a Babilonfo dii Yuda so nkonim na wɔsɛe Yerusalem no. (2 Beresosɛm 36:17-21) Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ bere a nnipa paw sɛ wobedi asetra kwan a enye a ɛhyɛ wɔn Bɔfo no abufuw na ɛma odi awerɛhow akyi no!

Bible no ma yɛn adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn di yaw kɛse wɔ abrabɔ a ɛnteɛ ho. (Dwom 78:41) Nea ɛka nneɛma a ɛhyɛ Onyankopɔn abufuw na ɛyɛ akyiwade mpo ho ne ahantan, atorodi, awudi, ntafowayi, abosonkɔm, nananom som, abrabɔ a ɛho ntew, wɔn a wokura bɔbeasu koro ntam nna, nokware a wonni wɔ aware mu, mogyafra, ne ahiafo a wɔhyɛ wɔn so.—Leviticus 18:9-29; 19:29; Deuteronomium 18:9-12; Mmebusɛm 6:16-19; Yeremia 7:5-7; Malaki 2:14-16.

Yehowa te nka dɛn wɔ abosonsom ho? Exodus 20:4 ka sɛ: “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.” Dɛn ntia? Efisɛ ɔbosom ‘yɛ Yehowa akyide.’ (Deuteronomium 7:25, 26) Ɔsomafo Yohane bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.” (1 Yohane 5:21) Na ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “M’adɔfo, munguan abosonsom!”—1 Korintofo 10:14.

Hwehwɛ Onyankopɔn Anim Dom

Onyankopɔn ne ‘tẽefo na edi atirimsɛm.’ Na “wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani.” (Mmebusɛm 3:32; 11:20) Nea ɛne no bɔ abira no, ɛrenkyɛ na Onyankopɔn abufuw aba wɔn a wɔkɔ so fom no denam mpiyɛ mu a wofi bu nneɛma a ɔte nka sɛ ɛteɛ no animtiaa no. (2 Tesalonikafo 1:6-10) Nokwarem no, ɛrenkyɛ na ɔde amumɔyɛsɛm a abu so nnɛ no nyinaa aba awiei.—Dwom 37:9-11; Sefania 2:2, 3.

Nanso, Bible no ma emu da hɔ fann sɛ Yehowa ‘mpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) Nea ɔpɛ paa ne sɛ ɔbɛda ne dɔ adi akyerɛ atreneefo a wɔdɔ no no mmom sen sɛ obeyi n’abufuw adi akyerɛ wɔn a wɔpaw sɛ wɔrenyɛ nsakrae no. Ɛnyɛ nea Yehowa ani gye ho ne “ɔbɔnefo wu . , na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa.”—Hesekiel 33:11.

Enti, ɛnsɛ sɛ obi yɛ ma Yehowa abufuw ba no so. “[Yehowa, NW] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” (Yakobo 5:11) Enti, wubetumi afi ahotoso koraa a wowɔ wɔ sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nneɛma ho mu de ‘wo dadwen ne wo haw nyinaa ato no so, efisɛ odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Nya awerɛhyem sɛ wɔn a wɔma Onyankopɔn koma ani gye no wɔ akwanhwɛ a ɛyɛ nwonwa sɛ wobenya n’anim dom na wabɛyɛ wɔn nnamfo. Enti, ɛho abehia kɛse nnɛ sen bere biara sɛ ‘yɛbɛsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no ahwɛ.’—Efesofo 5:10.

Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn fi n’adom mu ada ne su ne ne nkate horow a ɛho wɔ nyam adi akyerɛ! Na wo nso betumi ama ne koma ani agye. Sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ saa a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no. Wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛma woahu nneɛma pa a wotumi yɛ bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Dɛn Nti na Bible no De Nipasu Ka Onyankopɔn Ho Asɛm?” no.

[Adaka wɔ kratafa 7]

Dɛn Nti na Bible no De Nipasu Ka Onyankopɔn Ho Asɛm?

Esiane sɛ “Onyankopɔn yɛ honhom” nti, yɛrentumi mfa yɛn aniwa nhu no. (Yohane 4:24) Enti, Bible no de kasakoa ahorow, te sɛ ntotoho, di dwuma de boa yɛn ma yɛte Onyankopɔn tumi, anuonyam, ne ne nnwuma ase. Enti, ɛwom mpo sɛ yennim sɛnea Onyankopɔn honhom nipadua te de, nanso Bible no ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔwɔ aniwa, aso, nsa, basa, nsateaa, anan, ne koma.—Genesis 8:21; Exodus 3:20; 31:18; Hiob 40:9; Dwom 18:9; 34:15.

Saa nsɛm a wɔde kyerɛkyerɛ ade mu yi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom nipadua no wɔ akwaa ahorow koro a nnipa wɔ no bi. Ɛnsɛ sɛ yɛfa kasakoa ahorow no sɛ ɛte saa ankasa. Ɛboa nnipa ma wɔte sɛnea Onyankopɔn te no ase yiye kɛkɛ. Sɛ wɔamfa kasakoa a ɛte saa anni dwuma a, ɛbɛyɛ den anaa ɛrenyɛ yiye mpo sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn te mu ma nnipa a wɔba fam ahu onii ko a ɔyɛ no. Nanso, na ɛno nkyerɛ sɛ nnipa na wɔbɔɔ wɔn tirim maa Yehowa Nyankopɔn nipasu. Bible no kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so—na ɛnyɛ Onyankopɔn na wɔbɔɔ no wɔ onipa suban so. (Genesis 1:27) Esiane sɛ Bible akyerɛwfo no kyerɛw Bible no “fi Nyankopɔn home mu” nti, Onyankopɔn nipasu a wɔakyerɛw ho asɛm no yɛ n’ankasa nsɛm a ɔde kyerɛkyerɛ ne nipasu mu—su koro no ara a ɔde ahyɛ adesamma a wɔyɛ n’abɔde mu wɔ akwan horow so no. (2 Timoteo 3:16, 17) Enti, sɛ́ anka ɛbɛyɛ su a nnipa na wɔde ama Onyankopɔn no, ɛyɛ Onyankopɔn mmom suban ankasa a ɔde abɔ onipa.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Noa nyaa Onyankopɔn anim dom

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Abraham huu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nneɛma ho

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Dawid de ne ho too Yehowa so koraa

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bere a wokenkan Bible no, wubetumi asua sɛnea wobɛma Onyankopɔn ani agye

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Courtesy of Anglo-Australian Observatory, photograph by David Malin