Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Yehowa “Asɛm” Mmɔ Wo Ho Ban

Ma Yehowa “Asɛm” Mmɔ Wo Ho Ban

Ma Yehowa “Asɛm” Mmɔ Wo Ho Ban

WƆ ƆKO bi a ɛkɔɔ so wɔ Marathon wɔ afe 490 A.Y.B. mu a wɔda so kae besi nnɛ no, Athensfo mpem 10 kosi mpem 20 na wɔne Persia asraafo a wɔn ho yɛ den sen wɔn koraa hyiae. Ade titiriw a ɛmaa Greecefo no dii nkonim ne sɛnea na asraafo no agyina abobɔ ho a wokurakura wɔn akyɛm ma ayɛ te sɛ ɔfasu a wontumi nnwiriw ngu no. Na wokurakura mpeaw nso. Saa kwan yi a Athensfo no faa so no na ɛma wodii nkonim kɛse wɔ Persiafo asraafo dɔm pii no so.

Nokware Kristofo reko wɔ honhom mu. Wɔne atamfo a wɔwɔ tumi na ɛreko—wɔn a wodi wiase nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ hɔ yi so a yɛn ani nhu wɔn; wɔn na Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “wiase yi sum mu atumfoɔ, . . . ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom.” (Efesofo 6:12; 1 Yohane 5:19) Onyankopɔn nkurɔfo kɔ so di nkonim, nanso ɛnyɛ wɔn ankasa ahoɔden so. Ɛho anuonyam no nyinaa yɛ Yehowa dea, ɔno na ɔbɔ wɔn ho ban na ɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔaka wɔ Dwom 18:30 no. Ɛhɔ ka sɛ: “[Yehowa, NW] asɛm mu tew, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a woguan toa no nyinaa.”

Yiw, Yehowa nam ‘n’asɛm’ a emu tew a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron mu no so bɔ abusuabɔ a ɛda ɔne ne nkoa anokwafo ntam ho ban na ansɛe. (Dwom 19:7-11; 119:93) Salomo kyerɛw nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho asɛm sɛ: “Nnyaw no, na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo.” (Mmebusɛm 4:6; Ɔsɛnkafo 7:12) Ɔkwan bɛn so na ɔsoro nyansa bɔ yɛn ho ban fi ɔhaw ho? Susuw tete Israelfo no nhwɛso ho hwɛ.

Nnipa Bi a Onyankopɔn Nyansa Bɔɔ Wɔn Ho Ban

Yehowa Mmara bɔɔ Israelfo no ho ban, na ɛkyerɛɛ wɔn kwan wɔ asetram biribiara mu. Sɛ nhwɛso no, aduan, ahotew, ne ayarefo a woyi wɔn kogu baabi ho mmara no bɔɔ wɔn ho ban fii nyarewa pii a na ɛtaa yɛ aman afoforo no ho. Afeha a ɛto so 19 yi ara mu na nyansahufo behui sɛ biribi wɔ hɔ a wɔfrɛ no ɔyare mmoawa, na ɛno ansa na wɔtee nneɛma ase sɛnea na Onyankopɔn Mmara akyerɛ no. Mmara a na ɛfa nsase, ogyefo, ɛka a wɔde kyɛ, ne mfɛntom ho no maa Israelfo no dii yiye, na ɛmaa wonyaa asomdwoe wɔ ɔman no mu maa nneɛma kɔɔ so yiye. (Deuteronomium 7:12, 15; 15:4, 5) Yehowa Mmara boae ma Israel asase no mpo nyinii! (Exodus 23:10, 11) Mmara a na etia atoro som no bɔɔ nkurɔfo no ho ban ma wɔsom Onyankopɔn nkutoo, na ɛbɔɔ wɔn ho ban fii ahonhonsɛmdi, mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre, ne nneɛma bɔne pii ho, na amma wɔansom ahoni a wontumi nkasa a na nnipa som wɔn a enye koraa no nso.—Exodus 20:3-5; Dwom 115:4-8.

Ɛda adi sɛ Israelfo no ammu Yehowa “asɛm” sɛ ɛyɛ “asɛnhunu”; mmom no, ɛbɔɔ wɔn a wodii so no nyinaa nkwa ho ban, na wɔn nna waree. (Deuteronomium 32:47) Ɛwom sɛ Kristofo nhyɛ Mmara apam no ase de, nanso wɔn a wodi Yehowa asɛm so nnɛ no nso benya saa nhyira no bi. (Galatifo 3:24, 25; Hebrifo 8:8) Nokwasɛm ne sɛ, wɔmfaa mmara pii nkyekyeree Kristofo, mmom no, wɔwɔ Bible nnyinasosɛm ahorow pii a ɛkyerɛ wɔn kwan na ɛbɔ wɔn ho ban.

Nnipa a Nnyinasosɛm Bɔ Wɔn Ho Ban

Mmara betumi ayɛ nea ɛfa nneɛma pɔtee bi ho na ebetumi aba sɛ wɔde bɛyɛ adwuma wɔ bere tiaa bi mu. Nanso, wɔtaa de Bible nnyinasosɛm a ɛyɛ nokwasɛm atitiriw no di dwuma wɔ nneɛma pii mu na wotumi de yɛ adwuma bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, susuw nnyinasosɛm a ɛwɔ Yakobo 3:17, a ne fã bi ka sɛ: “Nyansa a efi soro no, nea edi kan no ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe” no ho hwɛ. Ɔkwan bɛn so na saa nokwasɛm titiriw yi betumi abɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban nnɛ?

Sɛ wɔka sɛ obi ho tew a, ɛkyerɛ sɛ ɔbɔ bra pa. Enti, wɔn a wobu ahotew sɛ ɛsom bo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkwati ɔbrasɛe ne nneɛma mpo a ebetumi ama wɔde wɔn ho akɔhyɛ ɔbrasɛe mu nso. Ebi ne ɔbea ne ɔbarima ntam nna ne nguamansɛm ho dwen. (Mateo 5:28) Saa ara na wɔn a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware a wɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Yakobo 3:17 yɛ adwuma no kwati sɛ wɔbɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛkɔ akowie bɔne mu. Esiane sɛ wɔma nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan nti, wɔmma biribiara ntwe wɔn mfi nea ɛho tew a wɔbɛyɛ ho, na amma wɔannya adwene sɛ mmere dodow a wɔnhyɛɛ da mmuu Onyankopɔn mmara so de, Yehowa ani sɔ wɔn abrabɔ. Wonim sɛ Yehowa ‘hwɛ komam’ na ɛno na ogyina so bu atɛn. (1 Samuel 16:7; 2 Beresosɛm 16:9) Esiane sɛ wɔn a wɔyɛ wɔn ade nyansam saa no de Onyankopɔn nnyinasosɛm bɔ wɔn bra nti, wɔbɔ wɔn nipadua ho ban fi nna mu nyarewa pii a abu so nnɛ no ho na ɛma wɔn adwenem tew na wonya asomdwoe nso.

Yakobo 3:17 ka sɛ Onyankopɔn nyansa ‘pɛ asomdwoe’ nso. Yenim sɛ Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe yɛn afi Yehowa ho denam basabasayɛ ho adwene a ɔde hyɛ yɛn komam so, na ɔkwan biako a ɔfa so yɛ saa ne sɛ ɔbɛma yɛakenkan nhoma a asɛm wɔ ho, na yɛahwɛ sini, atie nnwom, adi kɔmputa so agoru a asɛm wɔ ho—kɔmputa so agodie no bi wɔ hɔ a ɛka wɔn a wɔde wɔn ho hyem no ma wɔyɛ atirimɔdensɛm na wokum nnipa! (Dwom 11:5, NW) Basabasayɛ a ɛrenya nkɔanim no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Satan redi nkonim. Mfe bi a atwam no Australia atesɛm krataa, Sydney Morning Herald no faa Robert Ressler asɛm kae wɔ basabasayɛ a ɛte saa ho. Ressler a obisabisaa awudifo bi nsɛm wɔ 1970 mfe no mu no kae sɛ nea ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ saa no yɛ nguamansɛm ho mfonini a “ennu nea ɛwɔ hɔ nnɛ.” Enti Ressler kae sɛ “nea ɛbɛba daakye no nye koraa—ɛbɛyɛ afeha foforo a awudifo a wɔakwadare mu bɛdɔɔso.”

Nokwasɛm ne sɛ, atesɛm krataa no kaa saa asɛm no akyi asram kakraa bi pɛ na ɔbarima bi de tuo kunkum mmofra 16 ne wɔn kyerɛkyerɛfo wɔ mmotafowa sukuu bi mu wɔ Dunblane, Scotland, na owiei no ɔno nso kum ne ho. Ɔsram a edi hɔ no, ɔbarima foforo a obi anhu nea ɛkaa no kum nnipa 32 wɔ Tasmania kurow Port Arthur a emu yɛ dinn a ɛwɔ Australia no mu. Nnansa yi ara wɔakunkum nnipa pii wɔ sukuu ahorow mu wɔ United States, ma ama Amerikafo bisa sɛ, Dɛn ntia? Wɔ June 2001 mu no, wɔbɔɔ Japan din mpɛn pii wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu wɔ wiase nyinaa bere a ɔbarima bi a n’ani so krakra bɔ wuraa sukuu bi mu na ɔde sekan wowɔɔ mmofra baawɔtwe a wɔn mu biara adi bɛyɛ mfe 8 na otwitwaa nnipa bɛyɛ 15 kaa ho no. Ɛwom sɛ nneɛma pii na ɛkɔfa saa awudi no ba de, nanso yehu sɛ basabasayɛ a wɔtaa yi kyerɛ no nso ka ho bi. Australiani sɛnkyerɛwfo Phillip Adams kyerɛwee sɛ: “Sɛ aguade ho dawurubɔ a wɔyɛ no simma biako tumi ma wɔtɔ nneɛma pii a, ɛnde nka nkyerɛ me sɛ sini a woyi no nnɔnhwerew abien ntumi nsesa nnipa suban.” Anwonwasɛm ne sɛ, polisifo huu video ahorow 2,000 a basabasayɛ ne nguamansɛm ahyɛ mu ma wɔ ɔbarima a ɔde tuo kunkum nnipa wɔ Port Arthur no fie.

Wɔn a wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra no bɔ wɔn adwene ne wɔn koma ho ban fi anigyede biara a ɛbɛma wɔanya basabasayɛ ho anigye ho. Enti, “wiase honhom” no nnya wɔn adwene ne wɔn akɔnnɔ so nkɛntɛnso. Mmom, Onyankopɔn “honhom no kyerɛkyerɛ” wɔn, na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya honhom aba no a asomdwoe ka ho no ho anigye na wɔada no adi. (1 Korintofo 2:12, 13; Galatifo 5:22, 23) Wɔnam Bible adesua a wɔyɛ no daa, mpaebɔ ne nneɛma a ɛhyɛ nkuran a wodwennwen ho so na wɔyɛ saa. Wɔne nnipa a wɔn adwene tɔ kɔ basabasayɛ so mmɔ fekuw, na wɔne wɔn a wɔn nso pɛ sɛ wonya Yehowa wiase foforo a asomdwoe wom te sɛ wɔn ara no mmom na ɛbɔ fekuw. (Dwom 1:1-3; Mmebusɛm 16:29) Yiw, hwɛ sɛnea Onyankopɔn nyansa yɛ ahobammɔ!

Ma Yehowa “Asɛm” Mmɔ Wo Koma Ho Ban

Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ sare so no, ɔfaa asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu de bɔɔ Satan adwene no gui. (Luka 4:1-13) Nanso, na ɛnyɛ sɛ ɔne Ɔbonsam reyiyi nsɛm ano ma wahu nea waben sen ne yɔnko. Yesu gyinaa Kyerɛwnsɛm no so fii ne komam kasae, ɛno nti na Ɔbonsam nnɛɛdɛe a ɔde dii dwuma wɔ Eden turom no annya Yesu no. Sɛ yɛn nso yɛde Yehowa asɛm hyɛ yɛn koma mã a, Satan nnɛɛdɛe no rennya yɛn. Biribiara nni hɔ a ɛho hia sen saa, efisɛ “[koma no mu] na nneyɛe nyinaa fi.”—Mmebusɛm 4:23.

Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ yɛn koma ho ban, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw da. Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ sare no so a wɔannya no no, wamma anso hɔ ara. (Luka 4:13) Saa ara na ɔbɛkɔ so asɔ yɛn nso ahwɛ, ɔbɛfa nnɛɛdɛe pii so sɛ ɔbɛma yɛato Onyankopɔn mmara. (Adiyisɛm 12:17) Enti, momma yensuasua Yesu na yɛn nso yennya Onyankopɔn Asɛm ho anigye kɛse, na bere koro no ara yɛmmɔ mpae daa nhwehwɛ honhom kronkron ne nyansa. (1 Tesalonikafo 5:17; Hebrifo 5:7) Yehowa de, ɔhyɛ wɔn a wɔde no ayɛ wɔn guankɔbea nyinaa bɔ sɛ ɔbɛbɔ ɔne wɔn ntam abusuabɔ ho ban na ansɛe.—Dwom 91:1-10; Mmebusɛm 1:33.

Onyankopɔn Asɛm Bɔ Asafo no Ho Ban

Satan ntumi nsiw “nnipakuw kɛse” a wɔahyɛ wɔn ho nkɔm sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu kwan. (Adiyisɛm 7:9, 14) Nanso, ɔda so ara rebɔ mmɔden denneennen sɛ ɔbɛsɛe Kristofo adwene sɛnea ɛbɛyɛ a anyɛ yiye koraa no ebinom bɛhwere Yehowa anim dom. Saa nnɛɛdɛe a ɔfaa so no nyaa Israelfo no maa nnipa 24,000 wuwui wɔ Bɔhyɛ Asase no aboboano pɛɛ. (Numeri 25:1-9) Ɛwom, Kristofo a wɔayɛ bɔne a wofi wɔn komam nu wɔn ho no nya mmoa a efi ɔdɔ mu, na wɔatumi asan asiesie wɔne Onyankopɔn ntam. Nanso abɔnefo a wɔte sɛ Simri a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu a wonnu wɔn ho no de afoforo abrabɔ ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no to asiane mu. (Numeri 25:14) Te sɛ asraafo a wɔagyina abobɔ ho a wɔato wɔn akyɛm agu no, biribiara betumi apira wɔn ankasa ne wɔn ahokafo a wɔka wɔn ho no nso.

Enti, Bible hyɛ yɛn sɛ: “Mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo anaa ɔpoobɔfo mmmɔ, na mo ne saa nipa no nnnidi mpo. . . . Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu.” (1 Korintofo 5:11, 13) Wunnye ntom sɛ saa “asɛm” a nyansa wom yi bɔ Kristofo asafo no ho ban wɔ abrabɔ ne ɔsom fam?

Nea ɛne eyi nhyia koraa no, Kristoman asɔre ahorow no ne awaefo bu Bible mu nsɛm a ɛkasa tia ɔbra a nkurɔfo rebɔ nnɛ no sɛ ne bere atwam. Enti, wɔma bɔne a anibere wom nyinaa ho kwan, wɔ asɔfokuw no mu mpo. (2 Timoteo 4:3, 4) Nanso, hyɛ no nsow sɛ ahyɛde a ɛwɔ Mmebusɛm 30:6 a edi Mmebusɛm 30:5 so a ɛka sɛ Yehowa “asɛm” yɛ ɔkyɛm no ka sɛ: “Mfa biribi nka [Onyankopɔn] nsɛm ho, na wanka w’anim, na wɔanhu wo sɛ ɔtorofo.” Yiw, wɔn a wokyinkyim Bible mu nsɛm no yɛ Onyankopɔn asɛm ho atorofo ankasa—wɔyɛ atorofo a wɔfata asotwe ankasa! (Mateo 15:6-9) Ɛnde, momma yɛnkyerɛ anisɔ sɛ yɛwɔ ahyehyɛde bi a ɛkyerɛ obu ma Onyankopɔn Asɛm mu.

‘Ehua’ Huamhuam Bi Bɔ Yɛn Ho Ban

Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo di Bible no akyi na wɔka emu awerɛkyekyesɛm kyerɛ afoforo nti, woyi “hua” bi a ɛte sɛ aduhuam a ɛma nkwa a ɛma Yehowa ani gye. Nanso nnipa a wɔnteɛ no de, sɛnea J. B. Phillips nkyerɛase no ka no, wobu wɔn a wɔka saa asɛm yi sɛ woyi “hua a ɛkɔ owu mu.” Yiw, Satan wiase no ama sɛnkyerɛnne kwan so hua a abɔnefo te no asɛe wɔn ma wɔn ho yeraw wɔn esiane wɔn a woyi “Kristo hua” huamhuam no nti. Nanso, wɔn a wɔde nnamyɛ reka asɛmpa no bɛyɛ “Kristo hua ma Onyankopɔn wɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa . . . mu.” (2 Korintofo 2:14-16) Nyaatwom ne atoro nkyerɛkyerɛ a agye ntini wɔ atoro som mu no taa yɛ nnipa komapafo yi abofono. Enti, sɛ yebue Onyankopɔn Asɛm na yɛka Ahenni asɛm no kyerɛ wɔn a, wɔte nka sɛ wɔabɛn Kristo na wɔpɛ sɛ wosua pii.—Yohane 6:44.

Enti sɛ ebinom antie Ahenni asɛm no a, mma w’abam mmu. Mmom no, bu “Kristo hua” huamhuam no sɛ ɛyɛ honhom fam ahobammɔ a ɛpam nnipa abɔnefo pii fi honhom fam tebea a Onyankopɔn nkurɔfo wom no ho, na bere koro no ara ɛtwe wɔn a wɔwɔ koma pa ba mu.—Yesaia 35:8, 9.

Esiane sɛ Greece asraafo a na wɔwɔ Marathon no gyina bobɔɔ ho na wɔde wɔn ahoɔden nyinaa kuraa wɔn mpeaw nti, wodii nkonim ɛmfa ho sɛ na wɔn atamfo no dɔɔso sen wɔn no. Saa ara na wɔama Yehowa Adansefo anokwafo awerɛhyem sɛ wobedi nkonim koraa wɔ wɔn honhom mu ko no mu, efisɛ ɛno ne wɔn “agyapade.” (Yesaia 54:17) Enti, momma yɛn mu biara nkɔ so mfa Yehowa nyɛ ne guankɔbea denam “nkwa asɛm no” a yebekura “mu denneennen” so.—Filipifo 2:16.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

‘Nyansa a efi soro no, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe’