Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo 2:1-16
2 Enti anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn no, ɛnyɛ nsɛm akɛse+ anaa nyansa a ɛtra so na mede bɛkaa Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ no kyerɛɛ mo.
2 Na bere a mewɔ mo nkyɛn no, mebɔɔ me tirim sɛ meremfa m’adwene nsi biribiara so, gye Yesu Kristo, ne bɔ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no.+
3 Na mede mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree na ɛbaa mo nkyɛn;
4 ɛnyɛ anyansasɛm a wɔde dɛfɛdɛfɛ nnipa na mede kasae, na ɛnyɛ ɛno na mede yɛɛ asɛnka adwuma no, na mmom honhom ne tumi ho adanse na mede mae,+
5 na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.
6 Na yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔanyin,+ nanso ɛnyɛ wiase yi* nyansa anaa wiase yi mu atumfo a wobeyi wɔn afi hɔ no nyansa.+
7 Mmom no, Onyankopɔn nyansa a wada no adi wɔ ahintasɛm kronkron+ bi mu no, ɛno ho asɛm na yɛka. Saa nyansa no, Onyankopɔn de siei, na ɔhyehyɛ too hɔ ansa na wiase yi* reba sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn anuonyam.
8 Nyansa yi na wiase yi* atumfo no mu biara anhu,+ na sɛ wohui a, anka wɔankum Awurade a ɔwɔ anuonyam no.*
9 Na mmom sɛnea wɔakyerɛw no: “Nneɛma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no, ani nhui, na aso ntee, na ɛmmaa nnipa koma mu da.”+
10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so+ ayi saa nneɛma no adi akyerɛ yɛn,+ efisɛ honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no+ mpo mu.
11 Onipa betumi ahu nea ɛwɔ ne yɔnko nipa tirim anaa? Daabida. Nea ɛwɔ obi tirim de, onii no koma* nko ara na enim. Saa ara na obiara rentumi nhu nea ɛwɔ Onyankopɔn tirim, gye Onyankopɔn honhom.
12 Yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Onyankopɔn hɔ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nneɛma a Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn no.
13 Saa nneɛma yi na yɛn nso yɛka; ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ+ na yɛde ka, na mmom nea wɔde honhom no kyerɛkyerɛ,+ na yɛde honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu.
14 Nanso nea odi n’akɔnnɔ akyi no nnye nneɛma a efi Onyankopɔn honhom mu no ntom, na ɛyɛ nkwaseasɛm ma no; na ɔrentumi nhu mu, efisɛ wɔde honhom na ɛhwehwɛ mu.
15 Na nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan de, ɔhwehwɛ nneɛma nyinaa mu,+ nanso ɔno de, onipa biara nhwehwɛ ne mu.
16 Na “hena na wahu Yehowa* adwene a obetumi akyerɛkyerɛ no?”+ Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “mmere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “wɔammɔ Awurade a ɔwɔ anuonyam no asɛndua mu.”
^ Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Nt., “honhom.”