Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan 5:1-28
5 Afei anuanom, nna no ne mmere no de, enhia sɛ wɔkyerɛw ho biribiara brɛ mo.
2 Na mo ara munim yiye sɛ Yehowa* da+ no reba te sɛ nea ɔkorɔmfo ba anadwo no.+
3 Sɛ ɛba sɛ wɔreka sɛ: “Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ!”* a, ɛnde mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so prɛko pɛ+ sɛnea awo mu yaw* ba ɔbea a ɔnyem so no; na wɔrentumi nguan da.
4 Nanso anuanom, mo de, munni sum mu na saa da no abɛto mo mpofirim te sɛ nea adekyee hann pue akorɔmfo so no,
5 efisɛ mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma.+ Yɛnyɛ adesae anaa esum dea.+
6 Ɛno nti, mommma yɛnnna te sɛ wɔn a aka no,+ na mmom momma yɛnwɛn+ na yɛmma yɛn ani nna hɔ.+
7 Efisɛ wɔn a wɔda no, wɔda anadwo, na wɔn a wɔbow nsã no, wɔbow anadwo.+
8 Na yɛn a yɛyɛ adekyee dea no de, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo, na yɛnhyɛ nkwagye anidaso no sɛ dade kyɛw.+
9 Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn sɛ ɔbɛtwe yɛn aso,* na mmom oyii yɛn sɛ yɛmfa Awurade Yesu Kristo so nnya nkwa.+
10 Owu maa yɛn,+ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛada* oo, sɛ yɛnnae oo, yɛne no bɛtena nkwa mu.+
11 Enti monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran* na monhyehyɛ mo ho den,+ sɛnea moreyɛ no ara.
12 Afei anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu a wodi mo anim wɔ Awurade mu na wotu mo fo no;
13 na esiane adwuma a wɔreyɛ no nti, momfa nidi soronko mma wɔn, na monnɔ wɔn.+ Obiara ne ne yɔnko ntena asomdwoe mu.+
14 Bere koro no ara, anuanom, yetu mo fo sɛ wɔn a wɔnenam basabasa+ no, mommɔ wɔn kɔkɔ;* wɔn a wɔabotow* no, monkyekye wɔn werɛ; wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, mommoa wɔn; munnya nnipa nyinaa ho abotare.+
15 Monhwɛ na obiara amfa bɔne antua obiara bɔne so ka,+ na mmom bere nyinaa, obiara nhwehwɛ nea eye mma ne yɔnko ne nnipa a aka nyinaa.+
16 Momma mo ani nnye daa.+
17 Munnnyae mpaebɔ da.+
18 Monna ase wɔ biribiara ho.+ Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ wɔ Kristo Yesu mu.
19 Munnnum honhom no gya no.+
20 Mummmu nkɔmhyɛ animtiaa.+
21 Monhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa;+ na munso nea eye no mu pintinn.
22 Montwe mo ho mfi bɔne biara ho.+
23 Asomdwoe Nyankopɔn no ankasa ntew mo ho koraa. Na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra* ne mo nipadua a dɛm biara nni ho no yiye, na asɛm biara amma ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mmae no mu.+
24 Nea ɔrefrɛ mo no yɛ ɔnokwafo, na sɛnea ɛte biara, ɔbɛyɛ.
25 Anuanom, monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn.+
26 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.
27 Meka no denneennen kyerɛ mo wɔ Awurade mu sɛ monkenkan krataa yi nkyerɛ anuanom nyinaa.+
28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “Asomdwoe ne dwoodwoo!”
^ Anaa “awoko yaw.”
^ Anaa “Onyankopɔn anyi yɛn sɛ ne bo befuw yɛn.”
^ Anaa “yɛawuwu.”
^ Anaa “monkɔ so nkyekye mo ho werɛ.”
^ Anaa “monkasa nkyerɛ wɔn.”
^ Anaa “wɔn a wɔn aba mu abu.” Nt., “wɔn a wɔn kra sua.”
^ Anaa “nkwa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.