Numeri 25:1-18

  • Israelfo ne Moabfo mmea yɛɛ bɔne (1-5)

  • Finehas yɛɛ ho biribi (6-18)

25  Bere a Israelfo te Sitim+ no, wofii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman.+  Sɛ wɔrebɔ afɔre ama wɔn anyame a, na mmea no frɛfrɛ Israelfo no kɔ ase,+ enti Israelfo no fii ase didii na wɔsom wɔn anyame no.+  Enti Israel kɔsom* Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuw Israel denneennen.  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa ɔman yi mu mpanyimfo* nyinaa, na sɛn wɔn wɔ Yehowa anim awia ketee,* sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa abufuhyew bɛdan afi Israel so.”  Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no+ sɛ: “Mo mu biara nkunkum ne mmarima a wɔkɔsom* Baal-Peor no.”+  Emu hɔ ara na Israelni bi kɔfaa Midianni bea bi+ baa ne nuanom mu wɔ Mose ne Israel asafo no nyinaa anim bere a wogyinagyina ahyiae ntamadan no ano resu no.  Bere a ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Finehas+ hui no, ntɛm ara na ɔsɔre fii asafo no mu, na ɔkɔfaa peaw kurae.  Na odii Israelni barima no akyi kɔɔ ntamadan no mu, na ɔde peaw no wɔɔ wɔn baanu mu, Israelni barima no ne ɔbea no nyinaa, ma epuee ɔbea no ayaase. Na ɔhaw a ɛbaa Israelfo so no to twae.+  Wɔn a ɔhaw no nti wowuwui no dodow yɛ 24,000.+ 10  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11  “Finehas,+ ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba no ayi m’abufuw afi Israelfo no so, efisɛ bɔne a na ɔman no reyɛ tia me no, wansosɔ so koraa.+ Wanyɛ saa a, anka mɛsɛe Israelfo no efisɛ mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ 12  Enti ka kyerɛ no sɛ: ‘Me ne no reyɛ asomdwoe apam. 13  Na ɛbɛyɛ asɔfodi apam daa ama ɔne n’asefo nyinaa,+ efisɛ bɔne a na ɔman no reyɛ atia ne Nyankopɔn no, wansosɔ so koraa,+ na ɔpata maa Israelfo no bɔne.’” 14  Israelni barima a wokum ɔne Midianni bea no din de Simri, Salu a ɔyɛ panyin wɔ Simeon agyanom abusuafi no ba. 15  Midianni bea a wokum no no din de Kosbi, na na ɔyɛ Sur+ ba. Ná Sur yɛ Midianfo+ agyanom abusuafi mmusua no baako panyin. 16  Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17  “Monteetee Midianfo no na munkunkum wɔn,+ 18  efisɛ wɔn nso teetee mo bere a wɔdaadaa mo ma moyɛɛ bɔne wɔ Peor asɛm no ho no.+ Bio nso, wɔteetee mo bere a wɔnam Midian abusuapanyin bi babea Kosbi asɛm no so ma moyɛɛ bɔne no; wɔn nuabea yi na wokum no,+ da a Peor asɛm no kɔfaa ɔhaw bae no.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “de ne ho bɔɔ.”
Anaa “atitiriw.”
Nt., “owia anim.”
Anaa “wɔde wɔn ho kɔbɔɔ.”