Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere A Onyankopɔn Ahenni Begye Yɛn No Abɛn!

Bere A Onyankopɔn Ahenni Begye Yɛn No Abɛn!

Bere A Onyankopɔn Ahenni Begye Yɛn No Abɛn!

“W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.”—MAT. 6:10.

1. Ná dɛn ne Yesu nkyerɛkyerɛ titiriw?

YESU KRISTO kaa mpaebɔ nhwɛso a ɔde bɔɔ ne nkyerɛkyerɛ titiriw mua no ho asɛm wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” (Mat. 6:9-13) Yesu tutuu “akwan kɔɔ nkurow ne nkuraa mu kaa asɛm, na ɔpaee mu kaa Nyankopɔn ahenni ho asɛmpa.” (Luka 8:1) Kristo hyɛɛ n’akyidifo no nkuran sɛ: ‘Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.’ (Mat. 6:33) Sɛ woresua adesua asɛm yi a, hwehwɛ akwan a wobɛfa so de emu nsɛm no ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea wubetumi abua saa nsɛmmisa yi ho: Ahenni no ho asɛm a yɛka no ho hia dɛn? Dɛn na ehia sɛ wogye adesamma fi mu? Na ɔkwan bɛn na Onyankopɔn Ahenni no bɛfa so agye yɛn?

2. Ahenni no ho asɛm a yɛka no ho hia dɛn?

2 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ne asɛm a ɛho hia sen biara. Ɛte saa, efisɛ ɛno ne asɛm a ɛho hia sen biara wɔ wiase yi mu! Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 100,000 a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, Onyankopɔn asomfo bɛyɛ ɔpepem ason de wɔn ho ahyɛ asɛnka adwuma a wɔnyɛɛ bi saa da mu, na wɔreka kyerɛ afoforo sɛ, wɔde Ahenni no asi hɔ. Ahenni no a wɔde asi hɔ no yɛ asɛmpa, efisɛ ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn de nniso bi asi hɔ wɔ soro a ebedi asase nyinaa so. Wɔ Ahenni nniso no ase no, wɔbɛyɛ Yehowa apɛde wɔ asase so sɛnea wɔreyɛ wɔ soro no.

3, 4. Sɛ Onyankopɔn apɛde yɛ hɔ wɔ asase so a, dɛn na ɛbɛba?

3 Sɛ Onyankopɔn apɛde yɛ hɔ wɔ asase so a, dɛn na nnipa benya? Yehowa “[bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.” (Adi. 21:4) Nnipa renyare anaasɛ wɔrenwuwu esiane bɔne ne sintɔ a wonya fii awo mu nti. Awufo a Onyankopɔn kae wɔn no benya hokwan atra ase daa, efisɛ Bible ka sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.” (Aso. 24:15) Ɔko, yare, anaa ɔkɔm remma bio, na wɔbɛdan asase ma ayɛ paradise. Mmoa a ɛnnɛ wɔn ho yɛ hu mpo ne nnipa ne mmoa foforo bɛtra asomdwoe mu.—Dw. 46:9; 72:16; Yes. 11:6-9; 33:24; Luka 23:43.

4 Esiane sɛ Ahenni no de nhyira a ɛyɛ anigye saa bɛba nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible nkɔmhyɛ no ka asetra a ɛbɛkɔ so saa bere no ho asɛm awerɛkyekye so sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Na wɔn a wɔyɛ basabasa no nso ɛ? Kyerɛwnsɛm no ka siei sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ.” Nanso, “wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi.”—Dw. 37:9-11.

5. Dɛn na ɛbɛba nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi so?

5 Sɛ eyinom nyinaa bɛbam a, ebehia sɛ woyi nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi ne emu nniso, ɔsom, ne aguadi nhyehyɛe ahorow a wɔne wɔn ho wɔn ho di asi no fi hɔ. Na saa pɛpɛɛpɛ na ɔsoro nniso no bɛyɛ. Onyankopɔn honhom maa odiyifo Daniel hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ahene [a wɔwɔ hɔ seesei] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a [ɛwɔ soro a] wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow [a ɛwɔ hɔ seesei] no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Dan. 2:44) Afei, Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ nniso foforo a ɛwɔ soro no bedi nnipa a wɔte asase foforo so no so. Yebenya “ɔsoro foforo ne asase foforo, na eyi mu na trenee bɛtra.”—2 Pet. 3:13.

Ɛnnɛ ne Bere a Yehia Ogye Paa

6. Dɛn na Bible ka fa abɔnefosɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase bɔne yi mu no ho?

6 Bere a Satan, Adam, ne Hawa tew Onyankopɔn so atua, na wɔhwehwɛe sɛ wɔn ankasa si papa ne bɔne ho gyinae no na adesamma abusua no fii ase kɔɔ amanehunu mu. Aka bɛboro mfe 1,600 ma Nsuyiri a ɛbaa wiase nyinaa no aba no, “nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” (Gen. 6:5) Bɛyɛ mfe 1,300 wɔ Nsuyiri no akyi no, Salomo hui sɛ wiase asɛe araa ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mekamfoo awufo a wɔawuwu dedaw no sen anikanfo a wɔda so tete ase no. Na nea oye sen wɔn baanu no ne nea onnya mmae a onnya nhuu nneyɛe bɔne a wɔyɛ owia ase no.” (Ɔsɛnk. 4:2, 3) Efi saa bere no besi nnɛ, bɛyɛ mfe 3,000 akyi no, kɔ araa na abɔnefosɛm rekɔ anim.

7. Dɛn nti na ɛnnɛ ne bere a ehia paa sɛ Onyankopɔn gye yɛn?

7 Ɛwom sɛ, abɔnefosɛm akɔ so wɔ wiase bere tenten de, nanso ɛnnɛ ne bere a ehia paa sɛ Onyankopɔn Ahenni no gye yɛn sen bere biara a atwam. Sɛnea nneɛma asɛe wɔ mfe 100 a atwam no mu no sen bere biara a abɛsen kɔ, na sɛe ara na ɛrekɔ so sɛe. Sɛ nhwɛso no, Worldwatch Institute (ɛyɛ kuw bi a wɔde wɔn ani di nsɛm a ɛkɔ so wɔ wiase akyi) bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa pii a wokunkum wɔn wɔ akodi a ɛkɔɔ so wɔ afeha [a ɛto so 20] no mu no yɛ nnipa dodow a wowuwui wɔ akodi a ɛkɔɔ so fi afeha a edi kan Y.B. mu besi afe 1899 mu no mmɔho abiɛsa.” Efi afe 1914 reba no, nnipa bɛboro ɔpepem 100 na wɔawuwu wɔ akodi mu! Nhoma bi a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bu akontaa sɛ, nnipa bɛyɛ ɔpepem 60 na wowuwui wɔ Wiase Ko II no mu. Seesei a aman bi wɔ nuklea akode no, ama nnipa anya tumi a ɛbɛma wɔatumi asɛe nnipa a wɔwɔ wiase mu fã kɛse no ara. Na nkɔso a nnipa anya wɔ nyansahu ne nnuruyɛ mu nyinaa akyi no, ɔkɔm da so ara kunkum mmofra bɛyɛ ɔpepem anum afe biara.—Hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 9.

8. Dɛn na mfe mpempem pii a nnipa de adi tumi no ama ada adi pefee?

8 Mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobesiw abɔnefosɛm ano no ayɛ kwa. Wiase yi mu amanyɔfo, aguadifo, ne nyamesom akuw ntumi mfaa nneɛma titiriw a nnipa hia a ɛbɛma wɔanya asomdwoe, asetra pa, ne apɔwmuden no mmaa wɔn. Bere a saa ahyehyɛde ahorow yi ntumi nyɛɛ ɔhaw pii a nnipa rehyia nnɛ no ho hwee no, wɔde ɔhaw no bi mmom na abɛka ho. Nokwarem no, mfe mpempem pii a nnipa de adi tumi no ama asɛm yi ayɛ nokware sɛ: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yer. 10:23) Nokwarem no, ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnk. 8:9) Bio nso, “abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane.”—Rom. 8:22.

9. Nneɛma bɛn na nokware Kristofo hwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ so wɔ “nna a edi akyiri” yi mu?

9 Bible hyɛɛ yɛn bere yi ho nkɔm sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” Bere a nkɔmhyɛ no kaa nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ nnipa nniso ase wɔ nna a edi akyiri no mu ho asɛm wiei no, ɛde kaa ho sɛ: “Nnipa bɔne ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.” (Monkenkan 2 Timoteo 3:1-5, 13.) Saa na Kristofo nyinaa hwɛ kwan sɛ ɛbɛba, efisɛ “wiase nyinaa da” Satan a ɔno ne “ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yoh. 5:19) Nanso, anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn begye wɔn a wɔdɔ no no nnansa yi ara. Obegye wɔn afi saa wiase yi a ɛrekɔ n’anim wɔ bɔne mu ntɛmntɛm no mu.

Onii a Ɔno Nkutoo na Obetumi Agye Yɛn

10. Dɛn nti na Yehowa nkutoo ne Obi a obetumi agye yɛn?

10 Sɛ woreka asɛmpa no a, ma nnipa a woreka asɛm no akyerɛ wɔn no nhu sɛ, Yehowa nkutoo ne Obi a obetumi agye yɛn. Ɔno nkutoo na ɔwɔ tumi, na ɔwɔ ɔpɛ nso sɛ obegye n’asomfo afi ɔhaw biara mu. (Aso. 4:24, 31; Adi. 4:11) Yebetumi anya ahotoso sɛ, Yehowa begye ne nkurɔfo, na wama n’atirimpɔw abam bere nyinaa, efisɛ waka ntam sɛ: “Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu.” N’asɛm ‘rensan mma ne nkyɛn kwa.’—Monkenkan Yesaia 14:24, 25; 55:10, 11.

11, 12. Ɛbɔ bɛn na Onyankopɔn ahyɛ n’asomfo?

11 Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ ɔresɛe abɔnefo a, obegye n’asomfo. Bere a Onyankopɔn resoma odiyifo Yeremia ma wakɔka asɛm akyerɛ amumɔyɛfo akokoduru so no, ɔkae sɛ: “Nsuro.” Dɛn nti na na ɛnsɛ sɛ osuro? Efisɛ, Yehowa kae sɛ: “Medi w’akyi na mayi wo.” (Yer. 1:8) Saa ara na bere a Yehowa rekɔsɛe abɔnefo a na wɔwɔ Sodom ne Gomora no, ɔsomaa abɔfo baanu sɛ wonkoyi Lot ne n’abusua mfi saa beae hɔ. Afei, ‘Yehowa tɔɔ sufre ne ogya guu Sodom ne Gomora so.’—Gen. 19:15, 24, 25.

12 Saa ara na Yehowa betumi agye wɔn a wɔyɛ n’apɛde a wɔwɔ wiase nyinaa no. Bere a Yehowa de Nsuyiri sɛee wiase bɔne a na ɛwɔ hɔ tete no, “ɔkoraa Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo no ne nnipa baason so.” (2 Pet. 2:5) Sɛ Yehowa resɛe wiase bɔne yi a, ɔbɛsan agye treneefo. Enti, N’Asɛm ka sɛ: ‘Monhwehwɛ Yehowa, asase sofo a mobrɛ mo ho ase nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, Yehowa abufuw da no.’ (Sef. 2:3) Sɛ Yehowa sɛe wiase bɔne yi wie a, ‘tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wobegu abɔnefo ase afi asase so.’—Mmeb. 2:21, 22.

13. Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so agye Yehowa asomfo a wɔawuwu no?

13 Nanso, ɔyare, ɔtaa, ne nneɛma foforo pii akunkum Onyankopɔn asomfo pii dedaw. (Mat. 24:9) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na wɔagye saa awufo yi nyinaa? Sɛnea yɛaka dedaw no, “wɔn a . . . wɔteɛ bɛsɔre afi owu mu.” (Aso. 24:15) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yenim sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Yehowa kwan a ɛremma ontumi nnye n’asomfo da!

Nniso a Trenee Te Mu

14. Dɛn nti na yɛwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso a trenee te mu?

14 Sɛ wokɔ asɛnka a, wubetumi ama wɔn a woka asɛm no kyerɛ wɔn no ahu sɛ, Yehowa Ahenni a ɛwɔ soro no yɛ nniso a trenee te mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Ahenni no ma yehu Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ fɛ a ebi ne atɛntrenee, trenee, ne ɔdɔ no. (Deut. 32:4; 1 Yoh. 4:8) Onyankopɔn de Ahenni no ahyɛ Yesu Kristo a ɔno na ɔfata paa sɛ odi asase so no nsa. Yehowa asan asi gyinae sɛ, ɔde Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn befi asase so akɔ soro ma wɔakɔka Kristo ho ne no adi asase so ahene.—Adi. 14:1-5.

15. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni ne nnipa nniso mu?

15 Hwɛ sɛnea ɛbɛsono Yesu ne 144,000 no nniso no koraa wɔ nnipa a wɔnyɛ pɛ de ho! Mpɛn pii na nneɛma nhyehyɛe yi mu atumfo adi atirimɔdensɛm na wɔde wɔn manfo akɔ ɔko ma nnipa ɔpepem pii awuwu. Enti, ɛyɛ ne kwan so sɛ Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to onipa a “nkwagye bi nni ne mu so”! (Dw. 146:3) Nanso, hwɛ su pa a Kristo de bedi tumi! Yesu kae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa mu yɛ hare.”—Mat. 11:28-30.

Nna a Edi Akyiri no Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara!

16. Ɔkwan bɛn so na nna a edi akyiri yi bɛba awiei?

16 Efi afe 1914 na saa wiase yi akɔ ne nna a edi akyiri anaa “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu. (Mat. 24:3) Ɛrenkyɛ koraa na “ahohiahia kɛse” a Yesu kaa ho asɛm no aba. (Monkenkan Mateo 24:21.) Saa ahohiahia a ebi mmae da no de Satan wiase no nyinaa bɛba awiei. Nanso, ɔkwan bɛn so na ahohiahia kɛse no befi ase? Na ɛbɛba awiei dɛn?

17. Dɛn na Bible ka sɛ ɛbɛba ansa na ahohia kɛse no afi ase?

17 Ahohiahia kɛse no befi ase mpofirim. Nokwarem no, “sɛ enya ba sɛ wɔreka sɛ: ‘Asomdwoe ne dwoodwoo!’ a,” mpofirim na “Yehowa da” no bɛba. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:2, 3.) Ahohiahia a wɔahyɛ ho nkɔm no befi ase wɔ bere a amanaman no benya adwene sɛ wɔreyɛ adi wɔn haw akɛse no bi so no. Ɔsɛe a ɛbɛba “Babilon Kɛse,” wiase nyinaa atoro som ahemman no so mpofirim no bɛma wiase no ho adwiriw no. Sɛ wobu Babilon Kɛse no atɛn a, ɛbɛyɛ ahemfo ne afoforo nwonwa paa.—Adi. 17:1-6, 18; 18:9, 10, 15, 16, 19.

18. Sɛ Satan tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, dɛn na Yehowa bɛyɛ?

18 Bere a tebea no mu ayɛ den no, “nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma so,” na “onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro.” Saa bere no, yebetumi ‘asɔre agyina hɔ ama yɛn ti so, efisɛ na yɛn gye rebɛn.’ (Luka 21:25-28; Mat. 24:29, 30) Satan, anaa Gog, bɛma ne nkurɔfo de wɔn ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so. Nanso, Yehowa ka wɔn a wɔhaw n’asomfo anokwafo no ho asɛm sɛ: “Nea ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kesua.” (Sak. 2:8, NW) Enti, mmɔden a Satan bɛbɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn no renyɛ yiye. Dɛn ntia? Efisɛ, Amansan Hene Yehowa bɛyɛ ntɛm agye n’asomfo.—Hes. 38:9, 18.

19. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn abrafodɔm no bɛsɛe Satan nhyehyɛe no?

19 Sɛ Onyankopɔn resɛe amanaman no a, ‘wobehu sɛ ɔno ne Yehowa.’ (Hes. 36:23) Yehowa bɛsoma n’abrafodɔm a wɔyɛ abɔfo ɔpepem pii a Kristo Yesu di wɔn anim no ma wɔasɛe Satan nhyehyɛe a aka wɔ asase so no. (Adi. 19:11-19) Sɛ yɛkae sɛ bere bi, ɔbɔfo biako pɛ kunkum Onyankopɔn atamfo ‘ɔpeha aduɔwɔtwe anum’ anadwo biako pɛ a, ɛnde, yebetumi anya ahotoso sɛ, ɛrenyɛ den koraa mma ɔsoro abɔfodɔm no sɛ wɔbɛsɛe Satan nhyehyɛe a ɛwɔ asase so no fã biara, bere a Harmagedon de ahohiahia kɛse no ba awiei no. (2 Ahe. 19:35; Adi. 16:14, 16) Wɔde Satan ne n’adaemone no begu afiase mfe apem. Na awiei koraa no, wɔbɛsɛe wɔn.—Adi. 20:1-3.

20. Dɛn na Yehowa nam Ahenni no so bɛyɛ?

20 Enti, wobeyi abɔnefo nyinaa afi asase so, na treneefo bɛtra ase daa wɔ asase yi so. Yehowa bɛda ne ho adi sɛ ɔno ne Ogyefo Kɛse no. (Dw. 145:20) Yehowa nam Ahenni no so bɛma obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛfata, na watew ne din kronkron no ho, na wama nea enti a ɔbɔɔ asase no abam. Ɛmmra sɛ, wubenya anigye kɛse wɔ asɛnka mu, bere a woka saa asɛmpa yi kyerɛ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa,” na woboa wɔn ma wohu sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni no begye yɛn no!—Aso. 13:48.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu sii so dua sɛ Ahenni no ho hia?

• Dɛn nti na ɛnnɛ ne bere a yehia ogye paa sen bere biara a atwam?

• Nneɛma bɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛbɛkɔ so wɔ ahohiahia kɛse no mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ne ho adi sɛ ɔno ne Ogyefo Kɛse no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Onyankopɔn Asɛm hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma a wɔnyɛɛ bi saa da wɔ wiase wɔ yɛn bere yi so

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛnea Yehowa gyee Noa ne n’abusua no, saa ara na Obetumi agye yɛn nso

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Yehowa ‘bɛpopa aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio.’—Adi. 21:4