Yeremia 1:1-19
1 Hilkia a ɔka asɔfo a wɔwɔ Anatot+ ho wɔ Benyamin asaase so no, ne ba Yeremia* nsɛm ni.
2 Yehowa ka kyerɛɛ no wɔ Amon+ ba Yosia+ a na ɔyɛ Yuda hene no bere so, wɔ n’ahenni afe a ɛto so 13 mu.
3 Nsɛm no bi nso baa ne nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no bere so besii Yuda hene Sedekia+ a ɔyɛ Yosia ba no ahenni afe a ɛto so 11 awiei, de besii bere a wɔsoaa Yerusalemfo kɔe wɔ bosome a ɛto so anum+ no mu.
4 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
5 “Bere a minnya nyɛɛ wo wɔ wo maame yam no, na minim wo.*+Bere a wonnya nwoo wo* na metew wo ho.*+
Mede wo yɛɛ odiyifo maa amanaman no.”
6 Ɛnna mekae sɛ: “O Awurade Tumfo Yehowa!
Minnim kasa,+ efisɛ meyɛ abofra.”*+
7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
“Nka sɛ, ‘Meyɛ abofra.’
Mmom obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn no, kɔ,Na asɛm biara a mɛhyɛ wo no, ka.+
8 Mma sɛnea wɔte no nnhunahuna wo,+Efisɛ ‘midi w’akyi, na megye wo,’+ Yehowa na waka.”
9 Ɛnna Yehowa teɛɛ ne nsa kaa m’ano.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mede me nsɛm ahyɛ w’anom.+
10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi, mede wo asi amanaman ne ahenni ahorow so sɛ tutu na bubu, sɛe na dwiriw gu, si na dua.”+
11 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: “Yeremia, dɛn na wuhu yi?” Na mekae sɛ: “Mihu aborɔfo nkate dua* nkorabata bi.”
12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Woahu no yiye, na me nso, m’ani wɔ m’asɛm ho,* na mɛhwɛ ama ayɛ hɔ.”
13 Yehowa ka kyerɛɛ me ne mprenu so sɛ: “Dɛn na wuhu yi?” Na mekae sɛ: “Mihu dadesɛn* a biribi rehuru wom* a ano akyea hwɛ anaafo fam.”
14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
“Atifi fam na wobehwie amanehunu no afi,Na ebegu asaase no so nnipa nyinaa so.+
15 Efisɛ ‘merefrɛ mmusua a ɛwɔ atifi fam ahenni mu no nyinaa,’ Yehowa na waka,+‘Na wɔbɛba; obiara de n’ahengua bɛbaAbesi Yerusalem kurow apon ano,+Ne n’afasu nyinaa ho,Ne Yuda nkurow nyinaa ho.+
16 Na mɛka m’atemmu wɔ bɔne a wɔayɛ nyinaa ho akyerɛ wɔn,Efisɛ wɔagyaw me hɔ,+Na wɔhyew afɔrebɔde ma anyame foforo,+Na wɔkotow wɔn ankasa nsa ano adwuma.’+
17 Na wo de, yɛ krado,*Na sɔre ka nea mɛhyɛ wo nyinaa kyerɛ wɔn.
Nsuro wɔn,+Anyɛ saa a, mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.
18 Na ɛnnɛ mayɛ wo kurow a wɔabɔ ho ban,Ne dade dum, ne kɔbere afasu, na woatumi agyina asaase no sofo nyinaa anim,+Ne Yuda ahemfo ne ne mpanyimfo anim,
Ne n’asɔfo ne asaase no so nnipa anim.+
19 Na wɔne wo bɛko,Nanso wɔrentumi wo,*Efisɛ ‘midi w’akyi,+ na megye wo,’ Yehowa na waka.”
Ase Hɔ Nsɛm
^ Ebetumi akyerɛ “Yehowa Na Ɔhyɛ Anuonyam.”
^ Nt., “wunnya mfii awotwaa mu mmae no.”
^ Anaa “miyii wo maa dwumadi titiriw bi.”
^ Anaa “ɛnna miyii wo.”
^ Anaa “abarimaa.”
^ Nt., “nea wanyan.”
^ Anaa “manyan wɔ m’asɛm ho.”
^ Anaa “dadesɛn a ano so.”
^ Nt., “wɔrebɔ mu,” kyerɛ sɛ, ogya a ɛwɔ ase no, wɔrefita mu.
^ Nt., “bɔ w’asen.”
^ Anaa “wɔrentumi nni wo so nkonim.”

