Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asomafo Nnwuma no Mu Nsɛntitiriw

Asomafo Nnwuma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Asomafo Nnwuma no Mu Nsɛntitiriw

BIBLE mu nhoma a ɛne Asomafo Nnwuma no ka sɛnea wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no ne sɛnea akyiri yi emu trɛwee no ho asɛm kɔ akyiri. Oduruyɛfo Luka na ɔkyerɛwee, na ɛka adwuma a Kristofo de nnamyɛ yɛe wɔ bɛyɛ mfe 28 mu—efi afe 33 Y.B. mu kosi afe 61 Y.B. mu no ho asɛm.

Asomafo Nnwuma no fã a edi kan no ka ɔsom adwuma a ɔsomafo Petro yɛe ho asɛm, na ɔfã a etwa to no nso ka ɔsomafo Paulo de ho asɛm. Sɛnea Luka de edin nsiananmu te sɛ “yɛn” yɛɛ adwuma no ma yehu sɛ bere a nsɛm bi sisii no, na ɔwɔ hɔ. Sɛ yɛkenkan Asomafo Nnwuma no a, ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw a tumi wom ne ne honhom kronkron no mu no ayɛ kɛse. (Heb. 4:12) Ɛbɛsan akanyan yɛn ma yɛayɛ nnipa a wɔwɔ ahofama, na ahyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Ahenni no mu no mu den.

PETRO DE “AHENNI SAFE” NO DII DWUMA

(Aso. 1:1–11:18)

Bere a asomafo no nyaa honhom kronkron no, wɔde akokoduru dii adanse. Petro de “ɔsoro ahenni safe” a edi kan no dii dwuma de buee nimdeɛ pon no maa Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo a ‘wogyee n’asɛm’ no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya hokwan akɔ Ahenni no mu. (Mat. 16:19; Aso. 2:5, 41) Ɔtaa bi a ano yɛ den bɔɔ asomafo no hwetee, nanso ɛno ma wɔtrɛw asɛnka adwuma no mu.

Bere a asomafo no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, asomafo a na wɔwɔ Yerusalem no somaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. Petro nam safe a ɛto so abien no a ɔde dii dwuma no so maa Samariafo no nyaa hokwan sɛ wɔbɛkɔ Ahenni no mu. (Aso. 8:14-17) Ɛbɛyɛ sɛ Yesu wu sɔree no akyi bɛyɛ afe na Saul a ofi Tarso no sakra bɛyɛɛ Kristoni. Wɔ afe 36 Y.B. mu no, Petro de safe a ɛto so abiɛsa no dii dwuma, na ɛma wohwiee honhom kronkron dom akyɛde a wɔde ma kwa no guu amanaman mufo a wontwaa twetia no so.—Aso. 10:45.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:44-47; 4:34, 35—Dɛn nti na gyidifo no tontɔn wɔn agyapade na wɔkyekyɛɛ nea wonyae no maa nkurɔfo? Ná nnipa a wɔbɛyɛɛ gyidifo no mu pii fi akyirikyiri, na na wonni nneɛma a ebetumi ama wɔakɔ so atra Yerusalem. Nanso, na wɔpɛ sɛ wɔkɔ so tra hɔ kakra na ama wɔatumi asua wɔn gyidi foforo no ho ade pii, na wɔadi afoforo adanse. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi aboa saa nnipa no, Kristofo binom tontɔn wɔn agyapade, na wɔkyekyɛɛ sika a wonyae no maa wɔn a na wohia mmoa no.

4:13—So na Petro ne Yohane nnim nhoma, anaasɛ na wɔnkɔɔ sukuu da? Dabi, ɛnte saa. Nea enti a na wɔfrɛ wɔn ‘nnipa a wonsuaa nhoma ne mpapahwekwa’ ne sɛ, wɔankɔ rabifo sukuu a wɔde ɔsom ho ntetee ma no bi.

5:34-39—Ɛyɛɛ dɛn na Luka tee asɛm a Gamaliel kae wɔ nhyiam a Sanhedrin no yɛe wɔ kokoam no? Ebetumi aba sɛ saa akwan abiɛsa yi mu biako so na ɔfa tee: (1) Paulo a na ɔyɛ Gamaliel suani no na ɔka kyerɛɛ Luka; (2) Luka bisaa Sanhedrin no muni bi a ɔwɔ tema te sɛ Nikodemo; (3) Onyankopɔn honhom na ɛma Luka tee.

7:59—So na Stefano rebɔ Yesu mpae? Dabi, wammɔ Yesu mpae. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ obi som no, na ɔbɔ no mpae. (Luka 4:8; 6:12) Sɛ mpae na na Stefano rebɔ a, anka ɔbɛbɔ Yehowa mpae de afa Yesu so. (Yoh. 15:16) Nanso, wɔ saa asɛm yi mu no, Stefano hui wɔ anisoadehu mu sɛ, “onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa.” (Aso. 7:56) Ná Stefano nim paa sɛ, wɔama Yesu tumi sɛ onnyan awufo, enti na ɛnyɛ mpae na Stefano rebɔ, na mmom ɔne Yesu kasae tẽẽ srɛɛ no sɛ, ɔnkora ne honhom so.—Yoh. 5:27-29.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:8. Sɛ ɛnyɛ honhom kronkron no na ɛboa Yehowa asomfo a, anka wɔrentumi nyɛ asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no.

4:36–5:11. Asomafo no na wɔtoo Yosef a ofi Kipro no din Barnaba, a asekyerɛ ne “Awerɛkyekye Ba” no. Ebia nea ɛmaa asomafo no frɛɛ no Barnaba ne sɛ na ɔwɔ tema, na ne yam ye, na na ɔboa afoforo nso. Ɛsɛ sɛ yesuasua Barnaba, na ɛnyɛ Anania ne Safira a na wɔyɛ atorofo, nyaatwomfo, ne nkontompofo no.

9:23-25. Sɛ yɛde yɛn ho hintaw yɛn atamfo sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ so aka asɛmpa no a, ɛnkyerɛ sɛ yɛyɛ ahufo.

9:28-30. Sɛ yɛredi adanse wɔ mpɔtam bi, anaasɛ yɛredi nnipa bi adanse na yehu sɛ ebetumi de yɛn nkwa ato asiane mu ma yɛabu bra bɔne, anaasɛ ɛbɛma yɛne Onyankopɔn ntam asɛe a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ bere a yɛde kɔ asɛnka ne beae a yɛkɔ asɛnka no ho.

9:31. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sua ade, na yesusuw nea yesua no ho de hyɛ yɛn gyidi den wɔ mmere a yɛwɔ asomdwoe kakra mu no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde nea yesua no abɔ yɛn bra, na yɛde nsi aka asɛm no na ama yɛanantew wɔ Yehowa suro mu.

NSI A PAULO DE KAA ASƐM NO

(Aso. 11:19–28:31)

Wɔ afe 44 Y.B. mu no, Agabo kɔɔ Antiokia baabi a na Barnaba ne Saul akyerɛkyerɛ wɔ hɔ “afe mũ no nyinaa no.” Agabo hyɛɛ nkɔm sɛ “ɔkɔm kɛse bi” bɛba, na ɛbaa mu wɔ mfe abien akyi. (Aso. 11:26-28) Bere a Barnaba ne Saul de wɔn “asetrade kɔsom wɔ Yerusalem wiei koraa no,” wɔsan kɔɔ Antiokia. (Aso. 12:25) Wɔ afe 47 Y.B. mu, bere a Saul bɛyɛɛ Kristoni no akyi bɛyɛ mfe 12 no, honhom kronkron somaa Barnaba ne Saul ma wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma. (Aso. 13:1-4) Wɔ afe 48 Y.B. mu no, wɔsan kɔɔ Antiokia, “faako a bere bi wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa ma ɔnam n’adom so” boaa wɔn no.—Aso. 14:26.

Bɛyɛ asram akron akyi, bere a Paulo (a wɔsan frɛ no Saul no) rekɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no ne mprenu so no, ɔfaa Silas kaa ne ho kɔe. (Aso. 15:40) Timoteo ne Luka kɔkaa Paulo ho wɔ kwan so. Luka traa Filipi, na Paulo toaa so kɔɔ Atene ne Korinto. Paulo kohyiaa Akwila ne Priskila wɔ hɔ, na ɔtraa hɔ afe ne asram asia. (Aso. 18:11) Wɔ afe 52 Y.B. mu mfiase no, Paulo gyaw Timoteo ne Silas wɔ Korinto, na ɔfaa Akwila ne Priskila kaa ne ho faa po so kɔɔ Siria. (Aso. 18:18) Akwila ne Priskila kaa Paulo ho ne no kɔe ara koduu Efeso, na wɔtraa hɔ.

Bere a Paulo traa Siria ne Antiokia kakra no, ofii n’asɛmpatrɛw adwuma a ɛto so abiɛsa no ase wɔ afe 52 Y.B. mu. (Aso. 18:23) “Yehowa asɛm . . . kɔɔ so trɛwee, na etimii” wɔ Efeso. (Aso. 19:20) Paulo dii bɛyɛ mfe abiɛsa wɔ Efeso. (Aso. 20:31) Eduu afe 56 Y.B. mu Pentekoste no, na Paulo wɔ Yerusalem. Bere a wɔkyeree Paulo no, ɔde akokoduru dii atumfo no adanse. Bere a na Paulo wɔ Roma no, wɔkaa no hyɛɛ fie maa awɛmfo wɛn no mfe abien (afe 59-61 Y.B. mu), na ɔhwehwɛɛ hokwan de kaa Ahenni no ho asɛm, na ɔkyerɛkyerɛɛ “Awurade Yesu Kristo ho ade” wɔ hɔ.—Aso. 28:30, 31.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

14:8-13—Dɛn nti na nnipa a wɔwɔ Listra no frɛɛ “Barnaba Seus, ne Paulo Hermes”? Ná Seus yɛ anyame a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Helafo atetesɛm mu no mu otitiriw, na na wɔka sɛ ne ba Hermes nso ano atew paa. Esiane sɛ na Paulo na odi anim kasa nti, Listrafo no frɛɛ no Hermes, na wɔfrɛɛ Barnaba Seus.

16:6, 7—Dɛn nti na honhom kronkron no baraa Paulo ne ne mfɛfo no sɛ wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu ne Bitinia? Saa bere no, na asɛmpakafo no sua. Enti, honhom kronkron no kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ baabi a na nkurɔfo betie asɛm no kɛse.

18:12-17—Dɛn nti na bere a ɔmanfo no fii ase hwee Sostene no, Amrado Galio anyɛ ho hwee? Ebia Galio nyaa adwene bi sɛ ɛfata sɛ wɔrehwe ɔbarima a ɛbɛyɛ sɛ ɔno na odii basabasayɛfo no anim ma wɔsɔre tiaa Paulo no. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ biribi pa bi fii saa asɛm yi mu bae, efisɛ Sostene bɛyɛɛ Kristoni. Akyiri yi, Paulo frɛɛ Sostene sɛ “yɛn nua.”—1 Kor. 1:1.

18:18—Ɛbɔ bɛn na Paulo hyɛe? Nhomanimfo bi ka sɛ ebia na Paulo ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Nasirini. (Num. 6:1-21) Nanso, Bible nka ɛbɔ a Paulo hyɛe no ho asɛm. Bio nso, Kyerɛwnsɛm no nka sɛ ebia Paulo hyɛɛ bɔ no ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni, anaasɛ na afei na wahyɛ bɔ no, anaasɛ na ɔpɛ sɛ oyi ne ho fi mu. Sɛnea na ɛte biara no, sɛ obi hyɛ bɔ a ɛte saa a, na ɔnyɛɛ bɔne.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

12:5-11. Yebetumi abɔ mpae ama yɛn nuanom, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nso.

12:21-23; 14:14-18. Herode gyee anuonyam a na ɛsɛ sɛ wɔde ma Onyankopɔn nkutoo no ntɛm ara. Hwɛ sɛnea na eyi yɛ soronko koraa wɔ sɛnea Paulo ne Barnaba bɔɔ mmɔden poo ayeyi ne anuonyam a na wɔde rema wɔn no ntɛm no ho! Ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ anuonyam wɔ nea yɛatumi ayɛ wɔ Yehowa som mu no ho.

14:5-7. Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ a, ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ nnam wɔ asɛnka adwuma no mu.—Mat. 10:23.

14:22. Kristofo nim sɛ wɔn ho behiahia wɔn. Nanso, wonnyae wɔn gyidi mu mfa nhwehwɛ ahotɔ.—2 Tim. 3:12.

16:1, 2. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa yere wɔn ho wɔ Onyankopɔn som mu, na wɔhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa, na ama wɔanya din pa.

16:3. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ yɛyɛ biara ma nkurɔfo ani gye asɛmpa no ho.—1 Kor. 9:19-23.

20:20, 21. Adanse a yedi wɔ afie afie mu no nso yɛ yɛn asɛnka adwuma no fã a ɛho hia.

20:24; 21:13. Nokware a yebedi ama Onyankopɔn no ho hia koraa sen sɛ yɛbɛpere yɛn nkwa.

21:21-26. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye afotu pa ho, na yɛyɛ ntɛm tie.

25:8-12. Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi afa mmara kwan so ‘agyina asɛmpa no akyi de asi hɔ wɔ mmara kwan so,’ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa nso.—Filip. 1:7.

26:24, 25. Ɛsɛ sɛ yɛka “nsɛm a ɛyɛ nokware na aba wom” ɛmfa ho sɛ onipa a “odi n’akɔnnɔ akyi” bebu no sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm no.—1 Kor. 2:14.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Bere bɛn na Petro de “ahenni safe” no dii dwuma?

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛ ɛnyɛ honhom kronkron no na ɛboa yɛn a, anka yɛrentumi nyɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no