Ɔde Kɔmaa Romafo 8:1-39

  • Honhom no ma nkwa ne ahofadi (1-11)

  • Honhom a egye yɛn yɛ mma no di adanse (12-17)

  • Abɔde no rehwɛ Onyankopɔn mma ahofadi kwan (18-25)

  • ‘Honhom no srɛ ma yɛn’ (26, 27)

  • Wɔn a na Onyankopɔn apaw wɔn no (28-30)

  • Yɛnam Onyankopɔn dɔ so di nkonim (31-39)

8  Enti wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu no nni fɔ.  Efisɛ honhom no mmara a ɛnam Kristo Yesu so ma nkwa no, ama moade* mo ho+ afi bɔne ne owu mmara ho.  Na esiane sɛ ɔhonam maa Mmara no yɛɛ mmerɛw+ nti, nea Mmara no antumi anyɛ+ no, Onyankopɔn yɛe. Nea ɔyɛe ne sɛ, bɔne nti, ɔsomaa ɔno ara ne Ba+ bae, te sɛ nnipa* a bɔne wɔ yɛn ho,+ na ɔde buu bɔne fɔ wɔ ɔhonam mu,  sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a ɛteɛ a Mmara no hwehwɛ no bɛba mu wɔ yɛn so,+ yɛn a yɛnnantew ɔhonam mu, na mmom yɛnantew honhom mu+ no.  Na wɔn a wɔnam ɔhonam mu no de wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so,+ na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.+  Na adwene a esi ɔhonam nneɛma so kowie owu mu,+ na adwene a esi honhom nneɛma so kowie nkwa ne asomdwoe mu;+  efisɛ adwene a esi ɔhonam nneɛma so no yɛ ɔtan a wɔtan Onyankopɔn,+ na ɛnhyɛ Onyankopɔn mmara ase, na ɛrentumi nyɛ saa mpo.  Enti wɔn a wɔwɔ ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.  Nanso, sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu ampa a, ɛnde na munni ɔhonam mu, na mmom mowɔ honhom mu.+ Na sɛ obi nni Kristo honhom a, saa onipa no nyɛ ne dea. 10  Nanso sɛ Kristo wɔ mo mu+ a, bɔne nti, nipadua no awu, na trenee nti, honhom no wɔ nkwa. 11  Enti afei, sɛ nea onyan Yesu fii awufo mu+ no honhom te mo mu a, nea onyan Kristo Yesu fii awufo mu no nam ne honhom a ɛte mo mu no so bɛma mo nipadua a etumi wu no nso anya nkwa.+ 12  Enti afei, anuanom, yɛde ka, nanso ɛnyɛ ɔhonam na yɛde no ka. Enti ɛnsɛ sɛ yɛtena ase ɔhonam mu;+ 13  efisɛ sɛ motena ase ɔhonam mu a, sɛnea ɛte biara, mubewu; nanso sɛ mode honhom no kum nipadua no nneyɛe a,+ mobɛtena ase.+ 14  Na wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no nyinaa yɛ Onyankopɔn mma ampa.+ 15  Na honhom a munyae no, ɛnyɛ honhom a ɛma moyɛ nkoa anaa ɛma musuro bio, na mmom munyaa honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no ma yɛteɛm sɛ: “Abba,* Agya!”+ 16  Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse+ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.+ 17  Na sɛ yɛyɛ mma a, ɛnde na yedi ade nso. Ampa, yebenya agyapade afi Onyankopɔn hɔ, na yɛne Kristo bɛbom adi ade,+ nanso gye sɛ yɛne no hu amane+ ansa na wɔahyɛ yɛne no anuonyam.+ 18  Na mihu sɛ, sɛ yɛde amanehunu a yɛrefa mu seesei no toto anuonyam a wɔrebeyi no adi wɔ yɛn mu no ho a, amanehunu no nnu baabiara.+ 19  Na abɔde no rehwɛ kwan paa sɛ wɔbɛda Onyankopɔn mma no adi.+ 20  Na wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase.+ Ɛnyɛ n’ankasa ne pɛ nti na ɔhyɛ ase, na mmom nea ɔde no hyɛɛ ase no pɛ ntia. Ɔyɛɛ saa anidaso mu, 21  a ɛne sɛ abɔde no ankasa nso benya ahofadi+ afi ɔporɔw a ɛde no ayɛ akoa no mu, na ebenya anuonyam ahofadi a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no. 22  Na yenim sɛ abɔde nyinaa abom repenepene, na wɔahu amane abesi nnɛ. 23  Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn ankasa a yɛwɔ aba a edi kan a ɛne honhom no nso, nea ɛwom ne sɛ, yesũ di awerɛhow* wɔ yɛn mu,+ bere a yɛretwɛn denneennen sɛ wobegye yɛn ayɛ mma,+ na yɛretwɛn sɛ wɔnam agyede so begye yɛn afi yɛn nipadua mu no. 24  Na anidaso yi mu na wogyee yɛn nkwa. Nanso anidaso a wohu de, ɛnyɛ anidaso. Na sɛ obi hu biribi a, ɛyɛ dɛn na ɔsan de n’ani to so? 25  Nanso sɛ yɛn ani da nea yenhu so+ a, yɛkɔ so ara de animia twɛn denneennen.+ 26  Saa ara na honhom no nso di boa yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu.+ Asɛm no ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae, nso yennim nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae. Nanso sɛ yesũ di awerɛhow* wɔ yɛn mu mpo a, honhom no ara srɛ ma yɛn. 27  Na nea ɔhwehwɛ koma mu+ no te honhom no ase, efisɛ ɛsrɛ ma akronkronfo no sɛnea Onyankopɔn pɛ. 28  Yenim sɛ Onyankopɔn ma ne nnwuma nyinaa bom di boa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn, wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛnea n’atirimpɔw te no;+ 29  efisɛ wɔn a odii kan gyee wɔn toom no, ɔhyɛ too hɔ nso sɛ wɔbɛyɛ te sɛ ne Ba no,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a ne Ba no bɛyɛ abakan+ wɔ anuanom pii mu.+ 30  Bio nso, wɔn a na wapaw wɔn* no,+ wɔn nso na ɔfrɛɛ wɔn;+ na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wɔn nso na obuu wɔn atreneefo.+ Ne korakora no, wɔn a obuu wɔn atreneefo no, wɔn nso na ɔhyɛɛ wɔn anuonyam.+ 31  Ɛnde dɛn na yɛbɛka wɔ eyinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?+ 32  Wamfa ɔno ara ne Ba mpo ankame yɛn, na mmom yɛn nyinaa nti, ɔde no mae.+ Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrenyɛ yɛn adom mfa nneɛma foforo nyinaa nso nka ne Ba no ho mma yɛn? 33  Hena na obetumi abɔ wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no sobo?+ Onyankopɔn ne Nea obu wɔn atreneefo.+ 34  Hena na obetumi abu wɔn fɔ? Kristo Yesu ne nea owui no, na nea ɛsen saa no, ɔno ne nea wɔanyan no no. Ɔte Onyankopɔn nsa nifa,+ na ɔsrɛ ma yɛn nso.+ 35  Ɛdɛn na ebetumi atew yɛn afi Kristo dɔ ho?+ Amanehunu anaa ahoyeraw anaa ɔtan* anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa asiane anaa sekan?+ 36  Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Wo nti, wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.”+ 37  Nanso, eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim korakora.+ 38  Na migye di yiye sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa aban anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi+ 39  anaa nea ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “moatetew.”
Nt., “ɔhonam.”
Ɛyɛ Hebri anaa Aram asɛmfua a ɛkyerɛ “O Agya!”
Anaa “yesi apini.”
Anaa “yesi apini.”
Anaa “ne Ba no sɛso.”
Anaa “wɔn a na wahyɛ sɛ ɔbɛpaw wɔn.”
Anaa “tan a nkurɔfo bɛtan yɛn ani.”