Ɔde Kɔmaa Romafo 6:1-23

  • Wɔbɔɔ asu kɔɔ Kristo mu ma wonyaa asetena foforo (1-11)

  • Mommma bɔne nnni mo nipadua so (12-14)

  • Wɔnyɛ bɔne nkoa bio; wɔyɛ Onyankopɔn nkoa (15-23)

    • Bɔne akatua ne owu; Onyankopɔn akyɛde ne nkwa (23)

6  Enti dɛn na yɛnka? Yɛntena bɔne mu, na adom adɔɔso anaa? 2  Daabida! Sɛ yɛawu ama bɔne+ a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛakɔ so atena bɔne mu?+ 3  Anaa munnim sɛ yɛn a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu+ no nyinaa, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wu mu?+ 4  Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wu mu nti, wɔnam so siee yɛne no,+ na sɛnea Agya no nam n’anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛnantew asetena foforo mu.+ 5  Sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ɔkwan a ɔfaa so wui mu+ a, ɛnde ɔkwan biara so, yɛne no bɛyɛ baako wɔ ɔkwan a ɔfaa so nyanee mu nso.+ 6  Na yenim sɛ wɔde yɛn suban dedaw no kaa ne ho bɔɔ asɛndua mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nipadua a bɔne wɔ ho no rentumi nyɛ hwee,+ na yɛankɔ so anyɛ bɔne nkoa bio.+ 7  Efisɛ nea wawu no, wɔde ne bɔne akyɛ no.* 8  Afei nso, sɛ yɛne Kristo awu a, yegye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso. 9  Na yenim sɛ seesei a wɔanyan Kristo afi awufo mu+ no, ɔrenwu bio;+ owu nni ne so tumi bio. 10  Na wu a owui no, owu de yii bɔne fii hɔ prɛko;+ nanso te a ɔte ase no de, ɔte ase ma Onyankopɔn. 11  Saa ara na mo nso, mummu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na monam Kristo Yesu so te ase ma Onyankopɔn.+ 12  Enti mommma bɔne nnkɔ so nnni hene wɔ mo nipadua a etumi wu no so,+ na amma moantie n’akɔnnɔ. 13  Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mode mo nipadua* ma bɔne sɛ amumɔyɛ akode, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔanyan afi awufo mu, na momfa mo nipadua* mma Onyankopɔn sɛ trenee akode.+ 14  Na ɛnsɛ sɛ bɔne nya mo so tumi, efisɛ monhyɛ mmara ase,+ na mmom mowɔ adom ase.+ 15  Enti dɛn na yɛreka? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na mmom yɛwɔ adom ase+ nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ bɔne anaa? Daabida! 16  Munnim sɛ obiara a mode mo ho ma no sɛ nkoa na mutie no no, tie a mutie no nti, moyɛ ne nkoa+ anaa? Mubetumi ayɛ nkoa ama bɔne+ a ɛbɛkɔ akowie owu mu,+ anaa mubetumi ayɛ nkoa ama osetie a ɛbɛkɔ akowie trenee mu. 17  Nanso aseda nka Onyankopɔn, efisɛ na moyɛ bɔne nkoa, nanso afei de, mufi koma mu ayɛ osetie ama nkyerɛkyerɛ nhwɛso a wɔde mo hyɛɛ ase no. 18  Yiw, esiane sɛ wɔama moade* mo ho afi bɔne ho+ nti, moabɛyɛ nkoa ama trenee.+ 19  Me ne mo rekasa sɛnea nnipa kasa, efisɛ mo honam yɛ mmerɛw; na sɛnea mode mo akwaa yɛɛ nkoa maa efĩ ne mmarato ma ekowiee mmarato mu no, saa ara na afei momfa mo akwaa nyɛ nkoa mma trenee mma enkowie ahotew mu.+ 20  Efisɛ bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na moade* mo ho afi trenee ho. 21  Saa bere no, aba bɛn na na mosow? Ɛyɛ nneɛma a seesei ɛyɛ mo aniwu. Saa nneɛma no awiei yɛ owu.+ 22  Nanso seesei a wɔama moade* mo ho afi bɔne ho abɛyɛ Onyankopɔn nkoa yi, moresow aba a ɛyɛ kronkron,*+ na n’awiei yɛ daa nkwa.+ 23  Efisɛ bɔne akatua ne owu,+ na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa+ a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu+ so.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔabu no bem wɔ ne bɔne ho; wɔagyaa no wɔ ne bɔne ho.”
Nt., “akwaa.”
Nt., “akwaa.”
Anaa “moatetew.”
Anaa “moatetew.”
Anaa “moatetew.”
Anaa “moresow mo aba wɔ kronkronyɛ kwan so.”