Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo A Wonni Afã Biara wɔ Nna A Edi Akyiri mu

Kristofo A Wonni Afã Biara wɔ Nna A Edi Akyiri mu

Kristofo A Wonni Afã Biara wɔ Nna A Edi Akyiri mu

“Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.”—YOHANE 17:16.

1, 2. Dɛn na Yesu ka faa abusuabɔ a ɛda n’akyidifo ne wiase no ntam no ho, na nsɛmmisa bɛn na ne nsɛm no ma ɛsɔre?

ANADWO a etwa to wɔ Yesu asetram sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no, ɔbɔɔ mpae bi maa n’asuafo no tiei. Bere a ɔrebɔ mpae no, ɔkaa biribi a ɛfa nokware Kristofo nyinaa asetra ho. Ɔreka n’akyidifo no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Mede w’asɛm ama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ wɔnyɛ wiase fã, sɛnea me nso menyɛ wiase fã no. Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ, hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti. Wɔnyɛ wiase no fã, sɛnea menyɛ wiase no fã no.”—Yohane 17:14-16, NW.

2 Yesu kaa no mprenu sɛ n’akyidifo no renyɛ wiase no fã. Bio nso, na twe a wɔbɛtwe wɔn ho no de akameakame bɛba—wiase no bɛtan wɔn. Nanso, enhia sɛ Kristofo bɔ hu; Yehowa bɛhwɛ wɔn so. (Mmebusɛm 18:10; Mateo 24:9, 13) Yebetumi agyina Yesu nsɛm no so abisa sɛ: ‘Dɛn nti na nokware Kristofo nyɛ wiase no fã? Wiase no fã a obi renyɛ no kyerɛ dɛn? Sɛ wiase no tan Kristofo a, ɔkwan bɛn so na wobu wiase no? Ne titiriw no, ɔkwan bɛn so na wobu wiase nniso ahorow no?’ Nsɛmmisa yi ho mmuae a Kyerɛwnsɛm no de ma no ho hia efisɛ ɛfa yɛn nyinaa ho.

“Yefi Nyankopɔn”

3. (a) Dɛn na ɛma yeyi yɛn ho fi wiase no mu? (b) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ‘wiase no da ɔbɔne no tumi mu’?

3 Abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa wɔ no ka ho bi nti na yɛnyɛ wiase no fã no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Yohane nsɛm a ɔka faa wiase no ho no yɛ nokware pefee. Akodi, nsɛmmɔnedi, atirimɔdensɛm, nhyɛso, atorodi, ne ɔbrasɛe a abu so nnɛ no nyinaa yɛ Satan tumi ho sɛnkyerɛnne, na ɛnyɛ Onyankopɔn de. (Yohane 12:31; 2 Korintofo 4:4; Efesofo 6:12) Sɛ obi bɛyɛ Yehowa Dansefo a, ɔrenyɛ nneyɛe bɔne a ɛte saa no anaasɛ ɔrempene so, na ɛno na eyi no fi wiase no mu.—Romafo 12:2; 13:12-14; 1 Korintofo 6:9-11; 1 Yohane 3:10-12.

4. Akwan bɛn so na yɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Yehowa dea?

4 Yohane kae sɛ nea ɛne wiase no bɔ abira no, Kristofo ‘fi Nyankopɔn.’ Wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no nyinaa yɛ ne dea. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma [Yehowa, NW]; sɛ yewu nso a, yewu ma [Yehowa, NW]. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ [Yehowa, NW] dea.” (Romafo 14:8; Dwom 116:15) Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa dea nti, yɛsom ɔno nkutoo. (Exodus 20:4-6) Ne saa nti, nokware Kristoni mfa n’asetra nyinaa nnyina wiase nneɛma bi so. Na bere a ɔkyerɛ obu ma ɔman sɛnkyerɛnne ahorow no, ɔnsom wɔn, denam ne nneyɛe anaa ne suban so. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔnsom agumadi mu akunini anaa ɛnnɛyi ahoni foforo. Ɛwom sɛ ɔkyerɛ obu ma hokwan a afoforo wɔ ne nea wɔpɛ de, nanso ɔsom Ɔbɔadeɛ no nkutoo. (Mateo 4:10; Adiyisɛm 19:10) Eyi nso ma ɔtwe ne ho fi wiase no ho.

“M’ahenni Mfi Wi Yi Ase”

5, 6. Ɔkwan bɛn so na yɛn ho ase a yɛbrɛ ma Onyankopɔn Ahenni no twe yɛn fi wiase no ho?

5 Kristofo yɛ Kristo Yesu akyidifo a wɔhyɛ Onyankopɔn Ahenni ase, na ɛno nso mma wɔnyɛ wiase no fã. Bere a na wɔredi Yesu asɛm wɔ Pontio Pilato anim no, ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) Ahenni no so na wɔnam bɛtew Yehowa din ho, na wɔasan n’amansan tumidi ho, na wɔayɛ n’apɛde wɔ asase so sɛnea ɛyɛ wɔ soro no. (Mateo 6:9, 10) Wɔ Yesu som adwuma no nyinaa mu no, ɔkaa Ahenni ho asɛmpa no, na ɔkae sɛ n’akyidifo bɛbɔ ho dawuru akosi nneɛma nhyehyɛe yi awiei. (Mateo 4:23; 24:14) Nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 11:15 a ɛka sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa” no nyaa mmamu wɔ afe 1914 mu. Ɛrenkyɛ koraa, saa Ahenni no nkutoo na ebedi tumi wɔ adesamma so. (Daniel 2:44) Ebedu bere bi no, wɔbɛhyɛ wiase atumfoɔ mpo ma wɔagye ne tumidi atom.—Dwom 2:6-12.

6 Bere a ne nyinaa wɔ yɛn adwenem no, nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa yɛ Onyankopɔn Ahenni nkoa, na wodi Yesu afotu a ɛne sɛ ‘wɔnkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan’ no akyi. (Mateo 6:33) Ɛno nkyerɛ sɛ wonnni nokware mmma ɔman a wɔte mu no, na mmom ɛma wɔtwe wɔn ho fi wiase no ho wɔ honhom fam. Te sɛ afeha a edi kan no mu no, Kristofo adwuma titiriw ne sɛ ‘wobedi Onyankopɔn ahenni no ho adanse fefeefe.’ (Asomafo no Nnwuma 28:23) Nnipa nniso biara nni hokwan sɛ osiw saa adwuma a Onyankopɔn de ama no ho kwan.

7. Dɛn nti na nokware Kristofo nni afã biara, na ɔkwan bɛn so na wɔada eyi adi?

7 Nea ɛne yɛ a Yehowa Adansefo yɛ Yehowa dea na wɔyɛ Yesu akyidifo a wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni nkoa hyia no, wɔakɔ so atwe wɔn ho afi ɔman ne amanaman ntam ntawntawdi a ɛkɔɔ so wɔ afeha a ɛto so 20 ne 21 mu no nyinaa ho. Wonnyinaa afã biara, wɔne obiara nnii ako, na wɔntrɛw wiase nnaadaasɛm biara mu. Wɔ gyidi soronko a wɔda no adi bere a na ɛte sɛ nea wohyia ɔsɔretia a ɛboro wɔn so no, wɔadi nnyinasosɛm a wɔka kyerɛɛ Nasi atumfoɔ a wɔwɔ Germany wɔ afe 1934 mu a ɛka sɛ: “Amammuisɛm ho asɛm nhia yɛn, na mmom yɛahyira yɛn ho so koraa ama Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ ne Hene Kristo ase no. Yɛrenyɛ obiara bɔne. Yɛn ani begye sɛ yɛne nnipa nyinaa bɛtra ase asomdwoe mu na yɛayɛ wɔn yiye sɛnea yebetumi biara,” no akyi.

Abɔfo ne Ananmusifo Ma Kristo

8, 9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ abɔfo ne ananmusifo, na ɔkwan bɛn so na eyi ka wɔne amanaman no ntam abusuabɔ?

8 Paulo kaa ɔne ne mfɛfo Kristofo ho asɛm sɛ wɔyɛ “abɔfo ma Kristo, te sɛ Onyankopɔn nam yɛn so tu mo fo” no. (2 Korintofo 5:20; Efesofo 6:20) Efi afe 1914 no, yebetumi aka Kristofo a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni a wɔyɛ ho abɔfo wom no “mma.” (Mateo 13:38; Filipifo 3:20; Adiyisɛm 5:9, 10) Bio nso, Yehowa ayi “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no, Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso no afi amanaman no mu, sɛ wɔmmoa ahenni no mma a wɔasra wɔn no wɔ wɔn adwuma a wɔyɛ sɛ abɔfo no mu. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Yebetumi afrɛ “nguan foforo” yi Onyankopɔn Ahenni no “ananmusifo.”

9 Obi a ɔyɛ ɔbɔfo wɔ ɔman bi so no ne n’adwumayɛfo mfa wɔn ho nhyehyɛ ɔman a wɔsom wom no nsɛm mu. Saa ara na Kristofo nni afã biara wɔ aman a ɛwɔ wiase no amammuisɛm mu. Wonnyina ɔman, abusua, nnipakuw anaa adwumakuw biara afã, na saa ara na wɔnsɔre ntia wɔn. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Mmom no, wɔyɛ “nnipa nyinaa yiye.” (Galatifo 6:10) Afã biara a Yehowa Adansefo nni no kyerɛ sɛ obiara ntumi nka no nokwarem sɛ esiane sɛ wɔne nnipa, ɔman, anaa abusuakuw foforo bi wɔ ayɔnkofa nti na wɔpo wɔn asɛm no.

Wɔde Ɔdɔ na Ehu Wɔn

10. Ɔdɔ ho hia Kristoni dɛn?

10 Nea yɛaka ho asɛm dedaw no akyi no, Kristofo nni afã biara wɔ wiase nsɛm mu esiane wɔne Kristofo afoforo ntam abusuabɔ nti. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Onuadɔ ka yɛ a obi betumi ayɛ Kristoni no ho paa. (1 Yohane 3:14) Abusuabɔ a Kristoni ne Yehowa ne Yesu wɔ akyi no, ɔne Kristofo afoforo wɔ abusuabɔ a emu yɛ den paa. Ɛnyɛ wɔn a ɔne wɔn wɔ asafo mu nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔdɔ wɔn. ‘Ne nuanom kuw a wɔwɔ wiase nyinaa’ ka ho bi.—1 Petro 5:9.

11. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a Yehowa Adansefo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no anya wɔn suban so nkɛntɛnso?

11 Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo da wɔn nuadɔ adi denam nsɛm a ɛwɔ Yesaia 2:4 a wɔma enya mmamu no so: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Esiane sɛ Yehowa akyerɛkyerɛ nokware Kristofo nti, asomdwoe wɔ wɔne Onyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho ntam. (Yesaia 54:13) Esiane sɛ wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn nuanom nti, ɛremma da sɛ wɔbɛfa akode ako atia mfɛfo Kristofo—anaa obi foforo—wɔ aman afoforo so. Asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ wɔn ntam no yɛ wɔn som no fã titiriw, biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn honhom. (Dwom 133:1; Mika 2:12; Mateo 22:37-39; Kolosefo 3:14) ‘Wɔhwehwɛ asomdwoe, na wotiw no’ bere a wonim sɛ ‘Yehowa ani wɔ treneefo so’ no.—Dwom 34:14, 15.

Sɛnea Kristofo Bu Wiase No

12. Su a Yehowa kura wɔ nnipa a wɔwɔ wiase no mu bɛn na Yehowa Adansefo suasua, na ɔkwan bɛn so?

12 Yehowa abu wiase yi fɔ, nanso onnya mmuu wiase mu nnipa nyinaa atɛn ɛ. Ɔnam Yesu so bɛyɛ saa wɔ N’ankasa bere a ɛsɛ mu. (Dwom 67:3, 4; Mateo 25:31-46; 2 Petro 3:10) Ansa na saa bere no bɛba no, ɔda ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛ adesamma. Na mpo, ɔde n’ankasa Ba mae na ama obiara atumi afa no so anya daa nkwa. (Yohane 3:16) Sɛ́ Kristofo no, yesuasua Onyankopɔn dɔ denam Onyankopɔn nsiesiei a wayɛ ama nkwagye ho asɛm a yɛka kyerɛ afoforo no so, ɛmfa ho sɛ ebia wɔnkyerɛ mmɔden a yɛbɔ ho anisɔ no.

13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu wiase atumfoɔ?

13 Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu wiase atumfoɔ? Paulo buaa saa asɛm no bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase. Na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ” no. (Romafo 13:1, 2) Nnipa di tumi a ‘ɛwɔ anohyeto’ (sɛ ɛsõ anaasɛ esua, nanso bere nyinaa ɛnto Yehowa de) efisɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ no na ama wɔn kwan. Kristoni brɛ ne ho ase hyɛ wiase tumidi ase efisɛ ɛno nso ka osetie a ɔyɛ ma Yehowa no ho. Nanso sɛ Onyankopɔn ahwehwɛde ne nnipa nniso de nhyia a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

Onyankopɔn Mmara ne Kaesare De

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Daniel tumi kwatii asidi a na ɛbɛba osetie a ɔbɛyɛ mu no? (b) Gyinae bɛn na Hebrifo baasa no sii bere a na wontumi nkwati asidi a ɛbɛba wɔ osetie a na wɔbɛyɛ mu no?

14 Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no ma yenya sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma nnipa nniso ahorow ne sɛnea yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ahyɛ Onyankopɔn tumidi ase ma akari pɛ no ho nhwɛso fɛfɛ. Bere a Hebrifo mmerante baanan no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon no, wodii ɔman no mmara so na ntɛm ara na wɔpaw wɔn maa wɔn ntetee soronko. Bere a Daniel hui sɛ ntetee no ne Yehowa Mmara bedi asi no, ɔne ɔpanyin a ɔhwɛ wɔn so no kaa ho asɛm. Nea efii mu bae ne sɛ, wɔyɛɛ nhyehyɛe titiriw de kyerɛɛ obu maa Hebrifo baanan no ahonim. (Daniel 1:8-17) Yehowa Adansefo di Daniel nhwɛso no akyi bere a wofi anifere mu kyerɛkyerɛ wɔn gyinabea mu kyerɛ mpanyimfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhyia ɔhaw biara sɛnea ɛnsɛ no.

15 Nanso, bere bi akyi no, na wontumi nkwati asidi a ɛfa nea ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma no no ho. Babilon hene no yɛɛ ohoni kɛse bi de sii Dura tataw so na ɔhyɛɛ mpanyimfo ne asase no so atumfoɔ sɛ wonhyiam ma wonnwira no. Ebeduu saa bere yi no, na wɔayɛ Daniel nnamfo baasa no atumfoɔ wɔ Babilon asase no so, enti na ahyɛde no ka wɔn. Eduu bere bi wɔ dwumadi no mu no, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔahyiam nyinaa kotow ohoni no anim. Nanso na Hebrifo no nim sɛ eyi betia Onyankopɔn mmara. (Deuteronomium 5:8-10) Enti bere a obiara bɔɔ ne mu ase no, wɔkɔɔ so gyinaa hɔ. Ɛdenam ɔhene no ahyɛde so a wobui nti no, na wobewu owu yayaw bi; nanso wɔpaw sɛ wobewu mmom sen sɛ wɔbɛyɛ Yehowa so asoɔden.—Daniel 2:49–3:29.

16, 17. Asomafo no yɛɛ wɔn ade dɛn bere a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonnyae asɛnka no, na dɛn ntia?

16 Wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔfrɛɛ Yesu Kristo asomafo no kogyinaa Yudafo mpanyimfo anim wɔ Yerusalem na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din nnka asɛm bio. Wɔyɛɛ wɔn ade dɛn? Ná Yesu ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ amanaman nyinaa asuafo, a na Yudea nso bɛka ho. Afei nso na waka akyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ n’adansefo wɔ Yerusalem ne wiase no fã a aka nyinaa. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8) Ná asomafo no nim sɛ ahyɛde ahorow a Yesu de maa wɔn no kyerɛ Onyankopɔn apɛde a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Yohane 5:30; 8:28) Enti wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 4:19, 20; 5:29.

17 Ná ɛnkyerɛ sɛ asomafo no retew atua. (Mmebusɛm 24:21) Nanso, bere a nnipa atumfoɔ baraa wɔn sɛ wɔnnyɛ Onyankopɔn apɛde no, nea na wobetumi aka ara ne sɛ ‘Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn, ɛnyɛ onipa.’ Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛde “Kaesare de ma Kaesare, na yɛde Onyankopɔn de ma Onyankopɔn.” (Marko 12:17) Sɛ yebu Onyankopɔn ahyɛde so esiane sɛ onipa na ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa nti a, na yɛde Onyankopɔn de rema onipa. Na mmom, yɛde nea ɛyɛ Kaesare de nyinaa ama no, nanso yemmu yɛn ani ngu Yehowa tumidi a ɛkorɔn sen biara no so. Ɔne Amansan Hene, Ɔbɔadeɛ no, tumi nyinaa Wura.—Adiyisɛm 4:11.

Yebegyina Pintinn

18, 19. Gyinae pa bɛn na yɛn nuanom dodow no ara asi, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi wɔn nhwɛso no akyi?

18 Mprempren wiase nniso dodow no ara gye ɔfã biara a Yehowa Adansefo nni no tom, na yɛkyerɛ ho anisɔ. Nanso, wɔ aman bi so no, Adansefo no ahyia ɔsɔretia a ano yɛ den. Wɔ afeha a ɛto so 20 no mu nyinaa de bedu mprempren no, yɛn nuanom mmarima ne mmea binom adi apere kɛse, na wɔ honhom fam no, wɔreko “gyidi ko pa no.”—1 Timoteo 6:12.

19 Ɔkwan bɛn so na yebetumi agyina pintinn te sɛ wɔn? Nea edi kan no, yɛkae sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ɔsɔretia kwan. Sɛ yehyia a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu anaa yɛma ɛyɛ yɛn nwonwa. Paulo bɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:12; 1 Petro 4:12) Wɔ wiase a Satan akɛntɛn so mu yi, dɛn nti na yɛrenhyia ɔsɔretia? (Adiyisɛm 12:17) Dodow a yekura yɛn gyidi mu no, dodow no ara na ebinom a ‘yɛn ho yɛ wɔn nwonwa no bɛkɔ so aka yɛn ho nsɛmmɔne.’—1 Petro 4:4.

20. Nokware ahorow a ɛhyɛ gyidi den bɛn na wɔakae yɛn?

20 Nea ɛto so abien no, yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa ne n’abɔfo no bɛboa yɛn. Sɛnea Elisa a ɔtraa ase tete no kae no, “wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no.” (2 Ahene 6:16; Dwom 34:7) Ebetumi aba sɛ Yehowa ankasa na wama asɔretiafo kwan kakra, na ama ɔde adi n’atirimpɔw a ɛteɛ ho dwuma. Nanso, ɔbɛma yɛn ahoɔden a yebetumi de agyina mu bere nyinaa. (Yesaia 41:9, 10) Ebinom de wɔn nkwa atwa so, nanso ɛno mma yɛmpa abaw. Yesu kae sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.” (Mateo 10:16-23, 28) Yɛyɛ “amamfrafo” wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu ara kwa. Yɛde yɛn bere a yɛwɔ wɔ ha no redi dwuma na ‘yɛaso nokware nkwa,’ daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no mu. (1 Petro 2:11; 1 Timoteo 6:19) Bere tenten a yɛkɔ so di Onyankopɔn nokware no, obiara ntumi nnye saa akatua no mfi yɛn nsam.

21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem bere nyinaa?

21 Ne saa nti, momma yɛnkae abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne Yehowa Nyankopɔn wɔ no. Ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ mfaso horow a yenya sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo ne Ahenni no nkoa no ho anisɔ. Momma yemfi koma nyinaa mu nnɔ yɛn nuanom, na ɛmmra sɛ yebenya ɔdɔ a wɔde dɔ yɛn no mu anigye bere nyinaa. Nea ɛsen ne nyinaa no, momma yentie odwontofo no nsɛm no: “Ma w’ani nna [Yehowa, NW] so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, na ma w’ani nna [Yehowa, NW] so.” (Dwom 27:14; Yesaia 54:17) Afei te sɛ Kristofo pii a wodii yɛn anim no, yebegyina pintinn akura yɛn anidaso mu—sɛ nokware Kristofo a wonni afã biara wɔ wiase no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɔkwan bɛn so na yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no twe yɛn fi wiase yi mu?

• Sɛ́ Onyankopɔn Ahenni nkoa no, ɔkwan bɛn so na yekura ɔfã biara a yenni wɔ wiase yi mu no mu?

• Akwan bɛn so na ɔdɔ a yɛn nuanom da no adi no ma yɛkɔ so twe yɛn ho fi wiase no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔkwan bɛn so na yɛn ho ase a yɛbrɛ hyɛ Onyankopɔn Ahenni ase no ka yɛne wiase no ntam abusuabɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Hutuni ne Tutsini bom yɛ adwuma anigye so

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yudafo ne Arabfo anuanom Kristofo

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Serbiafo, Bosniafo, ne Croatiafo Kristofo nya wɔn ho wɔn ho fekubɔ mu anigye

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ atumfoɔ hyɛ yɛn sɛ yemmu Onyankopɔn mmara so a, dɛn ne ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so?