Mmebusɛm 24:1-34
24 Mma w’ani mmmere abɔnefo,Na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛbɔ.+
2 Efisɛ wɔn koma dwen awudisɛm ho,Na wɔn ano keka mmusu.
3 Nyansa na wɔde si ofi,*+Na nhumu na ɛma egyina.
4 Nimdeɛ na wɔde nya nneɛma hyɛ emu adan ma,Nneɛma a ɛsom bo ne afɛfɛde nyinaa bi.+
5 Onyansafo ho yɛ den,+Na nimdeɛ ma onipa ahoɔden dɔɔso.
6 Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo ko,+Na afotufo* dodow mu na nkonimdi wɔ.*+
7 Ɔkwasea de, ne nsa ntumi nka nyansa;*+Onni hwee ka wɔ kurow pon ano.
8 Obiara a ɔbɔ pɔw bɔne no,Wɔbɛfrɛ no adwemmɔnefo hene.+
9 Nkwaseadwene yɛ bɔne,Na nkurɔfo kyi ɔfɛwdifo.+
10 Sɛ w’aba mu bu amanehunu da* mu a,W’ahoɔden bɛyɛ ketewaa bi.
11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ owu mu,Na gye wɔn a wɔrehinhim wɔ okum kwan so no.+
12 Sɛ woka sɛ: “O, na yennim” a,
Nea Ɔhwehwɛ koma mu* no renhu anaa?+
Yiw, Nea n’ani hwɛ wo* no behu,Na obetua onipa biara ka sɛnea ne nnwuma te.+
13 Me ba, di ɛwo, efisɛ eye;Ɛwo a efi ɛwokyɛm mu yɛ dɛ paa.
14 Saa ara na nyansa te; hu sɛ eye ma wo.*+
Sɛ wunya bi a, ebesi wo yiye daakye,Na wɔrentwa w’anidaso nkyene.+
15 Nyɛ wo ho sɛ ɔbɔnefo nkɔtɛw baabi a ɛbɛn ɔtreneeni fi;Nsɛe baabi a ogye n’ahome.
16 Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsan asɔre;+Na abɔnefo de, mmusu bɛma wɔahwe ase.+
17 Sɛ wo tamfo hwe ase a, nni ahurusi,Na sɛ biribi to no hintidua a, mma wo koma ani nnnye.+
18 Anyɛ saa a, Yehowa behu, na n’ani rennye ho,Na Ɔbɛdan n’abufuw afi no* so.+
19 Mma wo bo mmfuw* esiane abɔnefo nti,Na mma w’ani mmmere nnipa bɔnefo.
20 Efisɛ anidaso biara nni hɔ mma ɔbɔnefo biara;+Na wobedum abɔnefo kanea.+
21 Me ba, suro Yehowa ne ɔhene,+
Na wo ne atuatewfo* mmmɔ,+
22 Efisɛ wɔn amanehunu bɛba prɛko pɛ.+
Hena na onim ɔsɛe a wɔn baanu* de bɛba wɔn so?+
23 Saa nsɛm yi nso yɛ anyansafo dea:
Atemmu mu animhwɛ de, enye.+
24 Obiara a ɔka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ: “Woyɛ ɔtreneeni” no,+
Aman bɛdome no, na amanaman bebu no obusuyɛfo.
25 Na wɔn a wɔkasa kyerɛ no de, ebesi wɔn yiye;+Wɔde nneɛma pa behyira wɔn.+
26 Nea ɔma mmuae a ɛyɛ nokware no, nkurɔfo befew n’ano.*+
27 Yɛ w’abɔnten adwuma wie, na toto biribiara kama wɔ w’afuw mu;Wuwie a, na woasi wo fi.*
28 Nni adanse ntia wo yɔnko bere a wunni nnyinaso biara.+
Mfa w’ano nnaadaa nkurɔfo.+
29 Nka sɛ: “Nea wayɛ me no, saa ara na me nso mɛyɛ no;Nea ɔyɛɛ me no, mɛyɛ no bi atua ka.”+
30 Mitwaam wɔ ɔkwadwofo afuw ho,+Na mekɔfaa ɔbarima a wagyimi* bobefuw* ho.
31 Mihui sɛ nwura agye afa;Nsasono afa ase nyinaa,Na abo a wɔde agye ho ban no abubu.+
32 Mehwɛe, na midwen ho wɔ me komam;Mihui, na nea misuae ni:*
33 Mereda kakra, meretɔ nko kakra,Merebobɔw me nsa ahome kakra;
34 Wode saa ara na wo hia aba sɛ ɔkorɔmfo,Na w’ahokyere aba sɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “wɔde kyekyere abusua.”
^ Anaa “agyinatufo.”
^ Anaa “nkwagye wɔ; nneɛma kɔ yiye.”
^ Anaa “nokware nyansa.”
^ Anaa “ɔhaw bere.”
^ Anaa “Ɔhwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu.”
^ Anaa “wo kra.”
^ Anaa “ɛyɛ dɛ ma wo kra.”
^ Kyerɛ sɛ, ɔtamfo no.
^ Anaa “Mma wo bo mmfuw denneennen.”
^ Anaa “wɔn a wɔpere hwehwɛ nsakrae.”
^ Kyerɛ sɛ, Yehowa ne ɔhene.
^ Ebetumi nso akyerɛ, “Mmuae tẽẽ te sɛ mfewano.”
^ Anaa “woakyekye w’abusua.”
^ Nt., “ne koma nni hɔ.”
^ Anaa “bobeturo.”
^ Nt., “mefaa mu adwene.”