Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obiara Tumi Kɔ Ahenni Asa Ahorow So

Obiara Tumi Kɔ Ahenni Asa Ahorow So

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Obiara Tumi Kɔ Ahenni Asa Ahorow So

BERE a Yesu Kristo retete n’asuafo ama asɛnka adwuma no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔmpae mu nka no adan atifi.’ (Mateo 10:27) Yiw, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn Kristofo som adwuma no wɔ petee mu, wɔ ɔmanfo anim. Esiane saa afotu yi nti, Yehowa Adansefo nso yɛ wɔn adwuma no wɔ petee mu. Adansefo no adwuma a wɔyɛ no baguam yi ama wɔatumi adi ɔsɔretia so na ama wɔahu wɔn yiye.

Ɛwom sɛ obiara tumi kɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow ase de, nanso esiane wɔn ho adwemmɔne a nkurɔfo wɔ nti ɛma nnipa binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkɔ Ahenni Asa bi so. Eyi te saa wɔ Finland. Afoforo nso suro sɛ wɔbɛkɔ mmeae foforo. Sɛ wosi Ahenni Asa foforo anaasɛ wosiesie dedaw bi a, wɔtaa bue ano ma obiara tumi kɔhwɛ hɔ. Wobetumi abɔ mmɔden ayɛ nhyehyɛe de ato nsa afrɛ afoforo ma wɔabɛhwɛ Ahenni Asa so hɔ na ama wɔahu sɛnea Yehowa Adansefo yɛ wɔn nnwuma no yiye.

Wɔ beae bi no, Adansefo no yɛɛ nsɛmma nhoma ɔsatu wɔ da no ara a wobuee Ahenni Asa foforo ano ma nkurɔfo kɔhwɛɛ hɔ no. Adansefo baanu bi hyiaa ɔbarima bi a n’ani afi a ɔkae sɛ n’ani gye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no akenkan ho. Anuanom no kaa ɔdan ano bue no ho asɛm kyerɛɛ no, na wɔkae sɛ wɔde no bɛkɔ Ahenni Asa no so. Ɔbarima no kae sɛ n’ani begye ho sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Bere a ne yere tee nkɔmmɔbɔ a ɛrekɔ so no, ɔteɛɛm sɛ, “Monnkɔ nnyaw me!”

Bere a ɔbarima no duu Ahenni Asa no so no, ɔhwɛɛ hɔ hyiae kae sɛ: “Eyi nyɛ tuntum koraa. Hwɛ, ɛyɛ fɛ na ɛhyerɛn. Wɔka kyerɛɛ me sɛ Ahenni Asa no bɛyɛ tuntum!” Awarefo no dii bere kakra wɔ hɔ na wɔkae sɛ wɔmma wɔn nhoma a wɔde rekyerɛ wɔ hɔ no bi.

Asafo bi pɛe sɛ wɔbɔ wɔn Ahenni Asa a na wobebue ma ɔmanfo abɛhwɛ hɔ no ho amanneɛ wɔ ɛhɔnom atesɛm krataa mu wɔ da a na wobehyira ɔdan no so no ara. Bere a atesɛm krataa no samufo panyin no nsa kaa amanneɛbɔ no, ɔde nyansahyɛ mae sɛ wɔnkyerɛw asɛm bi mfa adeyɛ no ho. Anuanom no penee so, na bere tiaa bi akyi no, asɛm bi a ɛyɛ anigye a ɛyɛ kratafa biako mu fã puee atesɛm krataa no mu, na ɛkaa dwuma a na wɔrebedi no ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔnom dwumadi ahorow ho asɛm.

Wotintim asɛm no wiei no, Ɔdansefo bi a n’ani afi hyiaa ofipamfo bi, na ofipamfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa Adansefo ho asɛm bi a ɛyɛ anigye apue atesɛm krataa mu nnɛ!” Onuawa no tumi dii no adanse na akyiri yi ɔmaa no Jehovah’s Witnesses in the Twentieth Century nhomawa no bi.

Nea ɛka Yehowa Adansefo ho adwemmɔne bi a nkurɔfo wɔ a woyi fi hɔ ho no, adan ano a wobue ma nkurɔfo kɔhwɛ hɔ ne Ahenni Asa foforo a wohyira so no akanyan adawurubɔfo no denam nkuran a ahyɛ wɔn ma wɔfrɛ nnipa pii ba asafo nhyiam ahorow ase no so. Yiw, wɔ nsase pii, a Finland ka ho so no, nkurɔfo ahu sɛ obiara tumi kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so.