Yohane Kyerɛwtohɔ 7:1-52

  • Yesu kɔɔ Apata Afahyɛ no ase (1-13)

  • Yesu kyerɛkyerɛe wɔ afahyɛ no ase (14-24)

  • Ɛsono adwene a obiara kura wɔ Kristo no ho (25-52)

7  Eyi akyi no, Yesu kɔɔ so kyin faa Galilea, na na ɔmpɛ sɛ okyin Yudea, efisɛ na Yudafo no repɛ no akum no.+  Nanso na Yudafo Apata* Afahyɛ+ no abɛn.  Enti ne nua mmarima+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi ha na kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ a w’asuafo no nso behu nnwuma a woreyɛ no bi.  Obiara nni hɔ a sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ade ma nkurɔfo hu no a, ɔbɛyɛ no kokoam. Sɛ wutumi yɛ eyinom a, ɛnde fa wo ho kyerɛ wiase no.”  Asɛm no ara ne sɛ, na ne nua mmarima no nnye no nni.+  Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me bere nnya nsoe,+ na mo de, bere biara ye ma mo.  Wiase no nni biribiara a ebegyina so atan mo, na me de, ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.+  Mo de, monkɔ afahyɛ no ase, na me de, minnya nkɔɔ afahyɛ yi ase, efisɛ me bere nnya nsoe.”+  Na bere a ɔkaa eyinom kyerɛɛ wɔn wiei no, ɔtenaa Galilea. 10  Nanso bere a ne nuanom kɔɔ afahyɛ no ase no, ɔno nso kɔe, nso wanyi ne ho adi. Mmom ɔde ne ho siei. 11  Enti Yudafo no fii ase hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase, na wobisae sɛ: “Saa ɔbarima no wɔ he?” 12  Na huhuhuhu kɔɔ so wɔ nnipadɔm no mu wɔ Yesu ho. Ebinom kae sɛ: “Ɔyɛ onipa pa.” Ɛnna ebi nso se: “Ɛnyɛ nokware, mmom ɔdaadaa nnipadɔm no.”+ 13  Nanso Yudafo no ho hu nti, obiara anyi n’anim anka ne ho asɛm.+ 14  Bere a afahyɛ no duu mfinimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefi hɔ, na ofii ase kyerɛkyerɛe. 15  Eyi yɛɛ Yudafo no nwonwa, na wɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim Kyerɛwnsɛm* no saa+ bere a ɔnkɔɔ sukuu* biara?”+ 16  Yesu nso buaa wɔn sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ nea ɔsomaa me no dea.+ 17  Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn hɔ+ anaasɛ me ara na mebɔ me tirim kasa. 18  Obiara a ɔno ara bɔ ne tirim kasa no hwehwɛ ɔno ara n’anuonyam; na obiara a ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no,+ ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ biara nni ne mu. 19  Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo Mmara+ no anaa? Nanso mo mu baako mpo nni Mmara no so. Adɛn nti na morepɛ me akum me?”+ 20  Nnipadɔm no buae sɛ: “Wowɔ honhommɔne. Hena na ɔrepɛ wo akum wo?” 21  Yesu buaa wɔn sɛ: “Ade baako pɛ a meyɛe na ayɛ mo nyinaa nwonwa yi? 22  Eyi nti na Mose ama mo twetiatwa,*+ ɛnyɛ sɛ efi Mose bere so, na mmom efi agyanom bere so;+ na mutwa nnipa twetia homeda. 23  Sɛ wotumi twa obi twetia homeda sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrento Mose Mmara no a, ɛnde adɛn nti na mo bo afuw me denneennen sɛ mama obi ho atɔ no homeda?+ 24  Nea mo ani hu na mugyina so bu atɛn; munnyae saa, na mummu atɛn wɔ trenee mu.”+ 25  Ɛnna Yerusalemfo no bi fii ase bisae sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi na wɔrepɛ no akum no no?+ 26  Nanso hwɛ! ogyina nnipa mu rekasa, nso wɔnka hwee nkyerɛ no. Adɛn, atumfo no abehu sɛ ɔno ara ne Kristo no anaa? 27  Yenim baabi a ɔbarima yi fi;+ nanso Kristo no de, sɛ ɔba a, ɛnsɛ sɛ obiara hu baabi a ofi.” 28  Na bere a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi hɔ no, ɔteɛɛm sɛ: “Munim me, na munim baabi a mifi nso. Ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae.+ Mmom Nea ɔsomaa me no yɛ obi a ɔwɔ hɔ paa, nanso munnim no.+ 29  Me de, minim no,+ efisɛ mebae sɛ ne nanmusini, na Ɔno na ɔsomaa me.” 30  Enti wofii ase hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no,+ nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere nnya nsoe.+ 31  Eyi nyinaa akyi, nnipadɔm no mu pii gyee no dii.+ Na wɔkae sɛ: “Sɛ Kristo no ba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne asen nea ɔbarima yi ayɛ yi anaa?” 32  Farisifo no tee sɛ nnipadɔm no reyɛ huhuhuhu keka nsɛm yi fa Yesu ho. Enti asɔfo mpanyin no ne Farisifo no somaa awɛmfo sɛ wɔnkɔkyere no. 33  Ɛnna Yesu kae sɛ: “Mɛwɔ mo nkyɛn kakra ansa na makɔ Nea ɔsomaa me no nkyɛn.+ 34  Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, na baabi a mewɔ no, morentumi mma hɔ.”+ 35  Ɛno nti, Yudafo no kekaa wɔ wɔn mu sɛ: “Ɛhe na ɔbarima yi pɛ sɛ ɔkɔ a enti yɛrenhu no? Ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yudafo a wɔahwete Greecefo mu no nkyɛn na ɔkɔkyerɛkyerɛ Greecefo no anaa? 36  Asɛm a ɔkae yi kyerɛ dɛn, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, na baabi a mewɔ no, morentumi mma hɔ’?” 37  Na ɛda a etwa to a ɛyɛ afahyɛ no+ da kɛse no, Yesu sɔre gyinaa hɔ, na ɔteɛɛm sɛ: “Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom nsu.+ 38  Obiara a ogye me di no, sɛnea kyerɛwsɛm no aka no: ‘Ne mu tɔnn na nkwa asubɔnten bɛtene afi.’”+ 39  Nanso honhom+ no na na ɔreka ho asɛm, honhom a na wɔn a wogye no di no rebenya no. Saa bere no, na honhom no nnya mmae, efisɛ na wɔnhyɛɛ Yesu anuonyam.+ 40  Ɛnna nnipadɔm no mu bi a wɔtee nsɛm yi fii ase kae sɛ: “Ampa, oyi ne Odiyifo+ no.” 41  Ná ebi nso reka sɛ: “Oyi ne Kristo no.”+ Ɛnna ebinom rebisa sɛ: “Galilea na Kristo no befi aba anaa?+ 42  Kyerɛwnsɛm no se, Dawid+ aseni no mu na Kristo no befi aba, na obefi Betlehem+ na aba, akuraa a na Dawid te mu+ no, ɛnte saa?” 43  Na ne nti, nnipadɔm no mu kyɛe. 44  Ná wɔn mu bi pɛ sɛ wɔkyere no, nanso obiara amfa ne nsa anka no. 45  Enti awɛmfo no san kɔɔ asɔfo mpanyin no ne Farisifo no hɔ, na wobisaa awɛmfo no sɛ: “Adɛn nti na moamfa no amma?” 46  Awɛmfo no buae sɛ: “Obiara nkasae saa da.”+ 47  Ɛnna Farisifo no bisaa wɔn sɛ: “Mo nso wɔadaadaa mo anaa? 48  Atumfo no anaa Farisifo no bi agye no adi anaa?+ 49  Na nnipadɔm yi a wonnim Mmara no, wɔadome wɔn.” 50  Ɛnna Nikodemo, Farisini a bere bi ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no bisaa wɔn sɛ: 51  “Sɛ yennii kan ntiee obi anom asɛm nhuu nea ɔreyɛ a, yɛn Mmara tumi bu no atɛn anaa?”+ 52  Wobuaa no sɛ: “Adɛn, wo nso wufi Galilea anaa? Hwehwɛ mu hwɛ, na wubehu sɛ odiyifo biara nni hɔ a obefi Galilea aba.”*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Asese.”
Kyerɛ sɛ, rabifo sukuu.
Nt., “nkyerɛwee.”
Anaa “aka sɛ muntwa ɔbarima biara dua.”
Tete nsaano nkyerɛwee ne nsaano nkyerɛwee a wɔagye atom no pii wɔ hɔ a, ti 7, nky. 53 kosi ti 8, nky. 11 no nni mu.