Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Hwehwɛ Yehowa Ne Ne Tumi Akyi Kwan’

‘Hwehwɛ Yehowa Ne Ne Tumi Akyi Kwan’

‘Hwehwɛ Yehowa Ne Ne Tumi Akyi Kwan’

“[Yehowa, “NW”] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.”—2 BERESOSƐM 16:9.

1. Dɛn ne tumi, na ɔkwan bɛn so na nnipa de adi dwuma?

TUMI betumi akyerɛ nneɛma pii te sɛ afoforo so nkɛntɛnso anaa tumi a wowɔ; yɛ a wutumi yɛ biribi; honam fam tumi (ahoɔden); anaa adwene anaa abrabɔ mu tumi. Nnipa nni sɛnea wɔde tumi di dwuma ho kyerɛwtohɔ pa. Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo Lord Acton, reka tumi a ebedi amanyɔfo nsam ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Tumi ma onipa sɛe, na tumi a obi ne obiara mmɔ mu hye sɛe onipa koraa.” Nhwɛso pii a ɛkyerɛ sɛnea Lord Acton asɛm yi yɛ nokware no abu so wɔ nnɛyi abakɔsɛm mu. ‘Onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne’ sen biara wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. (Ɔsɛnkafo 8:9) Katabaakofo a wɔnka nokware de wɔn tumi adi dwuma akwammɔne so, na wɔatɔre nnipa ɔpepem pii ase. Tumi a wɔde di dwuma ahantan so a ɔdɔ, nyansa, ne atɛntrenee nnim yɛ hu.

2. Kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa su afoforo nya sɛnea ɔde ne tumi di dwuma no so nkɛntɛnso no mu.

2 Nea ɛnte sɛ nnipa pii de no, Onyankopɔn de ne tumi yɛ adepa bere nyinaa. “[Yehowa, NW] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Yehowa de ne tumi di dwuma ɔkwampa so. Onyankopɔn fi boasetɔ mu twentwɛn atemmu a ɔde ba abɔnefo so ase na ama wɔanya hokwan asakra. Ɔdɔ ka no ma ɔma owia pue nnipa nyinaa—wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ—so. Awiei koraa no, atɛntrenee bɛka no ma ɔde ne tumi a enni ano no adi dwuma de ayi nea otumi di awu, Satan Bonsam, afi hɔ.—Mateo 5:44, 45; Hebrifo 2:14; 2 Petro 3:9.

3. Dɛn nti na ade nyinaa so tumi a Onyankopɔn wɔ no yɛ ade a enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so?

3 Tumi kɛse a yɛn soro Agya no wɔ no yɛ biribi a enti ɛsɛ sɛ yenya ne mu ahotoso ne awerɛhyem—wɔ ne bɔhyɛ ahorow ne n’ahobammɔ nyinaa mu. Sɛ abofra kumaa bi kura n’agya nsa wɔ nnipa a onnim wɔn mu a, ɔte nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ, efisɛ onim sɛ n’agya remma kwan mma adebɔne bi nto no. Saa ara na sɛ yɛne yɛn soro Agya, nea ‘ɔwɔ tumi kɛse’ no nantew a, ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi adebɔne bi a ebetumi ato yɛn daa ho. (Yesaia 63:1; Mika 6:8) Sɛ́ Agya pa no, Yehowa di ne bɔhyɛ ahorow ho dwuma bere nyinaa. Ne tumi a enni ano no ma yenya awerɛhyem sɛ ‘n’asɛm a efi n’anom bɛyɛ nea enti a ɔsomae no.’—Yesaia 55:11; Tito 1:2.

4, 5. (a) Bere a Ɔhene Asa de ne ho too Yehowa so koraa no, dɛn na esii? (b) Sɛ yɛde nnipa nyansahyɛ di yɛn nsɛnnennen ho dwuma a, dɛn na ebetumi aba?

4 Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma yɛn werɛ mfi ahobammɔ a yenya fi yɛn soro Agya no hɔ no? Efisɛ tebea horow betumi abunkam yɛn so ma yɛn werɛ afi baabi a yenya ahobammɔ ankasa fi no. Yehu eyi wɔ Ɔhene Asa, ɔbarima a ɔde ne ho too Yehowa so, no nhwɛso no mu. Wɔ Asa nniso bere mu no, Etiopia asraafo ɔpepem biako a na wɔyɛ den bɛtow hyɛɛ Yuda so. Bere a Asa hui sɛ n’atamfo no betumi adi ne so nkonim no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], ɛnyɛ ade bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wonni tumi: boa yɛn, [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden.” (2 Beresosɛm 14:11) Yehowa tiee Asa adesrɛ no, na ɔma odii nkonim koraa.

5 Nanso, bere a Asa de nokwaredi somee mfirihyia pii akyi no, n’ahotoso wɔ Yehowa ogye tumi mu no hinhimii. Nea ɛbɛyɛ na wakwati Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam ahunahuna nti, ɔdan kɔhwehwɛɛ mmoa wɔ Siria. (2 Beresosɛm 16:1-3) Ɛwom sɛ n’adanmude a ɔde kɔmaa Siria hene Ben-Hadad no maa Israel gyaee ahunahuna a ɛde baa Yuda so no de, nanso apam a Asa ne Siria yɛe no daa no adi sɛ na onni Yehowa mu ahotoso. Odiyifo Hanani bisaa no pen sɛ: “So Etiopiafo ne Libiafo no anyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodow ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mu? Na sɛ wutwerii [Yehowa, NW] nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.” (2 Beresosɛm 16:7, 8) Nanso, Asa poo saa animka yi. (2 Beresosɛm 16:9-12) Sɛ yehyia nsɛnnennen a, mommma yɛmmfa yɛn ho nnto nnipa nyansahyɛ ahorow so. Mmom no, momma yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so, efisɛ sɛ yɛde yɛn ho to nnipa tumi so a, yɛn nsa besi fam ɔkwan biara so.—Dwom 146:3-5.

Hwehwɛ Ahoɔden a Yehowa De Ma No

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ Yehowa ne ne tumi akyi kwan’?

6 Yehowa betumi ahyɛ n’asomfo den na wabɔ wɔn ho ban. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnhwehwɛ Yehowa ne ne tumi akyi kwan.’ (Dwom 105:4) Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛyɛ nneɛma wɔ Onyankopɔn tumi mu a, yɛde yɛn ahoɔden bɛyɛ nneɛma a ɛso bɛba afoforo mfaso na ɛnyɛ nneɛma a ebepira wɔn. Baabiara nni hɔ a yebetumi anya eyi ho nhwɛso a eye sen Yesu Kristo a ɔyɛɛ anwonwade pii wɔ ‘Yehowa tumi’ mu no. (Luka 5:17) Na anka Yesu betumi de ne ho asi hɔ ahwehwɛ ahode, edin, anaasɛ wayɛ ɔhene tumfoɔ bi mpo. (Luka 4:5-7) Mmom no, ɔde tumi a Onyankopɔn de maa no no tetee afoforo kyerɛkyerɛɛ wɔn, na ɔde boaa wɔn saa wɔn yare. (Marko 7:37; Yohane 7:46) Nhwɛso pa bɛn na wayɛ ama yɛn sɛɛ yi!

7. Sɛ yɛyɛ nneɛma wɔ Onyankopɔn ahoɔden mu na yɛanyɛ no yɛn ankasa ahoɔden mu a, su titiriw bɛn na yenya?

7 Afei nso, sɛ yɛyɛ nneɛma wɔ “ahoɔden a Onyankopɔn de ma” mu a, eyi bɛboa yɛn ma yɛanya ahobrɛase. (1 Petro 4:11) Mmarima a wɔhwehwɛ tumi no dan ahantanfo. Ɛho nhwɛso biako ne Asiria hene Esar-Hadon a ɔde ahohoahoa kae sɛ: “Meyɛ otumfoɔ, meyɛ otumfoɔ a ɔyɛ den, meyɛ dɔmmarima, meyɛ ɔbran, meyɛ ɔkɛse” no. Nea ɛne no bɔ abira no, ‘wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Yehowa apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu.’ Enti, sɛ nokware Kristoni hoahoa ne ho a, ɔhoahoa ne ho Yehowa mu, efisɛ onim sɛ ɛnyɛ n’ankasa ahoɔden na ɔde yɛ biribi. ‘Yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ wɔ Onyankopɔn tumi nsa ase’ no bɛma wɔama yɛn so ankasa.—1 Korintofo 1:26-31; 1 Petro 5:6.

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ na ama yɛanya Yehowa ahoɔden?

8 Yɛyɛ dɛn nya Onyankopɔn ahoɔden? Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yebisa wɔ mpaebɔ mu. Yesu maa n’asuafo awerɛhyem sɛ N’agya de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no no. (Luka 11:10-13) Susuw sɛnea eyi maa Kristo asuafo no nyaa ahoɔden bere a wɔpaw sɛ wobetie Onyankopɔn mmom sen nyamesom akannifo a na wɔahyɛ wɔn sɛ wonnyae Yesu ho adansedi no ho hwɛ. Bere a wɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ Yehowa mmoa no, obuaa wɔn mpae a efi komam no, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn den ma wɔde akokoduru kɔɔ so kaa asɛmpa no.—Asomafo no Nnwuma 4:19, 20, 29-31, 33.

9. Ka ade a ɛto so abien a ɛma yenya honhom fam ahoɔden, na ma Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛnea ɛyɛ adwuma.

9 Nea ɛto so abien no, yebetumi anya honhom fam ahoɔden afi Bible mu. (Hebrifo 4:12) Onyankopɔn asɛm mu tumi daa adi wɔ Ɔhene Yosia nna no mu. Ɛwom sɛ na saa Yuda hene yi ayiyi abosonsomfo ahoni afi asase no so dedaw de, nso Yehowa Mmara no a wohuu no mpofirim wɔ asɔrefie hɔ no hyɛɛ no nkuran ma ɔtoaa saa afisiesie adwuma yi so. * Nanso, bere a Yosia ankasa kenkan Mmara no kyerɛɛ nkurɔfo no wiei no, ɔman no nyinaa ne Yehowa yɛɛ apam, na wofii ase tuu abosonsom so sa a ɛto so abien denneennen. Adepa a efii Yosia afisiesie no mu bae ne sɛ ‘ne nna nyinaa mu no, wamman amfi Yehowa akyi.’—2 Beresosɛm 34:33.

10. Dɛn ne ɔkwan a ɛto so abiɛsa a yebetumi afa so anya Yehowa ahoɔden, na dɛn nti na ɛho hia?

10 Nea ɛto so abiɛsa no, yɛnam Kristofo fekubɔ so nya Yehowa ahoɔden. Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnkɔ Kristofo nhyiam ahorow daa na ama ‘wɔatwetwe wɔn ho wɔn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu,’ na wɔahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. (Hebrifo 10:24, 25) Bere a woyii Petro fii afiase anwonwakwan so no, ɔpɛe sɛ ohu ne nuanom, enti ɔkɔɔ Yohane Marko maame fie tẽẽ, baabi a na “nnipa bebree aboaboa wɔn ho ano rebɔ mpae.” (Asomafo no Nnwuma 12:12) Nokwarem no, na anka wɔn nyinaa betumi atra wɔn afie abɔ mpae. Nanso, wohyiaam bɔɔ mpae hyehyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ bere a na emu yɛ den no mu. Bere a Paulo reyɛ awie n’akwantu tenten a ɛyɛ hu a na ɔretu akɔ Roma no, ohyiaa anuanom bi wɔ Puteoli, na akyiri yi ɔne afoforo a wotwaa kwan behyiaa no hyiae. Dɛn na ɔyɛe? “Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na otwaa ne bo tɔɔ ne yam.” (Asomafo no Nnwuma 28:13-15) Bere a ɔne mfɛfo Kristofo hyiae bio no, ɛhyɛɛ no den. Yɛn nso yenya ahoɔden fi yɛne yɛn mfɛfo Kristofo fekubɔ mu. Bere a yɛwɔ hokwan na yebetumi ne yɛn ho yɛn ho abɔ fekuw no, ɛnsɛ sɛ yɛn nkutoo bɔ mmɔden sɛ yɛbɛnantew ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so.—Mmebusɛm 18:1; Mateo 7:14.

11. Kyerɛ tebea horow bi a ɛma “tumi a ɛboro so” ho hia titiriw.

11 Yɛnam mpae a yɛbɔ, Onyankopɔn Asɛm a yesua, ne mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn bɔ fekuw daa so ‘kɔ so nya Awurade ne n’ahoɔden mu tumi.’ (Efesofo 6:10) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa hia ‘Awurade mu tumi.’ Ebinom yare ahoɔmmerɛw, onyin ama ebinom ayɛ mmerɛw, na ebinom ahwere wɔn ahokafo a wɔne wɔn abɔ bra bere tenten. (Dwom 41:3) Afoforo gyina ɔhokafo a onnye nni sɔretia ano. Awofo, titiriw awofo a wonni ahokafo, betumi ahu sɛ honam fam adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ ne abayɛn yɛ asɛyɛde a ɔbrɛ wom. Kristofo mmofra hia ahoɔden a wɔde begyina atipɛnfo nhyɛso ano ne kwati a wɔbɛkwati nnubɔnenom ne ɔbrasɛe. Ɛnsɛ sɛ obiara twentwɛn ne nan ase sɛ obebisa Yehowa ma wama no “tumi a ɛboro so” ma ɔde agyina nsɛnnennen a ɛte saa ano.—2 Korintofo 4:7.

“Ɔma Nea Wabrɛ Otumi”

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa wowaw yɛn wɔ Kristofo som adwuma no mu?

12 Afei nso, sɛ Yehowa asomfo reyɛ wɔn adwuma no a, ɔma wɔn tumi. Yɛkenkan wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu sɛ: “Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso. . . . Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.” (Yesaia 40:29-31) Ɔsomafo Paulo ankasa nyaa tumi de yɛɛ ne som adwuma no. Ne saa nti, ne som adwuma no tuu mpɔn. Ɔkyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm mu nko, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron . . . mu nso.” (1 Tesalonikafo 1:5) Ná ahoɔden wɔ n’asɛnka ne ne nkyerɛkyerɛ no mu a na ebetumi ama wɔn a wotie no no ayɛ nsakrae kɛse wɔ wɔn asetra mu.

13. Dɛn na ɛhyɛɛ Yeremia den ma ogyinaa ne nan so a na ɔsɔretia mfa ho?

13 Sɛ yehyia nkurɔfo a wɔyɛ anibiannaso wɔ yɛn asasesin—asasesin a ebia yɛde mfirihyia pii aka asɛm no wom mpɛn pii a ɛnsow aba ahe biara—mu a, ebetumi ama yɛn abam abu. Ɔsɔretia, fɛwdi, ne anibiannaso a Yeremia hyiae no maa n’abam bui saa ara. Ɔkaa no ne tirim sɛ: “Merenkae [Onyankopɔn] na meremmɔ ne din menkasa bio.” Nanso, na ontumi nka n’ano ntom. N’asɛm no yɛe “sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu [ne] nnompe mu.” (Yeremia 20:9) Dɛn na ɛma onyaa ahoɔden foforo wɔ amanehunu bebree no mu? Yeremia kae sɛ: “[Yehowa, NW] gyina m’akyi sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu.” (Yeremia 20:11) Anisɔ a na Yeremia wɔ wɔ ne nkrasɛm no ne n’adwuma a na Onyankopɔn de ama no ho no ma ogyee Yehowa nkuranhyɛ no toom.

Tumi a Ɛsɛe Ade ne Tumi a Ɛsa Yare

14. (a) Ɔkwan bɛn so na tɛkrɛma yɛ adwinnade a ɛwɔ tumi? (b) Ma nhwɛso ahorow fa kyerɛ sɛnea tɛkrɛma betumi asɛe ade mu.

14 Ɛnyɛ tumi a yɛwɔ nyinaa na efi Onyankopɔn hɔ tẽẽ. Sɛ nhwɛso no, tɛkrɛma tumi sɛe ade yɛ ade yiye. Salomo bɔ kɔkɔ sɛ: “Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam.” (Mmebusɛm 18:21) Nea efii nkɔmmɔbɔ tiawa a Satan ne Hawa bɔe mu bae no da sɛnea nsɛm a wɔka betumi asɛe ade kɛse no adi. (Genesis 3:1-5; Yakobo 3:5) Yɛn nso yebetumi de yɛn tɛkrɛma asɛe ade kɛse. Nsɛm a ɛnhyɛ nkuran a wobɛka afa sɛnea abeawa bi kɛse te ho betumi ama n’anom ato. Nseku bi a yɛbɛkɔ so adi a yensusuw ho no betumi asɛe adamfofa bi a akyɛ. Yiw, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn tɛkrɛma yiye.

15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn tɛkrɛma ahyɛ afoforo den asa wɔn yare?

15 Nanso tɛkrɛma betumi ahyɛ den na apira nso. Bible mu bɛ no ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Kristofo a wonim nyansa de tumi a tɛkrɛma wɔ no kyekye wɔn a wɔabotow ne wɔn a wɔn biribi awu werɛ. Nsɛm a ɛda tema adi betumi ahyɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔreko tia atipɛnfo nhyɛso bɔne no nkuran. Adɔe tɛkrɛma betumi ama anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim ate nka sɛ wɔn ho da so hia na yɛdɔ wɔn. Nsɛm a yefi ayamye mu ka betumi ama wɔn a wɔyare ani agye. Nea ɛsen ne nyinaa no, yebetumi de yɛn tɛkrɛma adi dwuma aka Ahenni asɛm a tumi wom no akyerɛ wɔn a wobetie nyinaa. Sɛ Onyankopɔn asɛm wɔ yɛn koma mu a, yebetumi abɔ no dawuru. Bible ka sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.”—Mmebusɛm 3:27.

Tumi a Wɔde Di Dwuma Ɔkwampa So

16, 17. Sɛ mpanyimfo, awofo, okununom ne ɔyerenom de tumi a Onyankopɔn de ama wɔn redi dwuma a, ɔkwan bɛn so na wobetumi asuasua Yehowa?

16 Ɛwom sɛ Yehowa yɛ ade nyinaa so tumfoɔ de, nanso odi asafo no so ɔdɔ so. (1 Yohane 4:8) Kristofo ahwɛfo de wɔn tumi di dwuma de hwɛ Onyankopɔn nguan so wɔ ɔdɔ mu—wosuasua Yesu enti wɔmfa nni dwuma ɔkwammɔne so. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a ɛho hia sɛ ahwɛfo “yi ntɛn, ka anim, tu fo,” nanso wɔde “abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ” na ɛyɛ eyi. (2 Timoteo 4:2) Enti mpanyimfo no susuw ɔsomafo Petro nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn a tumi hyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no ho bere nyinaa: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.”—1 Petro 5:2, 3; 1 Tesalonikafo 2:7, 8.

17 Yehowa ama awofo ne okununom nso tumi, na ɛsɛ sɛ wɔde saa tumi yi di dwuma de boa afoforo, wowaw wɔn, na wɔde tete wɔn. (Efesofo 5:22, 28-30; 6:4) Yesu nhwɛso no da no adi sɛ yebetumi de tumi adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ ɔdɔ mu. Sɛ nteɛso kari pɛ na ɛfata a, ɛremma mmofra koma ntu. (Kolosefo 3:21) Sɛ Kristofo kununom fi ɔdɔ mu di wɔn tiyɛ ho dwuma, na ɔyerenom bu wɔn kununom tiyɛ no kɛse sen sɛ wɔbɛyɛ ade atra tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no akɔhyɛ afoforo so anaa wɔayɛ nea wɔn ankasa pɛ a, wɔn aware no bɛsɔ.—Efesofo 5:28, 33; 1 Petro 3:7.

18. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa nhwɛso wɔ sɛnea yebedi yɛn abufuw so mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wodi tumi no bɔ mmɔden de hyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no mu?

18 Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi tumi wɔ abusua ne asafo mu titiriw hwɛ yiye sɛ wobedi wɔn abufuw so, efisɛ abufuw mfa ɔdɔ nhyɛ afoforo mu, na mmom ɛde ehu na ɛhyɛ afoforo mu. Odiyifo Nahum kae sɛ: “[Yehowa, NW] bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden sõ.” (Nahum 1:3; Kolosefo 3:19) Sɛ yedi yɛn abufuw so a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ den, na abufuhyew yɛ mmerɛwyɛ ho sɛnkyerɛnne. (Mmebusɛm 16:32) Botae no ne sɛ yɛbɛma ɔdɔ atra yɛn abusua ne asafo no mu—Yehowa ho dɔ, ɔdɔ a yɛbɛdodɔ yɛn ho yɛn ho, ne trenee mmara a yɛbɛdɔ. Ɔdɔ ne pɛyɛ hama a ɛyɛ den, na ɛno ne ade a ɛkanyan yɛn kɛse ma yɛyɛ adetrenee.—1 Korintofo 13:8, 13; Kolosefo 3:14.

19. Bɔhyɛ a awerɛkyekye wom bɛn na Yehowa de ma, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ho?

19 Sɛ wubehu Yehowa a, gye sɛ wugye ne tumi tom. Yehowa nam Yesaia so kae sɛ: “So wunhui? So wontee ɛ? Daa Onyankopɔn ne [Yehowa, NW] a ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw.” (Yesaia 40:28) Yehowa tumi nsa da. Sɛ yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa so na yɛde yɛn ho to no so a, ɔrennyaw yɛn. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.” (Yesaia 41:10) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ n’adɔe ho? Te sɛ Yesu no, momma yɛmfa tumi biara a Yehowa de ma yɛn no nni dwuma mfa mmoa afoforo nhyɛ wɔn den. Momma yenni yɛn tɛkrɛma so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde bɛsa yare mmom sen sɛ yɛde bepira afoforo. Na momma yɛn ani nna hɔ honhom fam, na yennyina pintinn wɔ gyidi mu, na yɛn ho nyɛ den wɔ yɛn Bɔfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, tumi mu bere nyinaa.—1 Korintofo 16:13.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Ɛda adi sɛ, Yudafo no huu Mose Mmara a wodii kan kyerɛwee a na wɔde akɔto asɔrefie hɔ mfehaha pii no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne tumi di dwuma?

• Akwan bɛn so na yebetumi de yɛn ho ato Yehowa ahoɔden so?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde tumi a tɛkrɛma wɔ no di dwuma?

• Ɔkwan bɛn so na tumi a Onyankopɔn de ma no betumi ayɛ nhyira?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yesu de Yehowa tumi dii dwuma boaa afoforo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Sɛ Onyankopɔn asɛm wɔ yɛn koma mu a, yebetumi abɔ no dawuru