Mmebusɛm 12:1-28

  • Nea ɔtan ɔkasakyerɛ no nni adwene (1)

  • “Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi” (18)

  • Wɔn a wɔhyɛ asomdwoe ho nkuran ani gye (20)

  • Ano a ɛnka nokware yɛ Yehowa akyiwade (22)

  • Onipa komam dadwen ma ne koma botow (25)

12  Nea ɔdɔ nteɛso no dɔ nimdeɛ,+Na nea ɔtan ɔkasakyerɛ no de, onni adwene.*+  2  Nea ɔyɛ onipa pa no, Yehowa gye no tom,Na onipa a ɔwɔ adwemmɔne de, Obu no fɔ.+  3  Onipa biara nni hɔ a bɔne betumi abɔ ne ho ban,+Na atreneefo de, wɔrentutu wɔn ase da.  4  Ɔyere pa yɛ ne kunu ahenkyɛw,+Na ɔyere a ɔyɛ aniwude de, ɔte sɛ ɔyare a ɛma ne kunu nnompe porɔw.+  5  Atreneefo nsusuwii teɛ,Na abɔnefo akwankyerɛ de, ɛyɛ nnaadaa.  6  Abɔnefo nsɛm te sɛ owudifo a ɔretetɛw obi akum no,*+Na atreneefo ano de,egye wɔn.+  7  Wotu abɔnefo ase a, wɔyera,Na atreneefo fi de, ebegyina daa.+  8  Onipa a obue n’ano nyansa mu no, wobeyi no ayɛ,+Na nea ne koma akyea de, wɔremfa no nyɛ hwee.+  9  Obi a wommu no a ɔwɔ akoa no,Oye sen obi a ɔhoahoa ne ho a n’ano aduan* abɔ no.+ 10  Ɔtreneeni hwɛ n’afieboa* yiye,+Na ɔbɔnefo de, ne mmɔborɔhunu mpo yɛ atirimɔden. 11  Nea ɔdɔw n’asaase no, aduan bɛmee no,+Na nea odi nneɛma hunu akyi no, onnim nyansa.* 12  Ɔbɔnefo ani bere nea abɔnefo foforo asum afiri anya,Na atreneefo ntini de, ɛsow aba. 13  Ɔbɔnefo de, ɔno ara anom asɛmmɔne na esum no afiri,+Na ɔtreneeni befi amanehunu mu. 14  Onipa anom aba na ɛma odi adepa* mee,+Na ne nsa ano adwuma bɛma wanya akatua. 15  Ɔkwasea kwan teɛ wɔ ɔno ara ani so,+Na onyansafo de, otie afotu.+ 16  Ɔkwasea da n’abufuw adi ntɛm,*+Na onyansafo de, obu n’ani gu adapaatwa so.* 17  Nea odi adanse turodoo no, ɔka nokware,*Na nea n’adanse nyɛ nokware no, ɔka nnaadaasɛm. 18  Nsɛm a wotu no bumbum no, ɛte sɛ nea wɔde sekan rewowɔ obi,Na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.+ 19  Ano a ɛka nokware betim hɔ daa,+Na tɛkrɛma a ɛnka nokware de, ɛrenni gyina.+ 20  Nnaadaa wɔ wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne koma mu,Na wɔn a wɔhyɛ asomdwoe ho nkuran de, wɔn ani gye.*+ 21  Bɔne biara rento ɔtreneeni,+Na abɔnefo de, amanehunu bɛhyɛ wɔn ma.+ 22  Ano a ɛnka nokware yɛ Yehowa akyiwade,+Na wɔn a wodi nokware no ma n’ani gye. 23  Onyansafo de nea onim sie,Na ɔkwasea koma de, ɛkeka nsɛm ma ne nkwaseasɛm da adi.+ 24  Mmɔdenbɔfo* nsa bedi tumi,+Na nsa a ɛnyɛ adwuma de, ɛbɛyɛ nkoadwuma.+ 25  Onipa komam dadwen ma ne koma botow,*+Na asɛmpa ma enya anigye.+ 26  Ɔtreneeni hwehwɛ baabi a ne mmoa bedidi,Na abɔnefo kwan de, ɛma wɔyera. 27  Ɔkwadwofo nkɔ ahayɔ,+Na mmɔdenbɔ de, ɛyɛ onipa agyapade a ɛsom bo. 28  Trenee kwan kɔ nkwa mu,+Na owu nni n’anammɔnkwan so.

Ase Hɔ Nsɛm

^ Anaa “onnim nyansa.”
^ Nt., “ɔretwɛn mogya.”
^ Nt., “paanoo.”
^ Anaa “n’afieboa kra.”
^ Nt., “ne koma nni hɔ.”
^ Anaa “papa.”
^ Anaa “da no ara.”
^ Nt., “ɔkata adapaatwa so.”
^ Nt., “ɔka nea ɛteɛ.”
^ Nt., “asomdwoe ho afotufo de, wɔn ani gye.”
^ Anaa “Nsiyɛfo.”
^ Anaa “ma ɔyɛ basaa.”