Mika 6:1-16
6 Mepa mo kyɛw, muntie nea Yehowa reka.
Monsɔre, na monka mo asɛm wɔ mmepɔw anim,Na nkoko nte mo nne.+
2 O mmepɔw, muntie Yehowa asɛm,*Asaase nnyinaso a etim hɔ, muntie,+Efisɛ Yehowa ne ne nkurɔfo anya asɛm;Israel na ɔne no bedi asɛm:+
3 “Me man, dɛn na mede ayɛ wo?
Na dɛn na mede ayɛ wo a ama woabrɛ?+
Ka ma obiara nte.*
4 Hwɛ, me na miyii wo fii Egypt asaase so;+Migyee wo fii nkoafi.+Na mesomaa Mose ne Aaron ne Miriam dii w’anim.+
5 Me man, mepa wo kyɛw, kae nea Moab hene Balak bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛyɛ no,+Ɛne mmuae a Beor ba Baalam de maa no no,+Nea esii fi Sitim+ kosi Gilgal+ no,Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu Yehowa trenee nnwuma.”
6 Dɛn na memfa mmra Yehowa anim?
Dɛn na memfa mmɛkotow Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no?
Memmɛbɔ ɔhyew afɔre mma no?Anaa memfa anantwi mma a wɔn mu biara adi afe mmra?+
7 Yehowa ani bɛsɔ adwennini mpempem,Ne ngo asuten mpem du du anaa?+
Memfa me babarima a ɔyɛ m’abakan mmetua m’atuatew ka?Anaa memfa aba a efi me mu* mmɛpata me* bɔne?+
8 O onipa, waka nea eye akyerɛ wo.
Na dɛn na Yehowa rehwehwɛ afi wo hɔ?
Ɛno ara ne sɛ wubedi asɛntrenee,*+ na woama nokwaredi ada wo koma so,*+Na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn anantew!+
9 Yehowa nne refrɛ kurow no;Wɔn a wonim nyansa besuro wo din.
Muntie abaa no ne nea ɔde abaa no bae no.+
10 Agyapade a wɔbɔɔ apoo nyae no, ebi da so wɔ abɔnefo fi anaa?Na efa susude* a wɔabɔ to a ɛyɛ abusude nso ɛ?
11 Sɛ mewɔ nsenia* a mede sisi nkurɔfo a, m’abrabɔ ho bɛtew* anaa?Na mewɔ kotoku a nsisi nkaribo wom nso a, m’abrabɔ ho bɛtew anaa?+
12 Awudisɛm ahyɛ kurow no mu asikafo ma,Na emufo ka atosɛm;+Wɔn tɛkrɛma a ɛda wɔn anom no, nnaadaa ayɛ no ma.+
13 “Enti, mɛbɔ wo apira wo,+Na wo bɔne nti, mɛma woadan amamfo.*
14 Wubedidi, nanso woremmee;Na wo yafunu bɛda mpan.+
Wobɛtwe wo nneɛma, nanso worentumi nkora so,Na nea wobɛkora so mpo, mede bɛma sekan.
15 Wubedua aba, nanso worentwa.
Wubekyi ngodua aba mu,* nanso worentumi mfa ngo no nyɛ hwee;Wobɛyɛ bobesa foforo, nanso worennya bobesa biara nnom.+
16 Efisɛ Omri ahyɛde ne Ahab fi nnwuma nyinaa, mudi akyi,+Na wɔn afotu na mode nantew.
Ɛno nti, mɛma wo ho ayɛ tan,Na obiara a obehu kurow no mufo no bɛbɔ hwirema;+Na amanaman no fɛwdi a wɔde bɛba mo so no, mobɛsoa.”+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “asɛm wɔ asɛnnibea; nkurobɔ.”
^ Anaa “Di adanse tia me.”
^ Anaa “aba a efi me nipadua mu.”
^ Anaa “me kra.”
^ Anaa “woafi ayamye ne nokwaredi mu adɔ afoforo.” Nt., “wobɛdɔ ɔdɔ a enni huammɔ.”
^ Anaa “wubebu atɛntrenee; wubedi nokware.”
^ Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
^ Anaa “medi bem.”
^ Anaa “mɛsɛe wo.”
^ Anaa “Wobɛboro ngodua aba.”