Nahum 1:1-15
1 Niniwe ho atemmusɛm:+ Nahum* a ofi Elkos no anisoadehu nhoma:
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho,+ na otua bɔne so ka;Yehowa tua bɔne so ka, na ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda n’abufuw adi.+
Yehowa tua wɔn a wɔne no di asi no ka,Na ɔboaboa abufuw ano twɛn n’atamfo.
3 Yehowa bo mfuw ntɛm+ na ne tumi sõ,+Nanso sɛ obi fata asotwe a, Yehowa remma ɔmfa ne ho nni da.+
Ɔreba a, mframa a ɛsɛe ade ne ahum na edi n’akyi,Na omununkum yɛ ne nan ase mfuturu.+
4 Ɔka ɛpo anim+ ma ɛyow;Ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow.+
Basan ne Karmel afifide twintwam+Na Lebanon nhwiren nso twintwam.
5 Ne nti mmepɔw wosow,Na nkoko nan.+
Asaase hu n’anim a, ɛbɔ birim;Ɛne wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa.+
6 Hena na obetumi agyina n’abufuw ano?+
Na hena na obetumi agyina n’abufuhyew ano?+
N’abufuw bɛdɛw sɛ ogya,Na ne nti abotan bedwiriw agu.
7 Yehowa ye,+ na ɔyɛ abannennen wɔ ahohia bere mu.+
Wɔn a wɔde no yɛ wɔn guankɔbea no, n’ani ku wɔn ho.*+
8 Ɔbɛma nsu ayiri ahohoro n’asaase* koraa,Na wama esum atiw n’atamfo.
9 Pɔw bɛn na mubetumi abɔ atia Yehowa?
Ɔde ɔsɛe pasaa reba.
Ahohia no rensan mma bio.+
10 Wɔanwene wɔn sɛ nsɔeNa wɔayɛ sɛ nea nsã* abobow wɔn,Nanso wɔbɛhyew te sɛ sare a awo.
11 Nea ɔbɔ Yehowa ho pɔw bɔneNe nea ɔma afotu bɔne nyinaa befi wo mu aba.
12 Nea Yehowa aka ni:
“Ná wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso,Nanso wobetwitwa wɔn agu ma wɔn ase ahyew.*
Mama mo ho ahiahia mo,* nanso meremma mo ho nhiahia mo bio.
13 Afei de kɔndua a ɛda wo so no, mebubu mu,+Na nhama a wɔde akyekyere wo no, mɛtew mu abien.
14 Nea Yehowa aka sɛ ɛbɛba wo* so ni,‘W’ase bɛhyew ama wo din ayera.
Ahoni a woasen ne nea wode nnade ayɛ* a ɛwɔ w’anyame fi* no, mɛsɛe ne nyinaa.
Mɛyɛ ɔdamoa ama wo, efisɛ mfaso biara nni wo so.’
15 Hwɛ, nea ɔde asɛmpa nam no fi mmepɔw so reba;Nea ɔka asomdwoe asɛm no.+
O Yuda, di w’afahyɛ.+ Ɛbɔ a woahyɛ no, di so,Efisɛ ohuhuni biara rentwam wɔ w’asaase so bio.
Wɔbɛsɛe no pasaa.”
Ase Hɔ Nsɛm
^ Ɛkyerɛ, “Ɔwerɛkyekyefo.”
^ Anaa “ɔhwɛ wɔn so.” Nt., “onim wɔn.”
^ Kyerɛ sɛ, Niniwe asaase.
^ Anaa “nsã a wɔde hwiit ayɛ.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “na obetwam akɔ.”
^ Kyerɛ sɛ, Mama Yuda ho ahiahia no.
^ Kyerɛ sɛ, Asiria.
^ Anaa “ne ahoni a wɔagu.”
^ Anaa “w’abosomfi.”