Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Yehowa Yɛ De Kyerɛ sɛ Ɔdɔ Yɛn?

Dɛn na Yehowa Yɛ De Kyerɛ sɛ Ɔdɔ Yɛn?

“Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adom yɛn!”1 YOHANE 3:1.

NNWOM: 91, 13

1. Dɛn na ɔsomafo Yohane hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnnwene ho, na adɛn ntia?

ƆSOMAFO Yohane hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnnwene ɔdɔ kɛse a Yehowa ada no adi akyerɛ yɛn no ho. Yɛkenkan wɔ 1 Yohane 3:1 sɛ: “Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adom yɛn!” Sɛ yɛdwendwene sɛnea Yehowa dɔ yɛn ne sɛnea ɔda ne dɔ adi kyerɛ yɛn no ho a, ɛma yɛbɛn no na yɛdɔ no kɛse mpo.

2. Adɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛhu sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn?

2 Awerɛhosɛm ne sɛ ebinom nhu nea enti a Onyankopɔn bɛtumi adɔ wɔn. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn nnwene nnipa ho. Ebia wɔsusu sɛ ade a Onyankopɔn yɛ ara ne sɛ ɔhyehyɛ mmara, na ɔtwe wɔn a wɔntie no no aso. Atoro nkyerɛkyerɛ ama ebinom anya adwene sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den, na yɛrentumi nnɔ no. Ebinom nso te nka sɛ nea nnipa bɛyɛ biara Onyankopɔn dɔ wɔn. Nanso wo deɛ, Bible a woasua no aboa wo ama woahu Yehowa ho nokwasɛm. Wonim sɛ ɔdɔ yɛ Yehowa su a ɛsen ne su a aka nyinaa, na ɔde ne Ba no mae sɛ agyede maa wo. (Yohane 3:16; 1 Yohane 4:8) Nanso esiane nneɛma a woafa mu wɔ asetenam nti, ebia ɛbɛtumi ayɛ den ama wo sɛ wobɛhu sɛnea Yehowa dɔ wo no.

3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea Yehowa dɔ yɛn?

3 Nea ɛbɛma yɛahu sɛnea Yehowa dɔ yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛdi kan hu sɛ Yehowa na ɔbɔɔ yɛn. Ɔno na ɔmaa yɛn nkwa. (Kenkan Dwom 100:3-5.) Ɛno nti na Bible ka sɛ onipa a ɔdi kan no yɛ “Onyankopɔn ba” no. (Luka 3:38) Yesu nso kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfrɛ Yehowa sɛ “yɛn Agya a wowɔ soro.” (Mateo 6:9) Enti Yehowa ne yɛn Agya, na ɔdɔ yɛn sɛnea agya pa biara dɔ ne mma no.

4. (a) Yehowa yɛ Agya bɛn? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi ne nea ɛdi hɔ no mu?

4 Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛhu sɛ wɔn papa dɔ wɔn. Ebia wɔn papanom yɛɛ wɔn ayayade wɔ wɔn mmofraase, enti sɛ wɔkae a ɛyɛ wɔn yaw. Yehowa renyɛ ne mma saa da. Agya a ɔsen biara a yɛbɛtumi anya ne Yehowa. (Dwom 27:10) Ɔdɔ yɛn paa, na ɔhwɛ yɛn wɔ akwan pii so. Dodow a yɛhu sɛ Yehowa dɔ yɛn no, dodow no ara na yɛbɛdɔ no. (Yakobo 4:8) Yɛbɛhwɛ nneɛma nnan a Yehowa ayɛ a ɛma yɛhu sɛ ɔdɔ yɛn wɔ adesua yi mu. Adesua a ɛdi hɔ no mu nso, yɛbɛhu nneɛma nnan a yɛbɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ no.

YEHOWA DƆ YƐN NA NE YAM YE

5. Dɛn na Onyankopɔn de ma nnipa nyinaa?

5 Bere a na ɔsomafo Paulo wɔ Athens, Greece no, ɔhuu anyame pii wɔ hɔ, na na nkurɔfo no gye di sɛ wɔn anyame no na wɔma wɔn nkwa. Enti ɔkaa “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no” ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn na “ɔma nnipa nyinaa nkwa ne home ne nneɛma nyinaa,” na “ɛnam ne so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ.” (Asomafoɔ Nnwuma 17:24, 25, 28) Yehowa na ɔma yɛn biribiara a yɛhia a ɛbɛma yɛatena nkwa mu na yɛanya anigye wɔ asetena mu. Wo deɛ, susu nneɛma a ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti wama yɛn nsa aka no bi ho hwɛ.

6. Ofie bɛn na Yehowa de ama yɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Yehowa ama yɛn fie a ɛyɛ fɛ. (Dwom 115:15, 16) Asase yɛ soronko wɔ okyinnsoromma a ɔbɔe nyinaa mu. Nyansahufo akɔ wim akɔhu okyinnsoromma pii nanso wɔnnya nhuu okyinnsoromma biara a nneɛma a ɛbɛtumi ama nnipa atena nkwa mu wɔ so. Yehowa ama yɛn biribiara a yɛhia a ɛbɛma yɛatumi atena nkwa mu, na wasan nso ayɛ asase fɛfɛɛfɛ a ahotɔ ne ahobammɔ wɔ so; ɛma yɛn ani tumi gye wɔ asetena mu. (Yesaia 45:18) Sɛ yɛhwɛ fie fɛfɛ a yɛn Agya Yehowa de ama yɛn no a, yɛhu paa sɛ ɔdɔ yɛn ampa.—Kenkan Hiob 38:4, 7; Dwom 8:3-5.

7. Dɛn na ɛma yɛhu sɛ sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn ampa?

7 Ade foforo a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn ne sɛ ɔbɔɔ yɛn sɛnea yɛbɛtumi asuasua no. (Genesis 1:27) Wei ma yɛhu sɛ ɔdɔ yɛn, na yɛn nso yɛtumi dɔ no bi. Ɔnim sɛ wei ma yɛn ani gye ankasa. Sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo dɔ wɔn a, ɛma wɔn ani gye paa. Momma yɛnkae sɛ, Yesu kaa sɛ sɛ yɛbɛn yɛn Agya Yehowa a, yɛn ani bɛgye. (Mateo 5:3) Yehowa na ɔma yɛn ‘adeɛ nyinaa ma yɛn ani gye.’ Yɛhu pefee sɛ Yehowa yam ye paa, na ɔdɔ yɛn ankasa.—1 Timoteo 6:17; Dwom 145:16.

YEHOWA KYERƐKYERƐ YƐN NOKWARE NO

8. Adɛn nti na yɛpɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn?

8 Agyanom dɔ wɔn mma, na wɔmpɛ sɛ nkurɔfo bɛdaadaa wɔn. Nanso ɛnnɛ awofo pii nnye nea Bible ka fa nea ɛtene ne nea ɛntene ho no ntom. Enti wɔntumi nkyerɛkyerɛ wɔn mma yie, na wei ma mmofra no adwene tu fra na wɔn ani nnye. (Mmebusɛm 14:12) Nanso esiane sɛ Yehowa yɛ “nokorɛ Nyankopɔn” nti, ɔkyerɛkyerɛ ne mma yie. (Dwom 31:5) N’ani gye ho sɛ ɔbɛka ne ho nokwasɛm akyerɛ yɛn. Ɔsan nso kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so nsom no, na ɔkyerɛ yɛn ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ yɛn bra. (Kenkan Dwom 43:3.) Dɛn na Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn a ɛma yɛhu sɛ ɔdɔ yɛn paa?

Agyanom a wɔyɛ Kristofo suasua Yehowa; wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma nokware no, na wɔboa wɔn ma wɔne wɔn Agya a ɔwɔ soro no nya abusuabɔ pa (Hwɛ nkyekyɛm 8-10)

9, 10. (a) Adɛn nti na Yehowa ka ne ho asɛm kyerɛ yɛn? (b) Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ a waka ho asɛm akyerɛ yɛn?

9 Nea ɛdi kan, Yehowa ka ne ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɔpɛ sɛ yɛhu no. (Yakobo 4:8) Enti wabɔ ne din akyerɛ yɛn. Nokwasɛm ne sɛ Bible bɔ Yehowa din mpɛn pii sen edin foforo biara. Afei nso, Yehowa ma yɛhu Onyankopɔn ko a ɔyɛ. Sɛ yɛhwɛ nneɛma a wabɔ a, yɛhu sɛ ɔwɔ tumi ne nyansa. (Romafoɔ 1:20) Sɛ yɛkenkan Bible a, yɛhu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na yɛhu sɛ ɔdɔ yɛn paa. Bere a yɛabɛhu Yehowa su a ɛyɛ fɛ no, ɛma yɛbɛn no kɛse.

Bere a yɛabɛhu Yehowa su a ɛyɛ fɛ no, ɛma yɛbɛn no kɛse

10 Yehowa san ma yɛhu n’atirimpɔ nso. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛka n’abusua ho. Bio nso, ɔma yɛhu nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne no bɛbom ayɛ adwuma na yɛne n’abusua no mufo nyinaa atena asomdwoe mu. Bible ma yɛhu pefee sɛ Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yɛn ankasa nkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne. (Yeremia 10:23) Yehowa nim nea ɛyɛ ma yɛn paa. Sɛ yɛgye ne tumidi tom na yɛtie no a, ɛnna yɛbɛnya asetena a asomdwoe ne akomatɔyam wom. Yehowa dɔ yɛn nti na wama yɛahu saa nokwasɛm titiriw yi.

11. Dɛn na yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ama yɛahu afa daakye ho?

11 Agya a ɔdɔ ne mma dwene wɔn daakye ho paa. Ɔpɛ sɛ wɔnya akomatɔyam wɔ asetenam. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ nnipa dodow no ara dwene nneɛma a wɔsuro sɛ ɛbɛba daakye ho de haw wɔn ho, na nnipa bebree sɛe wɔn bere hwehwɛ nneɛma a ɛntena hɔ daa. (Dwom 90:10) Yɛn ani sɔ paa sɛ yɛn Agya, Yehowa, akyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛnya akomatɔyam wɔ asetenam nnɛ, na wasan nso ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daakye papa bi!

YEHOWA KYERƐ NE MMA KWAN NA ƆTENE WƆN SO

12. Dɛn na ɛma yɛhu sɛ afotu ne akwankyerɛ a Yehowa de maa Kain ne Baruk no kyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn?

12 Bere a Yehowa huu sɛ Kain pɛ sɛ ɔyɛ adebɔne bi no, ɔyɛe sɛ ɔbɛboa Kain. Enti Yehowa bisaa Kain sɛ: “Ɛdeɛn na ama wo bo afu saa, na adɛn nti na woakunkum w’anim yi? Sɛ wosakra yɛ papa a, w’anim remma nyam anaa?” (Genesis 4:6, 7) Kain antie Yehowa afotu, na ɔhuu amane. (Genesis 4:11-13) Bere foforo nso, Yehowa huu sɛ adwemmɔne bi a Baruk anya no ama wabrɛ na n’abam abu. Enti Yehowa ka kyerɛɛ Baruk sɛ adwene a wanya no nyɛ papa, na ɛsɛ sɛ ɔsakra n’adwene. Baruk tiee Yehowa afotu no, na ɛgyee no nkwa.—Yeremia 45:2-5.

13. Bere a Yehowa asomfo anokwafo kɔɔ sɔhwɛ mu no, dɛn na wɔsua fii mu?

13 Yehowa kyerɛ yɛn kwan na ɔtene yɛn so efisɛ ɔdɔ yɛn. Sɛ ɛhia sɛ Yehowa tene yɛn so a, ɔyɛ saa, na ɔtete yɛn nso. (Hebrifoɔ 12:6) Sɛ yɛkenkan Bible a, ɛma yɛhu asomfo anokwafo a Yehowa atete wɔn ma wɔayɛ nnipa papa. Sɛ yɛhwɛ Yosef, Mose, ne Dawid sɛɛ a, yɛhu sɛ wɔfaa mmere a emu yɛ den paa mu. Bere a wɔwɔ sɔhwɛ mu no, na Yehowa ka wɔn ho. Bere a Yehowa maa wɔn asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru no, nneɛma a wɔsuae wɔ saa sɔhwɛ ahorow a wɔfaa mu no boaa wɔn. Sɛ yɛkenkan sɛnea Yehowa boaa ne nkurɔfo na ɔtetee wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu a, yɛhu sɛ Yehowa dɔ yɛn ankasa.—Kenkan Mmebusɛm 3:11, 12.

14. Sɛ yɛyɛ ade bɔne bi a, dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

14 Sɛ yɛyɛ ade bɔne mpo a, Yehowa kɔ so da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn. Sɛ yɛgye ne ntenesoɔ tom na yɛsakra yɛn adwene a, ‘ɔde bɛfiri yɛn aboro so.’ (Yesaia 55:7) Dɛn na wei kyerɛ? Asɛm a Dawid ka faa Yehowa fafiri ho no ma yɛhu sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunu Agya. Dawid kaa sɛ: “Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔyi wo haw nyinaa firi hɔ. Ɔno na ɔgye wo nkwa firi amena mu, na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire. Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, saa na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.” (Dwom 103:3, 4, 12) Yehowa nam akwan pii so na ɔtene yɛn so na ɔkyerɛ yɛn kwan. Sɛ wohu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae bi a, woyɛ no ntɛm anaa? Kae bere nyinaa sɛ esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti na ɔtene yɛn so.—Dwom 30:5.

YEHOWA BƆ YƐN HO BAN

15. Dɛn bio na Yehowa yɛ ma yɛn a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

15 Agya a ɔdɔ ne mma bɔ wɔn ho ban fi asiane ho. Saa na yɛn Agya, Yehowa yɛ ma yɛn. Odwontofo no ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔwɛn n’anokwafoɔ kra; ɔgye wɔn firi nnebɔneyɛfoɔ nsam.” (Dwom 97:10) Susu wei ho hwɛ: Sɛ wohu sɛ biribi rebɛtɔ w’ani a, woyɛ ntɛm bɔ w’ani ho ban efisɛ ɛsom bo ma wo. Saa ara na esiane sɛ Yehowa asomfo som bo ma no nti, ɔyɛ ntɛm bɔ wɔn ho ban.—Kenkan Sakaria 2:8.

Esiane sɛ Yehowa asomfo som bo ma no nti, ɔyɛ ntɛm bɔ wɔn ho ban

16, 17. Dɛn na Yehowa ayɛ de abɔ ne nkurɔfo ho ban fi tete bɛsi nnɛ?

16 Yehowa afa n’abɔfo so abɔ ne nkurɔfo ho ban fi tete abɛsi nnɛ. (Dwom 91:11) Anadwo baako pɛ ɔbɔfo baako kunkum Asiriafo 185,000 gyee Onyankopɔn nkurɔfo. (2 Ahemfo 19:35) Asomafo no bere so no, abɔfo yii Petro, Paulo, ne afoforo fii afiase. (Asomafoɔ Nnwuma 5:18-20; 12:6-11) Nnansa yi, ɔko bi a ɛyɛ hu sii Afrika man bi mu. Basabasayɛ kɔɔ so wɔ ɔman no mu efisɛ ntɔkwa, korɔnbɔ, mmonnaato, ne akunkumakunkum na na ɛrekɔ so wɔ hɔ. Ɛwom sɛ onua biara anwu deɛ, nanso wɔn mu bebree hweree wɔn agyapade. Wɔn nyinaa tee nka sɛ Yehowa dɔ wɔn, na wɔhuu sɛ Yehowa hwɛɛ wɔn so. Ɛmfa ho amane a na wɔahu no, na wɔwɔ anigye paa. Bere a asafo ti no nanmusini bi kɔɔ ɔman no mu nsrahwɛ no, ɔbisaa anuanom mmarima ne mmaa no sɛ wɔn ho te sɛn, wɔgyee so sɛ, “Yehowa adom, yɛn ho ye!”

17 Ɛwom, Yehowa asomfo bi te sɛ osuani Stefano ne afoforo ahwere wɔn nkwa esiane wɔn nokwaredi nti. Ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa si biribi a ɛte saa ano. Nanso Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban; ɔbɔ wɔn kɔkɔ ma wɔhu sɛ Satan nam akwan pii so pɛ sɛ ɔdaadaa wɔn. (Efesofoɔ 6:10-12) Yɛhu kɔkɔbɔ a ɛte saa wɔ Bible ne Yehowa ahyehyɛde no nwoma ahorow mu. Ɛma yɛhu asiane a ɛwɔ Intanɛt a yɛde di dwuma ho, asiane a ɛwɔ ahonyade akyi di ho, asiane a ɛwɔ ɔbrasɛe ne sini a awudisɛm ahyɛ mu ma mu, asiane a ɛwɔ nwoma anaa agodie ahorow mu. Yɛhu pefee sɛ Yehowa dɔ yɛn, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban.

HOKWAN KƐSE BI

18. Wote nka sɛn wɔ ɔdɔ a Yehowa dɔ wo no ho?

18 Bere a Mose dwendwenee mfe dodow a ɔde asom Yehowa nyinaa ho no, ɔhuu sɛ Yehowa dɔ no. Mose kaa sɛ: “Ma w’adɔeɛ mmee yɛn anɔpa, na yɛatumi abɔ ose na yɛato ahurisi dwom yɛn nkwa nna nyinaa.” (Dwom 90:14) Ɛyɛ nhyira sɛ yɛahu sɛ Yehowa dɔ yɛn. Hwɛ sɛnea yɛanya hokwan kɛse sɛ Yehowa dɔ yɛn! Yɛte nka te sɛ ɔsomafo Yohane a ɔkaa asɛm a ɛdi so yi. Ɔkaa sɛ: “Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adom yɛn!”—1 Yohane 3:1.