Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛbɛyɛ Dɛn Akyerɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa?

Yɛbɛyɛ Dɛn Akyerɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa?

“Yɛn deɛ, yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdii kan dɔɔ yɛn.”—1 YOHANE 4:19.

NNWOM: 56,  138

1, 2. Dɛn na Yehowa ayɛ ama yɛn a enti ɛsɛ sɛ yɛdɔ no?

ƆKWAMPA a agya bi bɛtumi afa so akyerɛkyerɛ ne mma ne sɛ ɔbɛyɛ nhwɛso ama wɔn. Sɛ ɔda ɔdɔ adi kyerɛ ne mma a, ɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔn nso bɛda ɔdɔ adi. Obiara nni hɔ a wada ɔdɔ kɛse adi akyerɛ yɛn sen nea yɛn Agya, Yehowa, da no adi kyerɛ yɛn no. Enti yɛsua sɛnea yɛda ɔdɔ adi “ɛfiri sɛ ɔno na ɔdii kan dɔɔ yɛn.”—1 Yohane 4:19.

2 Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔno na “ɔdii kan dɔɔ yɛn.” Bible ka sɛ: “Yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafoɔ 5:8) Yɛn Agya, Yehowa, a ɔwɔ ɔdɔ no, de ne Ba mae sɛ agyede de gyee yɛn fii bɔne ne owuo mu. Saa akyɛde a ɛsom bo yi na ɛma yɛtumi bɛn Yehowa na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ no. Yehowa nam afɔre kɛse a ɔbɔe yi so ayɛ nhwɛso ama yɛn. Wakyerɛ yɛn sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya, na mmom ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi de kyerɛ sɛ yɛdɔ no.—1 Yohane 4:10.

3, 4. Dɛn na yɛde kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn?

3 Ɔdɔ yɛ Yehowa su titiriw. Ɛno nti yɛbɛtumi ahu nea enti a Yesu kaa sɛ ahyɛde a ɛsen biara ne: “Fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Marko 12:30) Yehowa pɛ sɛ yɛde yɛn ‘koma nyinaa’ dɔ no. Sɛ yɛdɔ obi anaa biribi foforo sen Yehowa a, ɛbɛyɛ no yaw. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no tena yɛn koma mu nkutoo. Yehowa hwɛ kwan nso sɛ yɛde yɛn ‘adwene nyinaa’ ne yɛn ‘ahoɔden nyinaa’ bɛdɔ no. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn nneyɛe nyinaa dɔ Yehowa.—Kenkan Mika 6:8.

4 Enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa ne nea yɛwɔ nyinaa dɔ Yehowa. Sɛ yɛde Yehowa di kan wɔ yɛn asetenam a, yɛma ɔhu sɛ yɛdɔ no ampa. Adesua a ɛdi wei anim mu no, yɛhuu nneɛma nnan a Yehowa ayɛ de ada ne dɔ kɛse adi akyerɛ ne mma. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yɛbɛtumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu ayɛ den na yɛama wahu sɛ yɛdɔ no.

MA YEHOWA NHU SƐ W’ANI SƆ NEA WAYƐ AMA WO

5. Sɛ yɛdwene nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa ho a, dɛn na yɛpɛ sɛ yɛyɛ?

5 Sɛ obi kyɛ wo ade a, ɛda adi paa sɛ woyɛ biribi de kyerɛ sɛ w’ani asɔ. Esiane sɛ akyɛde no som bo ma wo nti, wo nso wode di dwuma. Yakobo kaa sɛ: “Akyɛdeɛ pa ne adekyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ biara firi soro; ɛfiri hann Agya no nkyɛn, na sunsum a ɛsakra na ɛdanedane nni ne mu.” (Yakobo 1:17) Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛn biribiara a ɛbɛma yɛatumi atena ase na yɛn ani agye wɔ asetena mu. Yɛahu ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma yɛn, na yɛpɛ sɛ yɛma ɔhu sɛ yɛn nso yɛdɔ no. Saa na wote nka?

6. Sɛ na Israelfo no pɛ sɛ Yehowa kɔ so hyira wɔn a, dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

6 Yehowa maa Israelfo nneɛma pa pii. Yehowa de ne mmara kyerɛɛ wɔn kwan, na ɔmaa wɔn biribiara a wɔhia wɔ asetenam mfe pii. (Deuteronomium 4:7, 8) Ná Israelfo no bɛtumi adi saa mmara no so de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama wɔn no. Nea na wɔbɛtumi ayɛ no bi ne sɛ, sɛ wɔbɔ afɔre ma Yehowa a, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn afuo mu “nnepa a wobɛtwa no kane” na ɛyɛ saa. (Exodus 23:19) Ná Israelfo no nim sɛ sɛ wɔtie Yehowa asɛm na wɔsom no yie a, ɔbɛkɔ so ahyira wɔn.—Kenkan Deuteronomium 8:7-11.

7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ‘ahonyadeɛ’ adi dwuma ama Yehowa ahu sɛ yɛdɔ no?

7 Yɛn nso yɛbɛtumi de yɛn ‘ahonyadeɛ’ ama Yehowa de akyerɛ sɛ yɛdɔ no. (Mmebusɛm 3:9) Ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ wei ne sɛ yɛde nea yɛwɔ bɛhyɛ no anuonyam. Ɛho nhwɛso ne sɛ yɛbɛtumi ayi ntoboa de aboa Ahenni adwuma no wɔ yɛn ankasa asafo mu ne Ahenni adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no. Sɛ́ ebia yɛwɔ sika pii anaa kakraa bi no, yɛn nyinaa bɛtumi de nea yɛwɔ aboa de ada yɛn dɔ adi akyerɛ Yehowa. (2 Korintofoɔ 8:12) Nanso nneɛma foforo wɔ hɔ a yɛbɛtumi ayɛ ama Yehowa ahu sɛ yɛdɔ no.

Dodow a yɛnya Yehowa mu ahotoso no, dodow no ara na yɛma ɔhu sɛ yɛdɔ no

8, 9. Ɔkwan foforo bɛn na yɛfa so ma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no? Dɛn na Mike ne n’abusua yɛe?

8 Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan, na ɛnsɛ sɛ yɛndwendwene aduane ne ntade ho. Yɛn Agya ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nsa aka nneɛma a yɛhia. (Mateo 6:31-33) Yɛwɔ Yehowa mu ahotoso, na yɛnim sɛ ɔbɛdi saa bɔhyɛ no so. Efisɛ sɛ wodɔ obi paa a, wonya ne mu ahotoso. Nokwasɛm ne sɛ, dodow a yɛnya Yehowa mu ahotoso no, dodow no ara na yɛma ɔhu sɛ yɛdɔ no. (Dwom 143:8) Ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho sɛ: ‘So nneɛma a mede asi m’ani so ne sɛnea mede me bere ne m’ahoɔden di dwuma no kyerɛ sɛ medɔ Yehowa paa? Da biara, mede me ho to Yehowa so sɛ ɔbɛma me nsa aka nneɛma a mehia?’

9 Mike ne n’abusua de wɔn ho too Yehowa so. Efi Mike mmofraase nyinaa na ɔpɛ sɛ ɔkɔka asɛmpa no wɔ ɔman foforo so. Bere a ɔware woo mma mmienu mpo no, na ɔda so ara wɔ ɔpɛ a ɛte saa. Bere bi Mike ne n’abusua kenkan anuanom mmarima ne mmaa bi a wɔkɔsomee wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse ho asɛm, na wɔsii gyinae sɛ wɔrenhwehwɛ nneɛma akɛse wɔ wɔn asetena mu. Wɔtɔn wɔn fie kɔtenaa ofie ketewa bi mu. Ná Mike wɔ adwumayɛfo a wɔsiesie nkurɔfo afie ne nnwuma mu. Ɔtee n’adwuma no so, na ɔpɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛtumi afa Intanɛt so ahwɛ adwuma no so bere a ɔwɔ ɔman foforo so. Ɛno maa Mike ne n’abusua tumi tu kɔɔ ɔman foforo so, na wɔn ani gyee asɛnka adwuma a wɔkɔyɛe wɔ hɔ no ho paa. Mike kaa sɛ, “Yɛhuu sɛ asɛm a Yesu kaa wɔ Mateo 6:33 no yɛ nokware paa.”

DWENDWENE NEA YEHOWA KYERƐKYERƐ WO NO HO

10. Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛdwendwene nea yɛsua fa Yehowa ho no ho sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no?

10 Bere bi Ɔhene Dawid kaa sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam kyerɛ; na wiem kyerɛ ne nsa ano adwuma.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yehowa mmara yɛ pɛ, ɛma ɔkra ho san no. Yehowa nkaesɛm yɛ nokorɛ, ɛma deɛ ɔnni nimdeɛ hunu nyansa.” Bere a Dawid dwendwenee Yehowa mmara a ɛma yɛhu nyansa ne abɔde a ɛyɛ fɛ ho no, ɛma ɔbɛnee Yehowa kɛse, na na ɔpɛ sɛ Yehowa hu sɛ ɔdɔ no. Dawid kaa sɛ: “Ma m’anom nsɛm ne m’akomam nsusuiɛ nyɛ wo fɛ, O Yehowa, me Botan ne me Gyefoɔ.”—Dwom 19:1, 7, 14.

11. Yɛbɛyɛ dɛn de nimdeɛ a Yehowa ama yɛanya no adi dwuma ama wahu sɛ yɛdɔ no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 Ɛnnɛ, Yehowa ka n’atirimpɔ, nneɛma a wabɔ, Bible no, ne ɔno ankasa ho nsɛm pii kyerɛ yɛn. Wiase no hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnsua ade, nanso sɛ wɔsua nwoma kɔ akyiri a, ɛtaa ma Onyankopɔn ho dɔ fi wɔn mu. Nanso, ɛnyɛ nimdeɛ nko ara na Yehowa pɛ sɛ yɛnya, na mmom ɔboa yɛn ma yɛnya nyansa nso. Ɔpɛ sɛ yɛde nea yɛsua no di dwuma ma ɛboa yɛn ankasa ne afoforo. (Mmebusɛm 4:5-7) Ɛho nhwɛso bi ni. Ɔpɛ sɛ yɛma afoforo hu “nokorɛ no ho nimdeɛ,” na yɛboa wɔn ma wɔgye wɔn nkwa. (1 Timoteo 2:4) Sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ nnipa pii na yɛkyerɛ wɔn nea Ahenni no bɛyɛ ama adesamma a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa ne nnipa.—Kenkan Dwom 66:16, 17.

12. Dɛn na onuawa ababaa bi ka faa akyɛde bi a efi Yehowa hɔ ho?

12 Mmofra nso bɛtumi adwendwene nneɛma a Yehowa de ama wɔn ne nea wakyerɛkyerɛ wɔn nyinaa ho. Shannon da so ara kae sɛnea ɔtee nka bere a ɔne ne nuabaa kɔɔ ɔmantam nhyiam bi no. Saa bere no na Shannon adi mfe 11, na na ne nuabaa no nso adi mfe 10. Bere a “Onyankopɔn Ahofama” Ɔmantam Nhyiam no rekɔ so no, wɔmaa mmofra nyinaa, a na Shannon ne ne nuabaa no ka ho, kɔtenaa beae soronko bi. Mfiase no, ehu kaa no. Nanso bere a wɔmaa abofra biara Questions Young People Ask—Answers That Work nwoma no baako no, ne ho dwirii no. Akyɛde fɛfɛ yi maa Shannon tee nka sɛn wɔ Yehowa ho? Ɔkaa sɛ: “Saa bere no paa na mehuu sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa, na ɔdɔ me yie paa. Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn Kɛse no ama yɛn akyɛde a ɛyɛ fɛ na ɛdi mũ saa!”

GYE YEHOWA NTENESOƆ TOM

13, 14. Sɛ Yehowa tene yɛn so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

13 Bible kae yɛn sɛ: “Deɛ Yehowa dɔ no na ɔka n’anim, sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.” (Mmebusɛm 3:12) Sɛ yɛgye Yehowa ntenesoɔ tom na yɛma ɔtete yɛn a, yɛsua trenee na yɛnya asomdwoe. Nanso, “ntenesoɔ biara nni hɔ a seesei deɛ ɛyɛ anigyeɛ; mmom ɛyɛ awerɛhoɔ.” (Hebrifoɔ 12:11) Ɛwom sɛ ntenesoɔ nyɛ dɛ deɛ, nanso sɛ Yehowa tene yɛn so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛn? Sɛ nsɛm a wɔbɛka akyerɛ yɛn anyɛ yɛn dɛ mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛbu yɛn ani gu Yehowa afotu so da, anaasɛ yɛkɔ so ma yɛn bo fuw. Yɛdɔ Yehowa, enti yɛtie no na yɛyɛ nsakrae biara a ɛhia sɛ yɛyɛ.

Sɛ yɛfi yɛn pɛ mu yɛ nsakrae a ɛsɔ Yehowa ani a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ no ankasa

14 Malaki bere so no, Yudafo pii antie Yehowa asɛm. Anhaw wɔn sɛ Yehowa ani ansɔ nneɛma a na wɔde bɔ afɔre no. Enti Yehowa de afotu a emu yɛ den paa maa wɔn wɔ saa asɛm yi ho. (Kenkan Malaki 1:12, 13.) Nokwarem no, Yehowa tuu wɔn fo mpɛn pii, nanso wɔantie. Enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mɛma nnome aba mo so, na mo nhyira bɛdane nnome.” (Malaki 2:1, 2) Wei ma yɛhu sɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛrentie Yehowa afotu anaa yɛte nka sɛ n’afotu ho nhia a, yɛne ne ntam bɛsɛe.

Dwendwene nea Yehowa pɛ ho na ɛnyɛ nneɛma a aba so wɔ wiase (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛnya?

15 Satan wiase no ma nnipa yɛ ahantan ne pɛsɛmenkominya. Nnipa pii mpɛ sɛ wɔtenetene wɔn anaa wɔkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Ebinom tie afotu esiane sɛ ɛsɛ sɛ wɔtie ara nti. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa. Bible ka sɛ, “Mommfa wiase nhyehyɛeɛ yi su.” Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛhu nea Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. (Romafoɔ 12:2) Ɔnam n’ahyehyɛde no so tu yɛn fo wɔ bere a ɛsɛ mu. Nhwɛso bi ni. Wɔkae yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛpaw yɛn nnamfo, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛsi gyinae wɔ nneɛma a yɛyɛ de gye yɛn ahome ne nea yɛde dwodwo yɛn ho no ho. Sɛ yɛfi yɛn pɛ mu gye Yehowa ntenesoɔ tom na yɛyɛ nsakrae a ɛsɔ n’ani a, yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ n’akwankyerɛ, na yɛdɔ no ankasa.—Yohane 14:31; Romafoɔ 6:17.

MA YEHOWA MMOA WO NA ƆMMƆ WO HO BAN

16, 17. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa adwene ansa na yɛasisi gyinae? (b) Sɛ́ anka Israelfo de wɔn ho bɛto Yehowa so no, dɛn na wɔyɛe?

16 Mmofra nkumaa hwɛ kwan sɛ wɔn awofo bɛboa wɔn na wɔabɔ wɔn ho ban. Wɔn a wɔanyinyini mpo tumi hwehwɛ mmoa fi wɔn awofo hɔ. Wɔnim sɛ wɔn ankasa bɛtumi asisi wɔn gyinae deɛ, nanso wɔn awofo bɛtumi ama wɔn afotu pa. Yɛn Agya Yehowa ama yɛn kwan ma yɛsisi yɛn ankasa gyinae. Nanso, esiane sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso na yɛdɔ no paa nti, yɛhwehwɛ ne mmoa bere nyinaa, na yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara hwehwɛ n’adwene ansa na yɛasi gyinae. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛma yɛn honhom kronkron ma aboa yɛn ma yɛayɛ nea ɛtene.—Filipifoɔ 2:13.

17 Samuel bere so no, Israelfo dii nkogu wɔ wɔne Filistifo ko bi mu. Sɛ́ anka wɔbɛbisa Yehowa nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, wɔkaa sɛ: “Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfo nsam.” Dɛn na efii mu bae? Bible ka sɛ: “Wɔkum wɔn okunkɛseɛ paa, na Israel mmarima mpem aduasa a wɔnam fam totɔeɛ. Onyankopɔn adaka no nso, wɔfaeɛ.” (1 Samuel 4:2-4, 10, 11) Ná Israelfo no susu sɛ sɛ wɔde Apam adaka no kɔ ɔko a, Yehowa bɛboa wɔn na wabɔ wɔn ho ban. Nanso, wɔansrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn, anaa wɔammisa n’adwene. Mmom no, wɔyɛɛ nea wɔsusu sɛ ɛtene, na wɔhuu amane papaapa.—Kenkan Mmebusɛm 14:12.

18. Dɛn na Bible ma wohu fa wo ho a wode bɛto Yehowa so no ho?

18 Odwontofo bi a ɔdɔ Yehowa yie a ɔde ne ho too no so kaa sɛ: “Twɛn Onyankopɔn, na mɛkamfo no bio sɛ me nkwagyeɛ kɛseɛ. O me Nyankopɔn, me kra aboto wɔ me mu. Ɛno nti na mekae woɔ.” (Dwom 42:5, 6) Saa na wote nka wɔ Yehowa ho? Wote nka sɛ wobɛn no, na wode wo ho to no so? Wobɛtumi de wo ho ato no so asen saa. Bible ka sɛ: “Fa w’akoma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntwere wo ara wo nteaseɛ. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan atene.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

19. Dɛn na wobɛyɛ ma Yehowa ahu sɛ wodɔ no?

19 Yehowa nam ɔdɔ a ɔdii kan dɔɔ yɛn no so akyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛdɔ no. Momma yɛnnwene nea Yehowa ayɛ ama yɛn ne ɔdɔ a wada no adi akyerɛ yɛn no ho bere nyinaa. Momma yɛmma ɔnhu sɛ yɛde yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ no.—Marko 12:30.