Deuteronomium 8:1-20
8 “Monhwɛ nni mmara nsɛm a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so na moatena nkwa mu,+ na mo ase atrɛw, na moakɔfa asaase a Yehowa kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no.+
2 Kae kwantenten a Yehowa wo Nyankopɔn ama woatwa wɔ sare so mfe 40 yi nyinaa,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛkyerɛ wo ahobrɛase na wasɔ wo ahwɛ+ ahu nea ɛwɔ wo komam,+ sɛ wubedi ne mmara so anaa worenni so.
3 Enti ɔmaa ɔkɔm dee wo de kyerɛɛ wo ahobrɛase.+ Afei ɔma wudii mana+ a na wo ne w’agyanom biara nhuu bi da, na woahu sɛ ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.+
4 Mfe 40 yi nyinaa wo ntaade antetew na wo nan ase antaataa.+
5 Na wunim wɔ wo komam sɛ Yehowa wo Nyankopɔn teɛɛ wo so sɛnea agya teɛ ne ba so no.+
6 “Afei di Yehowa wo Nyankopɔn mmara so. Ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wubetie no na woasuro no.
7 Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asaase pa so;+ asaase a nsubɔnten, nsuwansuwa, ne atare a efi abon ne mmepɔw mu sen wɔ so.
8 Ɛyɛ asaase a hwiit, baali,* bobe, borɔdɔma nnua, granate akutu,*+ ngodua, ne ɛwo wɔ so.+
9 Ɛyɛ asaase a ɔkɔm renne wo wɔ so na hwee renhia wo wɔ hɔ; ɛyɛ asaase a abo a ɛwɔ so no, nnade ayɛ mu ma, na wubetu kɔbere afi ne mmepɔw mu.
10 “Sɛ wudidi mee a, yi Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ sɛ wama wo asaase pa.+
11 Hwɛ yiye na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn, na woannan w’akyi ankyerɛ ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne n’ahyɛde a ɛnnɛ mede rema wo yi.
12 Sɛ wudidi mee na wusisi adan pa tena mu,+
13 na wunya anantwi ne nguan ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne agyapade pii a,
14 mma wo koma mmma ne ho so+ na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii nkoafi wɔ Egypt asaase so no.+
15 Ɔno na ɔde wo faa sare kɛse a ɛso yɛ hu so,+ sare a awɔ a bɔre wɔ wɔn ano ne nkekantwɛre wɔ so, asaase kesee a nsu nni so. Ɔmaa wo nsu fii ɔbotan a ɛyɛ den mu.+
16 Ɔno na ɔma wudii mana+ a w’agyanom nhuu bi da wɔ sare so de kyerɛɛ wo ahobrɛase+ na ɔde sɔɔ wo hwɛe sɛnea ɛbɛyɛ a daakye ebesi wo yiye.+
17 Sɛ woka wɔ wo komam sɛ, ‘Me tumi ne m’ahoɔden na ama manya me ho’ a,+
18 kae sɛ Yehowa wo Nyankopɔn na wama wo ahoɔden a wode anya wo ho.+ Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, ɔpɛ sɛ odi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛnea ɛte nnɛ yi.+
19 “Sɛ moma mo werɛ fi Yehowa mo Nyankopɔn na mukodi anyame foforo akyi na mokotow wɔn a, ɛnde ɛnnɛ midi mo adanse sɛ mo ase bɛhyew koraa.+
20 Mobɛsɛe te sɛ aman a Yehowa resɛe wɔn wɔ mo anim no, efisɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn.+