Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔtaa Wɔn Nanso Wɔwɔ Anigye

Wɔtaa Wɔn Nanso Wɔwɔ Anigye

Wɔtaa Wɔn Nanso Wɔwɔ Anigye

“[Anigye, NW] ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.”—Mateo 5:11.

1. Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo fa ɔtaa ho, na awerɛhyem bɛn na ɔde maa wɔn?

BERE a edi a kan a Yesu somaa n’asomafo no sɛ wɔnkɔyɛ Ahenni asɛmpaka adwuma no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wobehyia ɔsɔretia. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.” (Mateo 10:5-18, 22) Nanso na wadi kan ama wɔn awerɛhyem dedaw wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ, ɔsɔretia a ɛte saa no ntumi nsɛe anigye kɛse a wɔwɔ no. Nokwasɛm ne sɛ, Yesu kae mpo sɛ, ɔtaa a Kristoni bi behyia ne anigye a obenya no wɔ abusuabɔ! Ɛbɛyɛ dɛn na ɔtaa atumi de anigye aba?

Trenee Nti Wohu Amane

2. Sɛnea Yesu ne ɔsomafo Petro da no adi no, amanehunu bɛn na ɛde anigye ba?

2 Ade a ɛto so awotwe a Yesu kae sɛ ɛde anigye ba ni: ‘Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.’ (Mateo 5:10) Amanehunu ankasa nyɛ dɛ. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ anuonyam bɛn, sɛ mofom so na wɔbobɔ mo akuturuku na motɔ mo bo ase gye? Na mmom sɛ moyɛ papa na muhu amane na motɔ mo bo ase a, eyi na ɛyɛ ɔdom, Onyankopɔn anim.” Ɔsan de kaa ho sɛ: “Mommma mo mu bi nhu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa ɔdebɔneyɛfo anaa ɔsɛmpɛfo ebinom nsɛm mu. Na sɛ ohu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma ɔnhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ din yi mu.” (1 Petro 2:20; 4:15, 16) Nea Yesu nsɛm no kyerɛ ne sɛ, sɛ obi de boasetɔ gyina amanehunu a adetreneeyɛ nti ohyia no ano a, ɛma onya anigye.

3. (a) Dɛn na trenee nti a wɔtaa obi no kyerɛ? (b) Ɔtaa kaa Kristofo a wodi kan no dɛn?

3 Wogyina Onyankopɔn apɛdeyɛ ne ne mmara so na ɛkyerɛ sɛ biribi yɛ adetrenee ankasa. Ɛno nti, sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔrenyɛ nea etia Onyankopɔn gyinapɛn anaa n’ahwehwɛde na sɛ ɛno nti ohyia amanehunu a, na wɔka sɛ trenee nti wahu amane. Yuda akannifo no taa asomafo no esiane gyae a wɔannyae sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Yesu din mu nti. (Asomafo no Nnwuma 4:18-20; 5:27-29, 40) So eyi maa wɔn werɛ howee anaa ɛmaa wogyaee asɛm no ka? Dabida! “Wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. Na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” (Asomafo no Nnwuma 5:41, 42) Saa ɔtaa yi maa wonyaa anigye na ɛkanyan wɔn maa wɔyɛɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Akyiri yi, Romafo no taa Kristofo a wodi kan no esiane wɔn ho a wɔamfa anhyɛ ɔhempɔn som mu nti.

4. Nneɛma a ɛma wɔtaa Kristofo no bi ne dɛn?

4 Ɛnnɛ nso, esiane “ahenni ho asɛmpa” a Yehowa Adansefo nnyae ka nti, wɔtaa wɔn. (Mateo 24:14) Sɛ wɔbara wɔn sɛ wɔnnyɛ wɔn Kristofo nhyiam a, wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobehu amane mmom sen sɛ wobebu wɔn ani agu Bible ahyɛde a ɛka sɛ wonhyiam no so. (Hebrifo 10:24, 25) Esiane ɔfã biara a wonni sɛ Kristofo ne mogya a wɔmfa nni dwuma nti, wɔtaa wɔn. (Yohane 17:14; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Nanso, nneɛma a ɛteɛ a ɛtete saa a Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ no ma wonya asomdwoe ne anigye ankasa.—1 Petro 3:14.

Wɔbɔ Wɔn Ahohora Kristo Nti

5. Dɛn titiriw nti na wɔtaa Yehowa nkoa nnɛ?

5 Ade a ɛto so akron a Yesu kaa ho asɛm wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ ɛde anigye ba no nso fa ɔtaa ho. Ɔkae sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.” (Mateo 5:11, NW) Ade titiriw nti a wɔtaa Yehowa nkoa ne sɛ wɔnyɛ wiase bɔne yi fã. Yesu see n’asuafo no sɛ: “Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm. Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã, na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.” (Yohane 15:19, NW) Ɔsomafo Petro nso kae sɛ: “Ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu, na wɔka ho nsɛmmɔne.”—1 Petro 4:4.

6. (a) Dɛn nti na wɔbɔ nkaefo no ne wɔn ayɔnkofo no ahohora na wɔtaa wɔn? (b) So ahohorabɔ a ɛte saa no sɛe yɛn anigye?

6 Yɛadi kan ahu sɛ esiane sɛ Kristofo a wodi kan no annyae sɛ wɔbɛkasa Kristo din mu nti, wɔtaa wɔn. Kristo hyɛɛ n’akyidifo sɛ: ‘Mobɛyɛ m’adansefo de akɔpem asase ano nohoa.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) “Nnipakuw kɛse” no aboa Kristo nuanom anokwafo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no ma wɔde nnamyɛ ayɛ saa adwuma no. (Adiyisɛm 7:9) Eyi nti, Satan ne ‘ɔbea no, Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no, asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse’ adwuma mu no di ako. (Adiyisɛm 12:9, 17) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yedi Yesu, nea mprempren wɔde no asi agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni nniso no so Hene no ho adanse. Saa Ahenni no bɛsɛe nnipa nniso a ɛmpɛ sɛ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu ba no. (Daniel 2:44; 2 Petro 3:13) Eyi nti na wɔtaa yɛn, nanso yɛn ani gye sɛ Kristo din nti yɛrehu amane.—1 Petro 4:14.

7, 8. Atosɛm bɛn na asɔretiafo ka faa Kristofo a wodi kan no ho?

7 Yesu kae sɛ, sɛ nkurɔfo di ‘atoro ka asɛmmɔne biara’ to n’akyidifo so ne din nti a, wɔmma wɔn ani nnye. (Mateo 5:11) Saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛɛ Kristofo a wodi kan no. Bere a wɔde ɔsomafo Paulo too afiase wɔ Roma wɔ bɛyɛ afe 59 kosi afe 61 Y.B. no, Yuda akannifo no ka faa Kristofo no ho sɛ: “Fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Wɔbɔɔ Paulo ne Silas sobo sɛ “wɔadan wiase ani” na ‘wobu ɔhempɔn mmara so.’—Asomafo no Nnwuma 17:6, 7.

8 Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo K. S. Latourette rekyerɛw Kristofo a wɔtraa ase bere a na Roma Ahemman di tumi no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ná wɔbɔ wɔn sobo wɔ nneɛma pii ho. Esiane sɛ na Kristofo no mfa wɔn ho nhyɛ abosonsomfo afahyɛ mu nti, na nkurɔfo ka sɛ wonnye Onyankopɔn nni. Wɔn ho a wɔtwe fii nneɛma a na ɔmanfo yɛ de gyigye wɔn ani mu no maa wodii wɔn ho fɛw sɛ wɔmpɛ nnipa. . . . Wɔkae sɛ na mmarima ne mmea hyia anadwo . . . de wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. . . . Esiane sɛ na gyidifo no nkutoo na na wohyia hyɛ [Kristo Nkaedi] no ho fã nti, na wɔka no huhuhuhu sɛ Kristofo no taa hyia kunkum mmofra nom wɔn mogya we wɔn nam.” Bio nso, esiane sɛ Kristofo no amfa wɔn ho anhyɛ ɔhempɔn som mu nti, wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔnyɛ ɔmamma pa.

9. Afeha a edi kan no mu Kristofo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ atoro sobo a wɔbɔɔ wɔn no ho, na tebea no te dɛn nnɛ?

9 Atoro sobo a ɛtete saa no amma tete Kristofo no annyae Ahenni ho asɛmpaka adwuma no. Paulo tumi kae mpo wɔ afe 60 kosi afe 61 Y.B. mu sɛ, ‘asɛmpa no resow aba na ɛkɔ so nyin wɔ wiase nyinaa’ na “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:5, 6, 23) Tebea no nsesae nnɛ. Sɛnea wɔyɛɛ afeha a edi kan Kristofo no, saa ara na nnɛ nso wɔbɔ Yehowa Adansefo atoro sobo. Nanso Ahenni asɛmpaka adwuma no rekɔ so a adagyew nnim koraa, na ɛde anigye kɛse brɛ wɔn a wɔreyɛ no.

Wɔn Ani Gye sɛ Wɔtaa Wɔn sɛ Adiyifo No

10, 11. (a) Yesu de ade a ɛto so akron a ɛde anigye ba no ho asɛm baa awiei dɛn? (b) Dɛn nti na wɔtaa adiyifo no? Ma nhwɛso ahorow.

10 Yesu de ade a ɛto so akron a ɛde anigye ba no ho asɛm baa awiei sɛ: ‘Momma mo ani nnye na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.’ (Mateo 5:12) Israelfo a na wonni nokware no yɛɛ adiyifo a Yehowa somaa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ no ayayade, na wɔde ɔtaa baa wɔn so mpɛn pii nso. (Yeremia 7:25, 26) Ɔsomafo Paulo dii eyi ho adanse bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛdɛn na menka bio? Na sɛ mereka . . . adiyifo ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me. Wɔn na wɔnam gyidi so. . . huu animguase ne ɔhwe, mpokyerɛ ne duam nna nso.”—Hebrifo 11:32-38.

11 Bere a na ɔhemmɔne Ahab ne ne yere Isebel di ade no, wɔde afoa kunkum Yehowa adiyifo pii. (1 Ahene 18:4, 13; 19:10) Wɔde odiyifo Yeremia bɔɔ duam na akyiri yi wɔtoo no kyenee abura bi a na atɛkyɛ ayɛ mu ma mu. (Yeremia 20:1, 2; 38:6) Wɔde odiyifo Daniel kɔtoo agyata amoa mu. (Daniel 6:16, 17) Ɛyɛ gyina a adiyifo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no gyinaa Yehowa nokware som akyi nti na wɔtaa wɔn. Adiyifo no pii hyiaa ɔtaa wɔ Yuda akannifo no nsa ano. Ɛno nti na Yesu frɛɛ akyerɛwfo ne Farisifo no sɛ “wɔn a wokum adiyifo no mma” no.—Mateo 23:31.

12. Dɛn nti na yɛn sɛ Yehowa Adansefo no yɛte nka sɛ ɛyɛ hokwan sɛ wɔbɛtaa yɛn sɛ tete adiyifo no?

12 Ɛnnɛ nso, esiane nsi a yɛn Yehowa Adansefo de ka Ahenni no ho asɛmpa nti, wɔtaa yɛn. Yɛn atamfo no bɔ yɛn sobo sɛ yɛnam “anuɔden so na ɛsakra nkurɔfo.” Nanso yenim sɛ wɔbɔɔ Yehowa nokware asomfo a wɔtraa ase tete mmere mu no sobo a ɛte saa ara. (Yeremia 11:21; 20:8, 11) Yebu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ ade a ɛmaa adiyifo anokwafo no huu amane no ara bi nti na yɛn nso yɛrehu amane. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae [Yehowa, NW] din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ. Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo [anigyefo, NW].”—Yakobo 5:10, 11.

Ade Titiriw Nti a Yenya Anigye

13. (a) Dɛn nti na ɔtaa mmu yɛn abam? (b) Dɛn na ɛma yetumi gyina pintinn, na eyi di dɛn ho adanse?

13 Sɛ́ anka ɔtaa bɛma yɛn abam abu no, nim a yenim sɛ yedi adiyifo no, Kristofo a wodi kan, ne Kristo Yesu ankasa anammɔn akyi no ma yenya anigye. (1 Petro 2:21) Yenya abotɔyam kɛse fi Kyerɛwnsɛm no mu, te sɛ ɔsomafo Petro nsɛm a edi so yi: “Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforo, te sɛ ade foforo bi na ɛyɛ mo; sɛ wɔyaw mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, efisɛ anuonyam ne Onyankopɔn honhom wɔ mo so.” (1 Petro 4:12, 14) Osuahu a yɛanya no da no adi sɛ Yehowa honhom a ɛwɔ yɛn so na ɛhyɛ yɛn den no nti na yetumi gyina pintinn wɔ ɔtaa mu. Honhom kronkron a ɛboa yɛn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyira yɛn. Eyi ma yenya anigye kɛse.—Dwom 5:12; Filipifo 1:27-29.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya anigye sɛ trenee nti wɔtaa yɛn?

14 Ade foforo nti a sɛ trenee nti wɔsɔre tia yɛn na wɔtaa yɛn a yenya anigye ne sɛ, ɛma yehu sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo a wɔde nyamesom pa tra ase. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:12) Sɛ yesusuw asɛm a ɛne sɛ, sɛ yegyina pintinn wɔ sɔhwɛ mu a, ɛma wotumi bua Satan sɛ ɛnyɛ nokware sɛ ɛyɛ nea Yehowa abɔde nya fi Ne nkyɛn nti na wɔsom no no ho a, ɛma yenya anigye mmoroso. (Hiob 1:9-11; 2:3, 4) Ɛwom sɛ ɔfã a yɛwɔ wɔ Yehowa tumidi a wɔbɛsan ho mu no sua de, nanso yedi ahurusi sɛ yenya mu kyɛfa kakra.—Mmebusɛm 27:11.

Mo Ho Nsɛpɛw Mo Akatua no Nti

15, 16. (a) Dɛn nti na Yesu kae sɛ ‘yɛmma yɛn ani nnye na yɛn ho nsɛpɛw yɛn’? (b) Akatua bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no benya wɔ soro, na wɔn ayɔnkofo “nguan foforo” no nso benya akatua bɛn?

15 Bere a Yesu de ade a ɛto so akron a enti ɛsɛ sɛ yenya anigye no reba awiei no, ɔkaa ade afoforo nti a sɛ wɔbɔ yɛn ahohora na wɔtaa yɛn sɛ adiyifo no a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye no ho asɛm. Ɔkae sɛ: ‘Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua sõ ɔsoro.’ (Mateo 5:12) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23) Yiw, ‘akatua a ɛsõ’ no ne nkwa, nanso ɛnyɛ adwuma bi a yɛatumi ayɛ nti na wɔde bɛma yɛn. Ɛyɛ akyɛde ara kwa. Nea enti a Yesu kae sɛ akatua no wɔ “ɔsoro” ne sɛ Yehowa na ɔde ma.

16 “Nkwa abotiri” a wɔn a wɔasra wɔn no benya no bɛma wɔne Kristo atra ase daa wɔ soro a wɔrenwu da. (Yakobo 1:12, 17) “Nguan foforo” no wɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 21:3-5) Nanso ɛnyɛ adwuma bi a akuw abien no mu biara ayɛ nti na wobenya saa “akatua” no. Ɛyɛ Yehowa “dom a aboro so agu” wɔn so no nti na “nguan foforo” no ne wɔn a wɔasra wɔn no benya saa akatua no. Eyi kaa Paulo koma ma ɔkae sɛ: “Aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea no nti.”—2 Korintofo 9:14, 15.

17. Dɛn nti na yɛn ani betumi agye na ‘yɛn ho asɛpɛw yɛn’ bere a wɔtaa yɛn no?

17 Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na ɛrenkyɛ na Ɔhempɔn Nero atan wɔn mu binom ani atirimmɔden so no sɛ: “Yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu de anidaso ba; na anidaso nhyɛ aniwu.” Ɔsan kae sɛ: “Momma mo ani nnye anidaso mu, ahohia mu montɔ mo bo ase.” (Romafo 5:3-5; 12:12) Sɛ́ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaasɛ yɛbɛtra asase so no, akatua a yenya bere a yɛagyina sɔhwɛ ano no so sen nea ɛfata yɛn. Anigye a yenya sɛ yebetumi atra ase daa asom Yehowa wɔ Ɔhene Yesu Kristo tumidi ase no nni kabea. Yiw, ‘yɛn ho sɛpɛw yɛn.’

18. Sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei du a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ amanaman no bɛyɛ, na dɛn na Yehowa nso bɛyɛ?

18 Wɔ aman bi so no, wɔataa Yehowa Adansefo na wɔda so ara taa wɔn. Bere a Yesu rehyɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho nkɔm no, ɔbɔɔ nokware Kristofo kɔkɔ sɛ: ‘Me din nti aman nyinaa bɛtan mo.’ (Mateo 24:9) Sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei du a, Satan bɛma amanaman no atan Yehowa nkoa. (Hesekiel 38:10-12, 14-16) Ɛno bɛma Yehowa ayɛ biribi. Yehowa ka sɛ: “Mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahu sɛ mene [Yehowa, NW].” (Hesekiel 38:23) Yehowa nam saa kwan no so bɛtew ne din ho na wagye ne nkoa afi ɔtaa mu. Ɛno nti, “[anigye, NW] ne onipa a ɔtɔ ne bo ase” anaa ɔkɔ so gyina tebea biara ano.—Yakobo 1:12.

19. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ dɛn bere a yɛretwɛn ‘Yehowa da’ kɛse no?

19 Bere a ‘Yehowa da’ kɛse no rebɛn no, momma yɛn ani nnye sɛ Yesu din nti, ‘wɔabu yɛn sɛ yɛsɛ sɛ wɔbɔ yɛn ahohora.’ (2 Petro 3:10-13; Asomafo no Nnwuma 5:41) Bere a yɛretwɛn sɛ yebenya akatua wɔ Yehowa wiase foforo a trenee te mu no mu no, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ yɛn ade te sɛ Kristofo a wodi kan no, na ‘yɛakɔ so aka Yesu Kristo ho asɛmpa no na yɛakyerɛkyerɛ’ N’ahenni nniso no ho ade daa.—Asomafo no Nnwuma 5:42; Yakobo 5:11.

Ntimu

• Dɛn na amane a trenee nti obi hu no kyerɛ?

• Ɔtaa kaa Kristofo a wodi kan no dɛn?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔtaa Yehowa Adansefo sɛ tete adiyifo no ara?

• Dɛn nti na yebetumi ama yɛn ‘ani agye na yɛn ho asɛpɛw yɛn’ sɛ wɔtaa yɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

‘Anigye ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo’

[Asɛm Fibea]

Anuanom a wogu afiase: Chicago Herald-American