Ahene Nhoma a Edi Kan 19:1-21

  • Yesebel abufuw nti, Elia guanee (1-8)

  • Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Elia wɔ Horeb (9-14)

  • Wɔka kyerɛɛ Elia sɛ ɔnkɔsra Hasael, Yehu, ne Elisa (15-18)

  • Wɔpaw Elisa sɛ onsi Elia ananmu (19-21)

19  Ahab+ kɔkaa nea Elia ayɛ nyinaa ne sɛnea ɔde sekan akunkum adiyifo no nyinaa+ kyerɛɛ Yesebel.+ 2  Ɛnna Yesebel tuu ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ Elia sɛ: “Sɛ ebedu ɔkyena sesɛɛ na memma wonyɛɛ sɛ wɔn* a, anyame no ntua me ka na wɔmfa bi nka ho!” 3  Ɛmaa ehu kaa no, enti oguan peree ne nkwa.*+ Okopuee Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so, na ogyaw ne somfo no wɔ hɔ.+ 4  Ɔde n’ani kyerɛɛ sare so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase. Afei ɔsrɛe sɛ onwu.* Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me nkwa* fi me nsam,+ na mensen m’agyanom.” 5  Afei ɔdan ne ho too hɔ, na ɔfaa mu dae wɔ sisia dua no ase. Ɛnna ɔbɔfo bi de ne nsa bɛkaa no+ frɛɛ no sɛ: “Sɔre didi.”+ 6  Ɔtoo n’ani hwɛɛ n’atifi no, ohui sɛ paanoo kurukuruwa bi da abo hyehyeehyew so na nsu toa nso si ho. Odidi nomee, na ɔsan dan ne ho too hɔ. 7  Akyiri yi, Yehowa bɔfo no san bae ne mprenu so, na ɔde ne nsa kaa no kae sɛ: “Sɔre didi, na wowɔ kwan twa.” 8  Enti ɔsɔre didi nomee, na ɔde ahoɔden a onya fii aduan no mu no twaa kwan nnafua 40, awia ne anadwo; ɔkɔe ara koduu nokware Nyankopɔn no bepɔw Horeb so.+ 9  Ɛhɔ na ɔkɔɔ ɔbodan bi mu+ kɔdaa hɔ anadwo no; na hwɛ! Yehowa bisaa no wɔ hɔ sɛ: “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?” 10  Ɛnna ɔkae sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa,+ efisɛ Israelfo agyaw w’apam,+ na w’afɔremuka nso, wɔadwiriw agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifo,+ na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afi me nsam.”+ 11  Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Pue kogyina Yehowa anim wɔ bepɔw no so.” Na hwɛ, ná Yehowa retwam,+ na mframa kɛse a ano yɛ den di Yehowa anim repaapae mmepɔw bubu abotan,+ nanso na Yehowa nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asaase wosowee,+ nanso na Yehowa nni asaasewosow no mu. 12  Asaasewosow no akyi no, ogya bae,+ nanso na Yehowa nni ogya no mu. Ogya no akyi no, ɛnne bi kasae brɛoo.+ 13  Bere a Elia tee no, ɛhɔ ara na ɔde n’ataade* kataa n’anim,+ na opue kogyinaa ɔbodan no ano. Afei ɛnne bi bisaa no sɛ: “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?” 14  Ɛnna ɔkae sɛ: “Mako ama asafo Nyankopɔn Yehowa, efisɛ Israelfo agyaw w’apam,+ na w’afɔremuka nso, wɔadwiriw agu. Wɔde sekan akunkum w’adiyifo, na me nko ara na maka. Me nso, wɔrepɛ agye me nkwa* afi me nsam.”+ 15  Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi, na sim kɔ Damasko sare so. Wudu hɔ a, sra Hasael+ na si no hene wɔ Siria so. 16  Afei nso, sra Nimsi banana Yehu+ na si no hene wɔ Israel so, na Safat ba Elisa* a ofi Abel-Mehola nso, sra no yɛ no odiyifo a obesi w’ananmu.+ 17  Obiara a obeguan Hasael sekan no,+ Yehu bekum no,+ na obiara a obeguan Yehu sekan nso, Elisa bekum no.+ 18  Afei nso, meda so ara wɔ nnipa 7,000 wɔ Israel+ a wommuu nkotodwe nsom Baal,+ na womfew n’ano.”+ 19  Enti ofii hɔ kɔe, na okohuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum asaase. Ná anantwi mpamho* 12 di n’anim, na ɔne nea ɛto so 12 no na ɛnam. Ɛnna Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtow n’ataade*+ guu no so. 20  Ɛhɔ ara na ogyaw anantwi no hɔ tuu mmirika dii Elia akyi kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma minkofew me papa ne me maame ano mfa nkra wɔn ansa na mabedi w’akyi.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ bra; minsiw wo kwan.” 21  Enti ɔkɔe, na ɔfaa anantwi no abien kum wɔn,* na ɔde nnua a na esuso anantwi no mu yɛɛ anyina noaa wɔn nam, na ɔde maa nkurɔfo no ma wodii. Ɛno akyi no, ɔsɔre kodii Elia akyi, na ɔsom no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “memmaa wo kra nyɛɛ sɛ wɔn mu baako kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “ne kra nwu.”
Anaa “me kra.”
Anaa “me kra.”
Anaa “ne diyifo ataade.”
Anaa “me kra.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Ne Nkwagye.”
Anaa “anantwi abien abien.”
Anaa “ne diyifo ataade.”
Nt., “de bɔɔ afɔre.”